Romans 1 (BOATCB2)

1 Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. 2 Wɔnam Onyankopɔn adiyifo so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dedaw no mu. 3 Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. 4 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, efisɛ wonyan no fii awufo mu. 5 Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo, sɛnea nnipa nyinaa nam gyidi so bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. 6 Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso moka ho bi. 7 Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa. 9 Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. 10 Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara. 11 Efisɛ mepere hwehwɛ sɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12 Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den. 13 Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ amanamanmufo mu no. 14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi. 15 Ɛno nti mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛ mo. 16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso. 17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa. 18 Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no. 19 Efisɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu. 20 Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara. 21 Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22 Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo. 23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn. 24 Ɛno nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afide a efi wɔn koma mu maa wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwude nso. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atosɛm na wɔsom abɔde sen Ɔbɔade a daa wɔkamfo no no. Amen. 26 Esiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwude. Na mpo wɔn mmea fa wɔn yɔnkonom mmea. 27 Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae, nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. 28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. 29 Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, asisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku, 30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyi Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutuwpɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm. 31 Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo. 32 Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase wɔ saa ɔkwan no so no sɛ owu. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afide no, na mmom wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.

In Other Versions

Romans 1 in the ANGEFD

Romans 1 in the ANTPNG2D

Romans 1 in the AS21

Romans 1 in the BAGH

Romans 1 in the BBPNG

Romans 1 in the BBT1E

Romans 1 in the BDS

Romans 1 in the BEV

Romans 1 in the BHAD

Romans 1 in the BIB

Romans 1 in the BLPT

Romans 1 in the BNT

Romans 1 in the BNTABOOT

Romans 1 in the BNTLV

Romans 1 in the BOATCB

Romans 1 in the BOBCV

Romans 1 in the BOCNT

Romans 1 in the BOECS

Romans 1 in the BOGWICC

Romans 1 in the BOHCB

Romans 1 in the BOHCV

Romans 1 in the BOHLNT

Romans 1 in the BOHNTLTAL

Romans 1 in the BOICB

Romans 1 in the BOILNTAP

Romans 1 in the BOITCV

Romans 1 in the BOKCV

Romans 1 in the BOKCV2

Romans 1 in the BOKHWOG

Romans 1 in the BOKSSV

Romans 1 in the BOLCB

Romans 1 in the BOLCB2

Romans 1 in the BOMCV

Romans 1 in the BONAV

Romans 1 in the BONCB

Romans 1 in the BONLT

Romans 1 in the BONUT2

Romans 1 in the BOPLNT

Romans 1 in the BOSCB

Romans 1 in the BOSNC

Romans 1 in the BOTLNT

Romans 1 in the BOVCB

Romans 1 in the BOYCB

Romans 1 in the BPBB

Romans 1 in the BPH

Romans 1 in the BSB

Romans 1 in the CCB

Romans 1 in the CUV

Romans 1 in the CUVS

Romans 1 in the DBT

Romans 1 in the DGDNT

Romans 1 in the DHNT

Romans 1 in the DNT

Romans 1 in the ELBE

Romans 1 in the EMTV

Romans 1 in the ESV

Romans 1 in the FBV

Romans 1 in the FEB

Romans 1 in the GGMNT

Romans 1 in the GNT

Romans 1 in the HARY

Romans 1 in the HNT

Romans 1 in the IRVA

Romans 1 in the IRVB

Romans 1 in the IRVG

Romans 1 in the IRVH

Romans 1 in the IRVK

Romans 1 in the IRVM

Romans 1 in the IRVM2

Romans 1 in the IRVO

Romans 1 in the IRVP

Romans 1 in the IRVT

Romans 1 in the IRVT2

Romans 1 in the IRVU

Romans 1 in the ISVN

Romans 1 in the JSNT

Romans 1 in the KAPI

Romans 1 in the KBT1ETNIK

Romans 1 in the KBV

Romans 1 in the KJV

Romans 1 in the KNFD

Romans 1 in the LBA

Romans 1 in the LBLA

Romans 1 in the LNT

Romans 1 in the LSV

Romans 1 in the MAAL

Romans 1 in the MBV

Romans 1 in the MBV2

Romans 1 in the MHNT

Romans 1 in the MKNFD

Romans 1 in the MNG

Romans 1 in the MNT

Romans 1 in the MNT2

Romans 1 in the MRS1T

Romans 1 in the NAA

Romans 1 in the NASB

Romans 1 in the NBLA

Romans 1 in the NBS

Romans 1 in the NBVTP

Romans 1 in the NET2

Romans 1 in the NIV11

Romans 1 in the NNT

Romans 1 in the NNT2

Romans 1 in the NNT3

Romans 1 in the PDDPT

Romans 1 in the PFNT

Romans 1 in the RMNT

Romans 1 in the SBIAS

Romans 1 in the SBIBS

Romans 1 in the SBIBS2

Romans 1 in the SBICS

Romans 1 in the SBIDS

Romans 1 in the SBIGS

Romans 1 in the SBIHS

Romans 1 in the SBIIS

Romans 1 in the SBIIS2

Romans 1 in the SBIIS3

Romans 1 in the SBIKS

Romans 1 in the SBIKS2

Romans 1 in the SBIMS

Romans 1 in the SBIOS

Romans 1 in the SBIPS

Romans 1 in the SBISS

Romans 1 in the SBITS

Romans 1 in the SBITS2

Romans 1 in the SBITS3

Romans 1 in the SBITS4

Romans 1 in the SBIUS

Romans 1 in the SBIVS

Romans 1 in the SBT

Romans 1 in the SBT1E

Romans 1 in the SCHL

Romans 1 in the SNT

Romans 1 in the SUSU

Romans 1 in the SUSU2

Romans 1 in the SYNO

Romans 1 in the TBIAOTANT

Romans 1 in the TBT1E

Romans 1 in the TBT1E2

Romans 1 in the TFTIP

Romans 1 in the TFTU

Romans 1 in the TGNTATF3T

Romans 1 in the THAI

Romans 1 in the TNFD

Romans 1 in the TNT

Romans 1 in the TNTIK

Romans 1 in the TNTIL

Romans 1 in the TNTIN

Romans 1 in the TNTIP

Romans 1 in the TNTIZ

Romans 1 in the TOMA

Romans 1 in the TTENT

Romans 1 in the UBG

Romans 1 in the UGV

Romans 1 in the UGV2

Romans 1 in the UGV3

Romans 1 in the VBL

Romans 1 in the VDCC

Romans 1 in the YALU

Romans 1 in the YAPE

Romans 1 in the YBVTP

Romans 1 in the ZBP