Philippians 1 (BOATCB)
1 Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa: 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 3 Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4 Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, 5 ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6 Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no. 7 Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8 Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu. 9 Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu, 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no. 12 Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ. 13 Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee. 15 Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase. 17 Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu. 18 Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19 ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. 20 Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. 21 Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. 22 Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23 Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; 24 nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25 Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ. 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban. 27 Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho. 28 Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso. 30 Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.
In Other Versions
Philippians 1 in the ANGEFD
Philippians 1 in the ANTPNG2D
Philippians 1 in the AS21
Philippians 1 in the BAGH
Philippians 1 in the BBPNG
Philippians 1 in the BBT1E
Philippians 1 in the BDS
Philippians 1 in the BEV
Philippians 1 in the BHAD
Philippians 1 in the BIB
Philippians 1 in the BLPT
Philippians 1 in the BNT
Philippians 1 in the BNTABOOT
Philippians 1 in the BNTLV
Philippians 1 in the BOATCB2
Philippians 1 in the BOBCV
Philippians 1 in the BOCNT
Philippians 1 in the BOECS
Philippians 1 in the BOGWICC
Philippians 1 in the BOHCB
Philippians 1 in the BOHCV
Philippians 1 in the BOHLNT
Philippians 1 in the BOHNTLTAL
Philippians 1 in the BOICB
Philippians 1 in the BOILNTAP
Philippians 1 in the BOITCV
Philippians 1 in the BOKCV
Philippians 1 in the BOKCV2
Philippians 1 in the BOKHWOG
Philippians 1 in the BOKSSV
Philippians 1 in the BOLCB
Philippians 1 in the BOLCB2
Philippians 1 in the BOMCV
Philippians 1 in the BONAV
Philippians 1 in the BONCB
Philippians 1 in the BONLT
Philippians 1 in the BONUT2
Philippians 1 in the BOPLNT
Philippians 1 in the BOSCB
Philippians 1 in the BOSNC
Philippians 1 in the BOTLNT
Philippians 1 in the BOVCB
Philippians 1 in the BOYCB
Philippians 1 in the BPBB
Philippians 1 in the BPH
Philippians 1 in the BSB
Philippians 1 in the CCB
Philippians 1 in the CUV
Philippians 1 in the CUVS
Philippians 1 in the DBT
Philippians 1 in the DGDNT
Philippians 1 in the DHNT
Philippians 1 in the DNT
Philippians 1 in the ELBE
Philippians 1 in the EMTV
Philippians 1 in the ESV
Philippians 1 in the FBV
Philippians 1 in the FEB
Philippians 1 in the GGMNT
Philippians 1 in the GNT
Philippians 1 in the HARY
Philippians 1 in the HNT
Philippians 1 in the IRVA
Philippians 1 in the IRVB
Philippians 1 in the IRVG
Philippians 1 in the IRVH
Philippians 1 in the IRVK
Philippians 1 in the IRVM
Philippians 1 in the IRVM2
Philippians 1 in the IRVO
Philippians 1 in the IRVP
Philippians 1 in the IRVT
Philippians 1 in the IRVT2
Philippians 1 in the IRVU
Philippians 1 in the ISVN
Philippians 1 in the JSNT
Philippians 1 in the KAPI
Philippians 1 in the KBT1ETNIK
Philippians 1 in the KBV
Philippians 1 in the KJV
Philippians 1 in the KNFD
Philippians 1 in the LBA
Philippians 1 in the LBLA
Philippians 1 in the LNT
Philippians 1 in the LSV
Philippians 1 in the MAAL
Philippians 1 in the MBV
Philippians 1 in the MBV2
Philippians 1 in the MHNT
Philippians 1 in the MKNFD
Philippians 1 in the MNG
Philippians 1 in the MNT
Philippians 1 in the MNT2
Philippians 1 in the MRS1T
Philippians 1 in the NAA
Philippians 1 in the NASB
Philippians 1 in the NBLA
Philippians 1 in the NBS
Philippians 1 in the NBVTP
Philippians 1 in the NET2
Philippians 1 in the NIV11
Philippians 1 in the NNT
Philippians 1 in the NNT2
Philippians 1 in the NNT3
Philippians 1 in the PDDPT
Philippians 1 in the PFNT
Philippians 1 in the RMNT
Philippians 1 in the SBIAS
Philippians 1 in the SBIBS
Philippians 1 in the SBIBS2
Philippians 1 in the SBICS
Philippians 1 in the SBIDS
Philippians 1 in the SBIGS
Philippians 1 in the SBIHS
Philippians 1 in the SBIIS
Philippians 1 in the SBIIS2
Philippians 1 in the SBIIS3
Philippians 1 in the SBIKS
Philippians 1 in the SBIKS2
Philippians 1 in the SBIMS
Philippians 1 in the SBIOS
Philippians 1 in the SBIPS
Philippians 1 in the SBISS
Philippians 1 in the SBITS
Philippians 1 in the SBITS2
Philippians 1 in the SBITS3
Philippians 1 in the SBITS4
Philippians 1 in the SBIUS
Philippians 1 in the SBIVS
Philippians 1 in the SBT
Philippians 1 in the SBT1E
Philippians 1 in the SCHL
Philippians 1 in the SNT
Philippians 1 in the SUSU
Philippians 1 in the SUSU2
Philippians 1 in the SYNO
Philippians 1 in the TBIAOTANT
Philippians 1 in the TBT1E
Philippians 1 in the TBT1E2
Philippians 1 in the TFTIP
Philippians 1 in the TFTU
Philippians 1 in the TGNTATF3T
Philippians 1 in the THAI
Philippians 1 in the TNFD
Philippians 1 in the TNT
Philippians 1 in the TNTIK
Philippians 1 in the TNTIL
Philippians 1 in the TNTIN
Philippians 1 in the TNTIP
Philippians 1 in the TNTIZ
Philippians 1 in the TOMA
Philippians 1 in the TTENT
Philippians 1 in the UBG
Philippians 1 in the UGV
Philippians 1 in the UGV2
Philippians 1 in the UGV3
Philippians 1 in the VBL
Philippians 1 in the VDCC
Philippians 1 in the YALU
Philippians 1 in the YAPE
Philippians 1 in the YBVTP
Philippians 1 in the ZBP