Psalms 124 (BOATCB)
undefined Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Sɛ anka AWURADE nni yɛn afa a,ma Israel nka. 2 Sɛ anka AWURADE nni yɛn afaɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, 3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,anka wɔmenee yɛn anikann; 4 anka nsuyire no bu faa yɛn so,anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, 5 anka nsuo a ano yɛ den noafa yɛn kɔ. 6 Nkamfoɔ nka AWURADE awɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. 7 Yɛadwane sɛ anomaaafiri afirisumfoɔ afidie mu;afidie no mu abubu,ama yɛanya ɛkwan adwane. 8 Yɛn mmoa wɔ AWURADE din mu,ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.