Psalms 78 (BOATCB)

undefined Asaf dwom. 1 Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm. 2 Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no, 3 nneɛma a yɛate na yɛahunu;nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn. 4 Yɛremfa nkame wɔn mma;yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; AWURADE nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no. 5 Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakobna ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananomsɛ wɔnkyerɛ wɔn mma, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsuampo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma. 7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so. 8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛna woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no. 9 Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ; 10 Wɔanni Onyankopɔn apam no sowɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. 11 Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no. 12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom animwɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. 13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo. 14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awiana ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa. 15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so,na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo; 16 Ɔmaa asutire firii abotan muna ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene. 17 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so. 18 Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;wɔbisaa aduane a wɔpɛ. 19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa? 20 Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,na nsuwa bebree tenee hɔ.Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?” 21 Ɛberɛ a AWURADE tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;ne ogya bɛguu Yakob so,na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel, 22 ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidieanaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ. 23 Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;na ɔbuee ɔsorosoro apono. 24 Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni,ɔmaa wɔn ɔsoro aduane. 25 Nnipa dii abɔfoɔ aduane;ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa. 26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa. 27 Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea. 28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,ne wɔn ntomadan ho nyinaa. 29 Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn soɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ. 30 Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no, 31 Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mutwitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ. 32 Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni. 33 Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuroyɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu. 34 Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no,na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn. 35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ. 36 Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no; 37 wɔn akoma anni no nokorɛ,na wɔanni nʼapam no so. 38 Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔna wansɛe wɔn.Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo sona wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa. 39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi. 40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ,na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so? 41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo. 42 Wɔn werɛ firii ne tumi no,ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no, 43 ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim none nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no. 44 Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya;wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo. 45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔnna mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase. 46 Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduanena ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ. 47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobena ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua. 48 Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwieɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa. 49 Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,abufuo, anibereɛ ne ahohia;abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no. 50 Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo;na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔnmmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm. 51 Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa,Ham ntomadan mu nnipa mu abakan. 52 Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo;ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so. 53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so. 54 Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no. 55 Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim nona ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu. 56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛna wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;na wɔanni ne mmara so. 57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe. 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuona wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den. 59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;na ɔpoo Israel korakora. 60 Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔntomadan a wasi wɔ nnipa mu no. 61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam. 62 Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie. 63 Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto; 64 Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,na wɔn akunafoɔ antumi ansu. 65 Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. 66 Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ. 67 Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,na wamfa Efraim abusuakuo no nso; 68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no. 69 Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,te sɛ asase a ɛtim hɔ daa. 70 Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid;ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu 71 firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛsɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob,mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ. 72 Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn sona ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.

In Other Versions

Psalms 78 in the ANGEFD

Psalms 78 in the ANTPNG2D

Psalms 78 in the AS21

Psalms 78 in the BAGH

Psalms 78 in the BBPNG

Psalms 78 in the BBT1E

Psalms 78 in the BDS

Psalms 78 in the BEV

Psalms 78 in the BHAD

Psalms 78 in the BIB

Psalms 78 in the BLPT

Psalms 78 in the BNT

Psalms 78 in the BNTABOOT

Psalms 78 in the BNTLV

Psalms 78 in the BOATCB2

Psalms 78 in the BOBCV

Psalms 78 in the BOCNT

Psalms 78 in the BOECS

Psalms 78 in the BOGWICC

Psalms 78 in the BOHCB

Psalms 78 in the BOHCV

Psalms 78 in the BOHLNT

Psalms 78 in the BOHNTLTAL

Psalms 78 in the BOICB

Psalms 78 in the BOILNTAP

Psalms 78 in the BOITCV

Psalms 78 in the BOKCV

Psalms 78 in the BOKCV2

Psalms 78 in the BOKHWOG

Psalms 78 in the BOKSSV

Psalms 78 in the BOLCB

Psalms 78 in the BOLCB2

Psalms 78 in the BOMCV

Psalms 78 in the BONAV

Psalms 78 in the BONCB

Psalms 78 in the BONLT

Psalms 78 in the BONUT2

Psalms 78 in the BOPLNT

Psalms 78 in the BOSCB

Psalms 78 in the BOSNC

Psalms 78 in the BOTLNT

Psalms 78 in the BOVCB

Psalms 78 in the BOYCB

Psalms 78 in the BPBB

Psalms 78 in the BPH

Psalms 78 in the BSB

Psalms 78 in the CCB

Psalms 78 in the CUV

Psalms 78 in the CUVS

Psalms 78 in the DBT

Psalms 78 in the DGDNT

Psalms 78 in the DHNT

Psalms 78 in the DNT

Psalms 78 in the ELBE

Psalms 78 in the EMTV

Psalms 78 in the ESV

Psalms 78 in the FBV

Psalms 78 in the FEB

Psalms 78 in the GGMNT

Psalms 78 in the GNT

Psalms 78 in the HARY

Psalms 78 in the HNT

Psalms 78 in the IRVA

Psalms 78 in the IRVB

Psalms 78 in the IRVG

Psalms 78 in the IRVH

Psalms 78 in the IRVK

Psalms 78 in the IRVM

Psalms 78 in the IRVM2

Psalms 78 in the IRVO

Psalms 78 in the IRVP

Psalms 78 in the IRVT

Psalms 78 in the IRVT2

Psalms 78 in the IRVU

Psalms 78 in the ISVN

Psalms 78 in the JSNT

Psalms 78 in the KAPI

Psalms 78 in the KBT1ETNIK

Psalms 78 in the KBV

Psalms 78 in the KJV

Psalms 78 in the KNFD

Psalms 78 in the LBA

Psalms 78 in the LBLA

Psalms 78 in the LNT

Psalms 78 in the LSV

Psalms 78 in the MAAL

Psalms 78 in the MBV

Psalms 78 in the MBV2

Psalms 78 in the MHNT

Psalms 78 in the MKNFD

Psalms 78 in the MNG

Psalms 78 in the MNT

Psalms 78 in the MNT2

Psalms 78 in the MRS1T

Psalms 78 in the NAA

Psalms 78 in the NASB

Psalms 78 in the NBLA

Psalms 78 in the NBS

Psalms 78 in the NBVTP

Psalms 78 in the NET2

Psalms 78 in the NIV11

Psalms 78 in the NNT

Psalms 78 in the NNT2

Psalms 78 in the NNT3

Psalms 78 in the PDDPT

Psalms 78 in the PFNT

Psalms 78 in the RMNT

Psalms 78 in the SBIAS

Psalms 78 in the SBIBS

Psalms 78 in the SBIBS2

Psalms 78 in the SBICS

Psalms 78 in the SBIDS

Psalms 78 in the SBIGS

Psalms 78 in the SBIHS

Psalms 78 in the SBIIS

Psalms 78 in the SBIIS2

Psalms 78 in the SBIIS3

Psalms 78 in the SBIKS

Psalms 78 in the SBIKS2

Psalms 78 in the SBIMS

Psalms 78 in the SBIOS

Psalms 78 in the SBIPS

Psalms 78 in the SBISS

Psalms 78 in the SBITS

Psalms 78 in the SBITS2

Psalms 78 in the SBITS3

Psalms 78 in the SBITS4

Psalms 78 in the SBIUS

Psalms 78 in the SBIVS

Psalms 78 in the SBT

Psalms 78 in the SBT1E

Psalms 78 in the SCHL

Psalms 78 in the SNT

Psalms 78 in the SUSU

Psalms 78 in the SUSU2

Psalms 78 in the SYNO

Psalms 78 in the TBIAOTANT

Psalms 78 in the TBT1E

Psalms 78 in the TBT1E2

Psalms 78 in the TFTIP

Psalms 78 in the TFTU

Psalms 78 in the TGNTATF3T

Psalms 78 in the THAI

Psalms 78 in the TNFD

Psalms 78 in the TNT

Psalms 78 in the TNTIK

Psalms 78 in the TNTIL

Psalms 78 in the TNTIN

Psalms 78 in the TNTIP

Psalms 78 in the TNTIZ

Psalms 78 in the TOMA

Psalms 78 in the TTENT

Psalms 78 in the UBG

Psalms 78 in the UGV

Psalms 78 in the UGV2

Psalms 78 in the UGV3

Psalms 78 in the VBL

Psalms 78 in the VDCC

Psalms 78 in the YALU

Psalms 78 in the YAPE

Psalms 78 in the YBVTP

Psalms 78 in the ZBP