1 Samuel 3 (BOATCB2)

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som AWURADE. Saa bere no na asɛm a wɔte fi AWURADE nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na. 2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa. 3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4 Prɛko pɛ, AWURADE frɛe se, “Samuel! Samuel!”Samuel buae se, “Mini.” 5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.”Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae. 6 AWURADE san frɛɛ bio se, “Samuel!”Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?”Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” 7 Na Samuel nnya nhuu AWURADE, efisɛ na AWURADE asɛm mmaa ne nkyɛn da. 8 AWURADE frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.”Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ AWURADE na ɔrefrɛ abarimaa no. 9 Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘AWURADE kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti Samuel kɔdaa bio. 10 Na AWURADE ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!”Na Samuel buae se, “AWURADE kasa na wʼakoa retie.” 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel. 12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa. 13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14 Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.” 15 Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. 16 Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.”Samuel buae se, “Mini!” 17 Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na AWURADE ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” 18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne AWURADE; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.” 19 AWURADE kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel AWURADE diyifo. 21 AWURADE kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ.Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa

In Other Versions

1 Samuel 3 in the ANGEFD

1 Samuel 3 in the ANTPNG2D

1 Samuel 3 in the AS21

1 Samuel 3 in the BAGH

1 Samuel 3 in the BBPNG

1 Samuel 3 in the BBT1E

1 Samuel 3 in the BDS

1 Samuel 3 in the BEV

1 Samuel 3 in the BHAD

1 Samuel 3 in the BIB

1 Samuel 3 in the BLPT

1 Samuel 3 in the BNT

1 Samuel 3 in the BNTABOOT

1 Samuel 3 in the BNTLV

1 Samuel 3 in the BOATCB

1 Samuel 3 in the BOBCV

1 Samuel 3 in the BOCNT

1 Samuel 3 in the BOECS

1 Samuel 3 in the BOGWICC

1 Samuel 3 in the BOHCB

1 Samuel 3 in the BOHCV

1 Samuel 3 in the BOHLNT

1 Samuel 3 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 3 in the BOICB

1 Samuel 3 in the BOILNTAP

1 Samuel 3 in the BOITCV

1 Samuel 3 in the BOKCV

1 Samuel 3 in the BOKCV2

1 Samuel 3 in the BOKHWOG

1 Samuel 3 in the BOKSSV

1 Samuel 3 in the BOLCB

1 Samuel 3 in the BOLCB2

1 Samuel 3 in the BOMCV

1 Samuel 3 in the BONAV

1 Samuel 3 in the BONCB

1 Samuel 3 in the BONLT

1 Samuel 3 in the BONUT2

1 Samuel 3 in the BOPLNT

1 Samuel 3 in the BOSCB

1 Samuel 3 in the BOSNC

1 Samuel 3 in the BOTLNT

1 Samuel 3 in the BOVCB

1 Samuel 3 in the BOYCB

1 Samuel 3 in the BPBB

1 Samuel 3 in the BPH

1 Samuel 3 in the BSB

1 Samuel 3 in the CCB

1 Samuel 3 in the CUV

1 Samuel 3 in the CUVS

1 Samuel 3 in the DBT

1 Samuel 3 in the DGDNT

1 Samuel 3 in the DHNT

1 Samuel 3 in the DNT

1 Samuel 3 in the ELBE

1 Samuel 3 in the EMTV

1 Samuel 3 in the ESV

1 Samuel 3 in the FBV

1 Samuel 3 in the FEB

1 Samuel 3 in the GGMNT

1 Samuel 3 in the GNT

1 Samuel 3 in the HARY

1 Samuel 3 in the HNT

1 Samuel 3 in the IRVA

1 Samuel 3 in the IRVB

1 Samuel 3 in the IRVG

1 Samuel 3 in the IRVH

1 Samuel 3 in the IRVK

1 Samuel 3 in the IRVM

1 Samuel 3 in the IRVM2

1 Samuel 3 in the IRVO

1 Samuel 3 in the IRVP

1 Samuel 3 in the IRVT

1 Samuel 3 in the IRVT2

1 Samuel 3 in the IRVU

1 Samuel 3 in the ISVN

1 Samuel 3 in the JSNT

1 Samuel 3 in the KAPI

1 Samuel 3 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 3 in the KBV

1 Samuel 3 in the KJV

1 Samuel 3 in the KNFD

1 Samuel 3 in the LBA

1 Samuel 3 in the LBLA

1 Samuel 3 in the LNT

1 Samuel 3 in the LSV

1 Samuel 3 in the MAAL

1 Samuel 3 in the MBV

1 Samuel 3 in the MBV2

1 Samuel 3 in the MHNT

1 Samuel 3 in the MKNFD

1 Samuel 3 in the MNG

1 Samuel 3 in the MNT

1 Samuel 3 in the MNT2

1 Samuel 3 in the MRS1T

1 Samuel 3 in the NAA

1 Samuel 3 in the NASB

1 Samuel 3 in the NBLA

1 Samuel 3 in the NBS

1 Samuel 3 in the NBVTP

1 Samuel 3 in the NET2

1 Samuel 3 in the NIV11

1 Samuel 3 in the NNT

1 Samuel 3 in the NNT2

1 Samuel 3 in the NNT3

1 Samuel 3 in the PDDPT

1 Samuel 3 in the PFNT

1 Samuel 3 in the RMNT

1 Samuel 3 in the SBIAS

1 Samuel 3 in the SBIBS

1 Samuel 3 in the SBIBS2

1 Samuel 3 in the SBICS

1 Samuel 3 in the SBIDS

1 Samuel 3 in the SBIGS

1 Samuel 3 in the SBIHS

1 Samuel 3 in the SBIIS

1 Samuel 3 in the SBIIS2

1 Samuel 3 in the SBIIS3

1 Samuel 3 in the SBIKS

1 Samuel 3 in the SBIKS2

1 Samuel 3 in the SBIMS

1 Samuel 3 in the SBIOS

1 Samuel 3 in the SBIPS

1 Samuel 3 in the SBISS

1 Samuel 3 in the SBITS

1 Samuel 3 in the SBITS2

1 Samuel 3 in the SBITS3

1 Samuel 3 in the SBITS4

1 Samuel 3 in the SBIUS

1 Samuel 3 in the SBIVS

1 Samuel 3 in the SBT

1 Samuel 3 in the SBT1E

1 Samuel 3 in the SCHL

1 Samuel 3 in the SNT

1 Samuel 3 in the SUSU

1 Samuel 3 in the SUSU2

1 Samuel 3 in the SYNO

1 Samuel 3 in the TBIAOTANT

1 Samuel 3 in the TBT1E

1 Samuel 3 in the TBT1E2

1 Samuel 3 in the TFTIP

1 Samuel 3 in the TFTU

1 Samuel 3 in the TGNTATF3T

1 Samuel 3 in the THAI

1 Samuel 3 in the TNFD

1 Samuel 3 in the TNT

1 Samuel 3 in the TNTIK

1 Samuel 3 in the TNTIL

1 Samuel 3 in the TNTIN

1 Samuel 3 in the TNTIP

1 Samuel 3 in the TNTIZ

1 Samuel 3 in the TOMA

1 Samuel 3 in the TTENT

1 Samuel 3 in the UBG

1 Samuel 3 in the UGV

1 Samuel 3 in the UGV2

1 Samuel 3 in the UGV3

1 Samuel 3 in the VBL

1 Samuel 3 in the VDCC

1 Samuel 3 in the YALU

1 Samuel 3 in the YAPE

1 Samuel 3 in the YBVTP

1 Samuel 3 in the ZBP