Romans 1 (BOATCB)

1 Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. 2 Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu. 3 Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. 4 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu. 5 Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. 6 Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi. 7 Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa. 9 Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. 10 Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara. 11 Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den. 13 Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no. 14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie. 15 Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. 16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. 17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. 18 Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. 19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. 20 Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. 21 Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22 Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ. 23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn. 24 Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen. 26 Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. 27 Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. 28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. 29 Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro, 30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm. 31 Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ. 32 Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.

In Other Versions

Romans 1 in the ANGEFD

Romans 1 in the ANTPNG2D

Romans 1 in the AS21

Romans 1 in the BAGH

Romans 1 in the BBPNG

Romans 1 in the BBT1E

Romans 1 in the BDS

Romans 1 in the BEV

Romans 1 in the BHAD

Romans 1 in the BIB

Romans 1 in the BLPT

Romans 1 in the BNT

Romans 1 in the BNTABOOT

Romans 1 in the BNTLV

Romans 1 in the BOATCB2

Romans 1 in the BOBCV

Romans 1 in the BOCNT

Romans 1 in the BOECS

Romans 1 in the BOGWICC

Romans 1 in the BOHCB

Romans 1 in the BOHCV

Romans 1 in the BOHLNT

Romans 1 in the BOHNTLTAL

Romans 1 in the BOICB

Romans 1 in the BOILNTAP

Romans 1 in the BOITCV

Romans 1 in the BOKCV

Romans 1 in the BOKCV2

Romans 1 in the BOKHWOG

Romans 1 in the BOKSSV

Romans 1 in the BOLCB

Romans 1 in the BOLCB2

Romans 1 in the BOMCV

Romans 1 in the BONAV

Romans 1 in the BONCB

Romans 1 in the BONLT

Romans 1 in the BONUT2

Romans 1 in the BOPLNT

Romans 1 in the BOSCB

Romans 1 in the BOSNC

Romans 1 in the BOTLNT

Romans 1 in the BOVCB

Romans 1 in the BOYCB

Romans 1 in the BPBB

Romans 1 in the BPH

Romans 1 in the BSB

Romans 1 in the CCB

Romans 1 in the CUV

Romans 1 in the CUVS

Romans 1 in the DBT

Romans 1 in the DGDNT

Romans 1 in the DHNT

Romans 1 in the DNT

Romans 1 in the ELBE

Romans 1 in the EMTV

Romans 1 in the ESV

Romans 1 in the FBV

Romans 1 in the FEB

Romans 1 in the GGMNT

Romans 1 in the GNT

Romans 1 in the HARY

Romans 1 in the HNT

Romans 1 in the IRVA

Romans 1 in the IRVB

Romans 1 in the IRVG

Romans 1 in the IRVH

Romans 1 in the IRVK

Romans 1 in the IRVM

Romans 1 in the IRVM2

Romans 1 in the IRVO

Romans 1 in the IRVP

Romans 1 in the IRVT

Romans 1 in the IRVT2

Romans 1 in the IRVU

Romans 1 in the ISVN

Romans 1 in the JSNT

Romans 1 in the KAPI

Romans 1 in the KBT1ETNIK

Romans 1 in the KBV

Romans 1 in the KJV

Romans 1 in the KNFD

Romans 1 in the LBA

Romans 1 in the LBLA

Romans 1 in the LNT

Romans 1 in the LSV

Romans 1 in the MAAL

Romans 1 in the MBV

Romans 1 in the MBV2

Romans 1 in the MHNT

Romans 1 in the MKNFD

Romans 1 in the MNG

Romans 1 in the MNT

Romans 1 in the MNT2

Romans 1 in the MRS1T

Romans 1 in the NAA

Romans 1 in the NASB

Romans 1 in the NBLA

Romans 1 in the NBS

Romans 1 in the NBVTP

Romans 1 in the NET2

Romans 1 in the NIV11

Romans 1 in the NNT

Romans 1 in the NNT2

Romans 1 in the NNT3

Romans 1 in the PDDPT

Romans 1 in the PFNT

Romans 1 in the RMNT

Romans 1 in the SBIAS

Romans 1 in the SBIBS

Romans 1 in the SBIBS2

Romans 1 in the SBICS

Romans 1 in the SBIDS

Romans 1 in the SBIGS

Romans 1 in the SBIHS

Romans 1 in the SBIIS

Romans 1 in the SBIIS2

Romans 1 in the SBIIS3

Romans 1 in the SBIKS

Romans 1 in the SBIKS2

Romans 1 in the SBIMS

Romans 1 in the SBIOS

Romans 1 in the SBIPS

Romans 1 in the SBISS

Romans 1 in the SBITS

Romans 1 in the SBITS2

Romans 1 in the SBITS3

Romans 1 in the SBITS4

Romans 1 in the SBIUS

Romans 1 in the SBIVS

Romans 1 in the SBT

Romans 1 in the SBT1E

Romans 1 in the SCHL

Romans 1 in the SNT

Romans 1 in the SUSU

Romans 1 in the SUSU2

Romans 1 in the SYNO

Romans 1 in the TBIAOTANT

Romans 1 in the TBT1E

Romans 1 in the TBT1E2

Romans 1 in the TFTIP

Romans 1 in the TFTU

Romans 1 in the TGNTATF3T

Romans 1 in the THAI

Romans 1 in the TNFD

Romans 1 in the TNT

Romans 1 in the TNTIK

Romans 1 in the TNTIL

Romans 1 in the TNTIN

Romans 1 in the TNTIP

Romans 1 in the TNTIZ

Romans 1 in the TOMA

Romans 1 in the TTENT

Romans 1 in the UBG

Romans 1 in the UGV

Romans 1 in the UGV2

Romans 1 in the UGV3

Romans 1 in the VBL

Romans 1 in the VDCC

Romans 1 in the YALU

Romans 1 in the YAPE

Romans 1 in the YBVTP

Romans 1 in the ZBP