Zechariah 14 (BOATCB)
1 AWURADE ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu. 2 Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu. 3 Afei, AWURADE bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no. 4 Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam. 5 Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel. Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, AWURADE, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho. 6 Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. 7 Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a AWURADE na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ. 8 Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu. 9 AWURADE bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, AWURADE bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ. 10 Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho. 11 Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ. 12 Yei ne ɔyaredɔm a AWURADE de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu. 13 Saa ɛda no, AWURADE bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako. 14 Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyadeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne aduradeɛ bebree. 15 Saa ɔyaredɔm korɔ yi ara bɛka apɔnkɔ, mfunumpɔnkɔ, nyoma, mfunumu ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfoɔ nsraban mu nyinaa. 16 Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo AWURADE no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. 17 Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo AWURADE no a, osuo rentɔ mma wɔn. 18 Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. AWURADE de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. 19 Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa. 20 Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA AWURADE wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ AWURADE fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim. 21 Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo AWURADE, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo AWURADE fie bio.
In Other Versions
Zechariah 14 in the ANGEFD
Zechariah 14 in the ANTPNG2D
Zechariah 14 in the AS21
Zechariah 14 in the BAGH
Zechariah 14 in the BBPNG
Zechariah 14 in the BBT1E
Zechariah 14 in the BDS
Zechariah 14 in the BEV
Zechariah 14 in the BHAD
Zechariah 14 in the BIB
Zechariah 14 in the BLPT
Zechariah 14 in the BNT
Zechariah 14 in the BNTABOOT
Zechariah 14 in the BNTLV
Zechariah 14 in the BOATCB2
Zechariah 14 in the BOBCV
Zechariah 14 in the BOCNT
Zechariah 14 in the BOECS
Zechariah 14 in the BOGWICC
Zechariah 14 in the BOHCB
Zechariah 14 in the BOHCV
Zechariah 14 in the BOHLNT
Zechariah 14 in the BOHNTLTAL
Zechariah 14 in the BOICB
Zechariah 14 in the BOILNTAP
Zechariah 14 in the BOITCV
Zechariah 14 in the BOKCV
Zechariah 14 in the BOKCV2
Zechariah 14 in the BOKHWOG
Zechariah 14 in the BOKSSV
Zechariah 14 in the BOLCB
Zechariah 14 in the BOLCB2
Zechariah 14 in the BOMCV
Zechariah 14 in the BONAV
Zechariah 14 in the BONCB
Zechariah 14 in the BONLT
Zechariah 14 in the BONUT2
Zechariah 14 in the BOPLNT
Zechariah 14 in the BOSCB
Zechariah 14 in the BOSNC
Zechariah 14 in the BOTLNT
Zechariah 14 in the BOVCB
Zechariah 14 in the BOYCB
Zechariah 14 in the BPBB
Zechariah 14 in the BPH
Zechariah 14 in the BSB
Zechariah 14 in the CCB
Zechariah 14 in the CUV
Zechariah 14 in the CUVS
Zechariah 14 in the DBT
Zechariah 14 in the DGDNT
Zechariah 14 in the DHNT
Zechariah 14 in the DNT
Zechariah 14 in the ELBE
Zechariah 14 in the EMTV
Zechariah 14 in the ESV
Zechariah 14 in the FBV
Zechariah 14 in the FEB
Zechariah 14 in the GGMNT
Zechariah 14 in the GNT
Zechariah 14 in the HARY
Zechariah 14 in the HNT
Zechariah 14 in the IRVA
Zechariah 14 in the IRVB
Zechariah 14 in the IRVG
Zechariah 14 in the IRVH
Zechariah 14 in the IRVK
Zechariah 14 in the IRVM
Zechariah 14 in the IRVM2
Zechariah 14 in the IRVO
Zechariah 14 in the IRVP
Zechariah 14 in the IRVT
Zechariah 14 in the IRVT2
Zechariah 14 in the IRVU
Zechariah 14 in the ISVN
Zechariah 14 in the JSNT
Zechariah 14 in the KAPI
Zechariah 14 in the KBT1ETNIK
Zechariah 14 in the KBV
Zechariah 14 in the KJV
Zechariah 14 in the KNFD
Zechariah 14 in the LBA
Zechariah 14 in the LBLA
Zechariah 14 in the LNT
Zechariah 14 in the LSV
Zechariah 14 in the MAAL
Zechariah 14 in the MBV
Zechariah 14 in the MBV2
Zechariah 14 in the MHNT
Zechariah 14 in the MKNFD
Zechariah 14 in the MNG
Zechariah 14 in the MNT
Zechariah 14 in the MNT2
Zechariah 14 in the MRS1T
Zechariah 14 in the NAA
Zechariah 14 in the NASB
Zechariah 14 in the NBLA
Zechariah 14 in the NBS
Zechariah 14 in the NBVTP
Zechariah 14 in the NET2
Zechariah 14 in the NIV11
Zechariah 14 in the NNT
Zechariah 14 in the NNT2
Zechariah 14 in the NNT3
Zechariah 14 in the PDDPT
Zechariah 14 in the PFNT
Zechariah 14 in the RMNT
Zechariah 14 in the SBIAS
Zechariah 14 in the SBIBS
Zechariah 14 in the SBIBS2
Zechariah 14 in the SBICS
Zechariah 14 in the SBIDS
Zechariah 14 in the SBIGS
Zechariah 14 in the SBIHS
Zechariah 14 in the SBIIS
Zechariah 14 in the SBIIS2
Zechariah 14 in the SBIIS3
Zechariah 14 in the SBIKS
Zechariah 14 in the SBIKS2
Zechariah 14 in the SBIMS
Zechariah 14 in the SBIOS
Zechariah 14 in the SBIPS
Zechariah 14 in the SBISS
Zechariah 14 in the SBITS
Zechariah 14 in the SBITS2
Zechariah 14 in the SBITS3
Zechariah 14 in the SBITS4
Zechariah 14 in the SBIUS
Zechariah 14 in the SBIVS
Zechariah 14 in the SBT
Zechariah 14 in the SBT1E
Zechariah 14 in the SCHL
Zechariah 14 in the SNT
Zechariah 14 in the SUSU
Zechariah 14 in the SUSU2
Zechariah 14 in the SYNO
Zechariah 14 in the TBIAOTANT
Zechariah 14 in the TBT1E
Zechariah 14 in the TBT1E2
Zechariah 14 in the TFTIP
Zechariah 14 in the TFTU
Zechariah 14 in the TGNTATF3T
Zechariah 14 in the THAI
Zechariah 14 in the TNFD
Zechariah 14 in the TNT
Zechariah 14 in the TNTIK
Zechariah 14 in the TNTIL
Zechariah 14 in the TNTIN
Zechariah 14 in the TNTIP
Zechariah 14 in the TNTIZ
Zechariah 14 in the TOMA
Zechariah 14 in the TTENT
Zechariah 14 in the UBG
Zechariah 14 in the UGV
Zechariah 14 in the UGV2
Zechariah 14 in the UGV3
Zechariah 14 in the VBL
Zechariah 14 in the VDCC
Zechariah 14 in the YALU
Zechariah 14 in the YAPE
Zechariah 14 in the YBVTP
Zechariah 14 in the ZBP