2 Chronicles 18 (BOATCB2)

1 Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea. 2 Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3 Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.” 4 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa AWURADE hɔ afotu.” 5 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! AWURADE bɛma woadi nkonim anuonyam so.” 6 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti AWURADE odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.” 7 Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.”Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka.” 8 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.” 9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea AWURADE se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!” 11 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ AWURADE bɛma moadi nkonim.” 12 Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.” 13 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ AWURADE te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.” 14 Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?”Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.” 15 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama AWURADE a, ka nokwasɛm?” 16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na AWURADE kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ fie asomdwoe mu.’ ” 17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.” 18 Mikaia toaa so se, “Tie nea AWURADE ka. Mihuu AWURADE sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so. 19 Na AWURADE bisae se, ‘Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’“Adwenkyerɛ bebree baa ho, 20 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee AWURADE kae se, ‘Metumi ayɛ!’ ” AWURADE bisae se, “ ‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’ ” 21 Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” AWURADE kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim. 22 “Enti woahu sɛ AWURADE de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. AWURADE adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” 23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na AWURADE honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?” 24 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.” 25 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 26 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ” 27 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, AWURADE amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.” 28 Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. 30 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na AWURADE yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa. 32 Bere a nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa. 33 Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.” 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.

In Other Versions

2 Chronicles 18 in the ANGEFD

2 Chronicles 18 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 18 in the AS21

2 Chronicles 18 in the BAGH

2 Chronicles 18 in the BBPNG

2 Chronicles 18 in the BBT1E

2 Chronicles 18 in the BDS

2 Chronicles 18 in the BEV

2 Chronicles 18 in the BHAD

2 Chronicles 18 in the BIB

2 Chronicles 18 in the BLPT

2 Chronicles 18 in the BNT

2 Chronicles 18 in the BNTABOOT

2 Chronicles 18 in the BNTLV

2 Chronicles 18 in the BOATCB

2 Chronicles 18 in the BOBCV

2 Chronicles 18 in the BOCNT

2 Chronicles 18 in the BOECS

2 Chronicles 18 in the BOGWICC

2 Chronicles 18 in the BOHCB

2 Chronicles 18 in the BOHCV

2 Chronicles 18 in the BOHLNT

2 Chronicles 18 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 18 in the BOICB

2 Chronicles 18 in the BOILNTAP

2 Chronicles 18 in the BOITCV

2 Chronicles 18 in the BOKCV

2 Chronicles 18 in the BOKCV2

2 Chronicles 18 in the BOKHWOG

2 Chronicles 18 in the BOKSSV

2 Chronicles 18 in the BOLCB

2 Chronicles 18 in the BOLCB2

2 Chronicles 18 in the BOMCV

2 Chronicles 18 in the BONAV

2 Chronicles 18 in the BONCB

2 Chronicles 18 in the BONLT

2 Chronicles 18 in the BONUT2

2 Chronicles 18 in the BOPLNT

2 Chronicles 18 in the BOSCB

2 Chronicles 18 in the BOSNC

2 Chronicles 18 in the BOTLNT

2 Chronicles 18 in the BOVCB

2 Chronicles 18 in the BOYCB

2 Chronicles 18 in the BPBB

2 Chronicles 18 in the BPH

2 Chronicles 18 in the BSB

2 Chronicles 18 in the CCB

2 Chronicles 18 in the CUV

2 Chronicles 18 in the CUVS

2 Chronicles 18 in the DBT

2 Chronicles 18 in the DGDNT

2 Chronicles 18 in the DHNT

2 Chronicles 18 in the DNT

2 Chronicles 18 in the ELBE

2 Chronicles 18 in the EMTV

2 Chronicles 18 in the ESV

2 Chronicles 18 in the FBV

2 Chronicles 18 in the FEB

2 Chronicles 18 in the GGMNT

2 Chronicles 18 in the GNT

2 Chronicles 18 in the HARY

2 Chronicles 18 in the HNT

2 Chronicles 18 in the IRVA

2 Chronicles 18 in the IRVB

2 Chronicles 18 in the IRVG

2 Chronicles 18 in the IRVH

2 Chronicles 18 in the IRVK

2 Chronicles 18 in the IRVM

2 Chronicles 18 in the IRVM2

2 Chronicles 18 in the IRVO

2 Chronicles 18 in the IRVP

2 Chronicles 18 in the IRVT

2 Chronicles 18 in the IRVT2

2 Chronicles 18 in the IRVU

2 Chronicles 18 in the ISVN

2 Chronicles 18 in the JSNT

2 Chronicles 18 in the KAPI

2 Chronicles 18 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 18 in the KBV

2 Chronicles 18 in the KJV

2 Chronicles 18 in the KNFD

2 Chronicles 18 in the LBA

2 Chronicles 18 in the LBLA

2 Chronicles 18 in the LNT

2 Chronicles 18 in the LSV

2 Chronicles 18 in the MAAL

2 Chronicles 18 in the MBV

2 Chronicles 18 in the MBV2

2 Chronicles 18 in the MHNT

2 Chronicles 18 in the MKNFD

2 Chronicles 18 in the MNG

2 Chronicles 18 in the MNT

2 Chronicles 18 in the MNT2

2 Chronicles 18 in the MRS1T

2 Chronicles 18 in the NAA

2 Chronicles 18 in the NASB

2 Chronicles 18 in the NBLA

2 Chronicles 18 in the NBS

2 Chronicles 18 in the NBVTP

2 Chronicles 18 in the NET2

2 Chronicles 18 in the NIV11

2 Chronicles 18 in the NNT

2 Chronicles 18 in the NNT2

2 Chronicles 18 in the NNT3

2 Chronicles 18 in the PDDPT

2 Chronicles 18 in the PFNT

2 Chronicles 18 in the RMNT

2 Chronicles 18 in the SBIAS

2 Chronicles 18 in the SBIBS

2 Chronicles 18 in the SBIBS2

2 Chronicles 18 in the SBICS

2 Chronicles 18 in the SBIDS

2 Chronicles 18 in the SBIGS

2 Chronicles 18 in the SBIHS

2 Chronicles 18 in the SBIIS

2 Chronicles 18 in the SBIIS2

2 Chronicles 18 in the SBIIS3

2 Chronicles 18 in the SBIKS

2 Chronicles 18 in the SBIKS2

2 Chronicles 18 in the SBIMS

2 Chronicles 18 in the SBIOS

2 Chronicles 18 in the SBIPS

2 Chronicles 18 in the SBISS

2 Chronicles 18 in the SBITS

2 Chronicles 18 in the SBITS2

2 Chronicles 18 in the SBITS3

2 Chronicles 18 in the SBITS4

2 Chronicles 18 in the SBIUS

2 Chronicles 18 in the SBIVS

2 Chronicles 18 in the SBT

2 Chronicles 18 in the SBT1E

2 Chronicles 18 in the SCHL

2 Chronicles 18 in the SNT

2 Chronicles 18 in the SUSU

2 Chronicles 18 in the SUSU2

2 Chronicles 18 in the SYNO

2 Chronicles 18 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 18 in the TBT1E

2 Chronicles 18 in the TBT1E2

2 Chronicles 18 in the TFTIP

2 Chronicles 18 in the TFTU

2 Chronicles 18 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 18 in the THAI

2 Chronicles 18 in the TNFD

2 Chronicles 18 in the TNT

2 Chronicles 18 in the TNTIK

2 Chronicles 18 in the TNTIL

2 Chronicles 18 in the TNTIN

2 Chronicles 18 in the TNTIP

2 Chronicles 18 in the TNTIZ

2 Chronicles 18 in the TOMA

2 Chronicles 18 in the TTENT

2 Chronicles 18 in the UBG

2 Chronicles 18 in the UGV

2 Chronicles 18 in the UGV2

2 Chronicles 18 in the UGV3

2 Chronicles 18 in the VBL

2 Chronicles 18 in the VDCC

2 Chronicles 18 in the YALU

2 Chronicles 18 in the YAPE

2 Chronicles 18 in the YBVTP

2 Chronicles 18 in the ZBP