Psalms 110 (BOATCB)
undefined Dawid dwom. 1 AWURADE ka kyerɛɛ me Wura sɛ,“Tena me nifa sokɔsi sɛ mede wʼatamfoɔbɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” 2 AWURADE bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. 3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma muɛda a wobɛkɔ sa.Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛna wo mmabunu bɛba wo nkyɛnsɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. 4 AWURADE aka ntamna ɔrensesa nʼadwene:“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔte sɛ Melkisedek sɛso.” 5 AWURADE wɔ wo nifa so;ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuoenti ɔbɛdi nkonim.Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.