1 Corinthians 15 (BOATCB2)

1 Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. 2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni. 3 Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se 4 wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, 5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa. 6 Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. 7 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa. 8 Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm. 9 Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo. 10 Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. 11 Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di. 12 Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre? 13 Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu. 14 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi. 15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu. 16 Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. 17 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. 18 Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera. 19 Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha. 20 Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. 21 Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba. 22 Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. 23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. 24 Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25 Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase. 26 Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu. 27 Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. 28 Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so. 29 Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu? 30 Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu? 31 Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi. 32 Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de“Momma yennidi na yɛnnom,efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no. 33 “Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” 34 Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn. 35 Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔde nipaduasu bɛn na ɛbɛba?” 36 Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi. 37 Na nea wodua wɔ fam no yɛ aba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɔmo aba anaa aba foforo a ɛnyɛ afifide no a wɔatu atɛw a, ebenyin. 38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. 39 Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de na nsumnam nso wɔ wɔn de. 40 Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua. 41 Owia wɔ nʼankasa ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛsu ahorow. 42 Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw. 43 Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden. 44 Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam, na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom.Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. 45 Kyerɛwsɛm no ka se, “Na Adam a odi kan no yɛ onipa teasefo” nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa. 46 Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa wɔ nea okura honam fam nipadua no akyi. 47 Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro. 48 Wɔn a wɔte asase so no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wofi ɔsoro. 49 Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi ɔsoro no. 50 Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ. 51 Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa; 52 sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra. 53 Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho. 54 Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!” 55 “Owu, wo nkonim wɔ he?Owu, wo nwowɔe wɔ he?” 56 Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu. 57 Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase! 58 Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

In Other Versions

1 Corinthians 15 in the ANGEFD

1 Corinthians 15 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 15 in the AS21

1 Corinthians 15 in the BAGH

1 Corinthians 15 in the BBPNG

1 Corinthians 15 in the BBT1E

1 Corinthians 15 in the BDS

1 Corinthians 15 in the BEV

1 Corinthians 15 in the BHAD

1 Corinthians 15 in the BIB

1 Corinthians 15 in the BLPT

1 Corinthians 15 in the BNT

1 Corinthians 15 in the BNTABOOT

1 Corinthians 15 in the BNTLV

1 Corinthians 15 in the BOATCB

1 Corinthians 15 in the BOBCV

1 Corinthians 15 in the BOCNT

1 Corinthians 15 in the BOECS

1 Corinthians 15 in the BOGWICC

1 Corinthians 15 in the BOHCB

1 Corinthians 15 in the BOHCV

1 Corinthians 15 in the BOHLNT

1 Corinthians 15 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 15 in the BOICB

1 Corinthians 15 in the BOILNTAP

1 Corinthians 15 in the BOITCV

1 Corinthians 15 in the BOKCV

1 Corinthians 15 in the BOKCV2

1 Corinthians 15 in the BOKHWOG

1 Corinthians 15 in the BOKSSV

1 Corinthians 15 in the BOLCB

1 Corinthians 15 in the BOLCB2

1 Corinthians 15 in the BOMCV

1 Corinthians 15 in the BONAV

1 Corinthians 15 in the BONCB

1 Corinthians 15 in the BONLT

1 Corinthians 15 in the BONUT2

1 Corinthians 15 in the BOPLNT

1 Corinthians 15 in the BOSCB

1 Corinthians 15 in the BOSNC

1 Corinthians 15 in the BOTLNT

1 Corinthians 15 in the BOVCB

1 Corinthians 15 in the BOYCB

1 Corinthians 15 in the BPBB

1 Corinthians 15 in the BPH

1 Corinthians 15 in the BSB

1 Corinthians 15 in the CCB

1 Corinthians 15 in the CUV

1 Corinthians 15 in the CUVS

1 Corinthians 15 in the DBT

1 Corinthians 15 in the DGDNT

1 Corinthians 15 in the DHNT

1 Corinthians 15 in the DNT

1 Corinthians 15 in the ELBE

1 Corinthians 15 in the EMTV

1 Corinthians 15 in the ESV

1 Corinthians 15 in the FBV

1 Corinthians 15 in the FEB

1 Corinthians 15 in the GGMNT

1 Corinthians 15 in the GNT

1 Corinthians 15 in the HARY

1 Corinthians 15 in the HNT

1 Corinthians 15 in the IRVA

1 Corinthians 15 in the IRVB

1 Corinthians 15 in the IRVG

1 Corinthians 15 in the IRVH

1 Corinthians 15 in the IRVK

1 Corinthians 15 in the IRVM

1 Corinthians 15 in the IRVM2

1 Corinthians 15 in the IRVO

1 Corinthians 15 in the IRVP

1 Corinthians 15 in the IRVT

1 Corinthians 15 in the IRVT2

1 Corinthians 15 in the IRVU

1 Corinthians 15 in the ISVN

1 Corinthians 15 in the JSNT

1 Corinthians 15 in the KAPI

1 Corinthians 15 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 15 in the KBV

1 Corinthians 15 in the KJV

1 Corinthians 15 in the KNFD

1 Corinthians 15 in the LBA

1 Corinthians 15 in the LBLA

1 Corinthians 15 in the LNT

1 Corinthians 15 in the LSV

1 Corinthians 15 in the MAAL

1 Corinthians 15 in the MBV

1 Corinthians 15 in the MBV2

1 Corinthians 15 in the MHNT

1 Corinthians 15 in the MKNFD

1 Corinthians 15 in the MNG

1 Corinthians 15 in the MNT

1 Corinthians 15 in the MNT2

1 Corinthians 15 in the MRS1T

1 Corinthians 15 in the NAA

1 Corinthians 15 in the NASB

1 Corinthians 15 in the NBLA

1 Corinthians 15 in the NBS

1 Corinthians 15 in the NBVTP

1 Corinthians 15 in the NET2

1 Corinthians 15 in the NIV11

1 Corinthians 15 in the NNT

1 Corinthians 15 in the NNT2

1 Corinthians 15 in the NNT3

1 Corinthians 15 in the PDDPT

1 Corinthians 15 in the PFNT

1 Corinthians 15 in the RMNT

1 Corinthians 15 in the SBIAS

1 Corinthians 15 in the SBIBS

1 Corinthians 15 in the SBIBS2

1 Corinthians 15 in the SBICS

1 Corinthians 15 in the SBIDS

1 Corinthians 15 in the SBIGS

1 Corinthians 15 in the SBIHS

1 Corinthians 15 in the SBIIS

1 Corinthians 15 in the SBIIS2

1 Corinthians 15 in the SBIIS3

1 Corinthians 15 in the SBIKS

1 Corinthians 15 in the SBIKS2

1 Corinthians 15 in the SBIMS

1 Corinthians 15 in the SBIOS

1 Corinthians 15 in the SBIPS

1 Corinthians 15 in the SBISS

1 Corinthians 15 in the SBITS

1 Corinthians 15 in the SBITS2

1 Corinthians 15 in the SBITS3

1 Corinthians 15 in the SBITS4

1 Corinthians 15 in the SBIUS

1 Corinthians 15 in the SBIVS

1 Corinthians 15 in the SBT

1 Corinthians 15 in the SBT1E

1 Corinthians 15 in the SCHL

1 Corinthians 15 in the SNT

1 Corinthians 15 in the SUSU

1 Corinthians 15 in the SUSU2

1 Corinthians 15 in the SYNO

1 Corinthians 15 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 15 in the TBT1E

1 Corinthians 15 in the TBT1E2

1 Corinthians 15 in the TFTIP

1 Corinthians 15 in the TFTU

1 Corinthians 15 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 15 in the THAI

1 Corinthians 15 in the TNFD

1 Corinthians 15 in the TNT

1 Corinthians 15 in the TNTIK

1 Corinthians 15 in the TNTIL

1 Corinthians 15 in the TNTIN

1 Corinthians 15 in the TNTIP

1 Corinthians 15 in the TNTIZ

1 Corinthians 15 in the TOMA

1 Corinthians 15 in the TTENT

1 Corinthians 15 in the UBG

1 Corinthians 15 in the UGV

1 Corinthians 15 in the UGV2

1 Corinthians 15 in the UGV3

1 Corinthians 15 in the VBL

1 Corinthians 15 in the VDCC

1 Corinthians 15 in the YALU

1 Corinthians 15 in the YAPE

1 Corinthians 15 in the YBVTP

1 Corinthians 15 in the ZBP