Psalms 110 (BOATCB2)
undefined Dawid dwom. 1 AWURADE ka kyerɛɛ me Wura se,“Tena me nifa sokosi sɛ mede wʼatamfobɛyɛ wʼanan ase ntiaso.” 2 AWURADE bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;na wubedi hene wɔ wʼatamfo so. 3 Wʼasraafo beyi wɔn koma muda a wobɛkɔ ɔsa.Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradena wo mmabun bɛba wo nkyɛnsɛnea obosu gugu anɔpahema. 4 AWURADE aka ntamna ɔrensesa nʼadwene:“Woyɛ daapem sɔfosɛ Melkisedek sɛso.” 5 AWURADE wɔ wo nifa so;ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no. 6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa. 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsuenti obedi nkonim.Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.