2 Corinthians 1 (BOATCB2)

1 Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa: 2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. 4 Ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ. 5 Sɛnea yɛahu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no. 6 Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane sɛ yɛn nso. 7 Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi. 8 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae. 9 Nokware mu, yegye too mu sɛ yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so. 10 Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a, 11 obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn. 12 Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu. 13 Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a 14 monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho. 15 Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. 16 Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. 17 Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani? 18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da. 19 Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so. 20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua. 23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no. 24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn.

In Other Versions

2 Corinthians 1 in the ANGEFD

2 Corinthians 1 in the ANTPNG2D

2 Corinthians 1 in the AS21

2 Corinthians 1 in the BAGH

2 Corinthians 1 in the BBPNG

2 Corinthians 1 in the BBT1E

2 Corinthians 1 in the BDS

2 Corinthians 1 in the BEV

2 Corinthians 1 in the BHAD

2 Corinthians 1 in the BIB

2 Corinthians 1 in the BLPT

2 Corinthians 1 in the BNT

2 Corinthians 1 in the BNTABOOT

2 Corinthians 1 in the BNTLV

2 Corinthians 1 in the BOATCB

2 Corinthians 1 in the BOBCV

2 Corinthians 1 in the BOCNT

2 Corinthians 1 in the BOECS

2 Corinthians 1 in the BOGWICC

2 Corinthians 1 in the BOHCB

2 Corinthians 1 in the BOHCV

2 Corinthians 1 in the BOHLNT

2 Corinthians 1 in the BOHNTLTAL

2 Corinthians 1 in the BOICB

2 Corinthians 1 in the BOILNTAP

2 Corinthians 1 in the BOITCV

2 Corinthians 1 in the BOKCV

2 Corinthians 1 in the BOKCV2

2 Corinthians 1 in the BOKHWOG

2 Corinthians 1 in the BOKSSV

2 Corinthians 1 in the BOLCB

2 Corinthians 1 in the BOLCB2

2 Corinthians 1 in the BOMCV

2 Corinthians 1 in the BONAV

2 Corinthians 1 in the BONCB

2 Corinthians 1 in the BONLT

2 Corinthians 1 in the BONUT2

2 Corinthians 1 in the BOPLNT

2 Corinthians 1 in the BOSCB

2 Corinthians 1 in the BOSNC

2 Corinthians 1 in the BOTLNT

2 Corinthians 1 in the BOVCB

2 Corinthians 1 in the BOYCB

2 Corinthians 1 in the BPBB

2 Corinthians 1 in the BPH

2 Corinthians 1 in the BSB

2 Corinthians 1 in the CCB

2 Corinthians 1 in the CUV

2 Corinthians 1 in the CUVS

2 Corinthians 1 in the DBT

2 Corinthians 1 in the DGDNT

2 Corinthians 1 in the DHNT

2 Corinthians 1 in the DNT

2 Corinthians 1 in the ELBE

2 Corinthians 1 in the EMTV

2 Corinthians 1 in the ESV

2 Corinthians 1 in the FBV

2 Corinthians 1 in the FEB

2 Corinthians 1 in the GGMNT

2 Corinthians 1 in the GNT

2 Corinthians 1 in the HARY

2 Corinthians 1 in the HNT

2 Corinthians 1 in the IRVA

2 Corinthians 1 in the IRVB

2 Corinthians 1 in the IRVG

2 Corinthians 1 in the IRVH

2 Corinthians 1 in the IRVK

2 Corinthians 1 in the IRVM

2 Corinthians 1 in the IRVM2

2 Corinthians 1 in the IRVO

2 Corinthians 1 in the IRVP

2 Corinthians 1 in the IRVT

2 Corinthians 1 in the IRVT2

2 Corinthians 1 in the IRVU

2 Corinthians 1 in the ISVN

2 Corinthians 1 in the JSNT

2 Corinthians 1 in the KAPI

2 Corinthians 1 in the KBT1ETNIK

2 Corinthians 1 in the KBV

2 Corinthians 1 in the KJV

2 Corinthians 1 in the KNFD

2 Corinthians 1 in the LBA

2 Corinthians 1 in the LBLA

2 Corinthians 1 in the LNT

2 Corinthians 1 in the LSV

2 Corinthians 1 in the MAAL

2 Corinthians 1 in the MBV

2 Corinthians 1 in the MBV2

2 Corinthians 1 in the MHNT

2 Corinthians 1 in the MKNFD

2 Corinthians 1 in the MNG

2 Corinthians 1 in the MNT

2 Corinthians 1 in the MNT2

2 Corinthians 1 in the MRS1T

2 Corinthians 1 in the NAA

2 Corinthians 1 in the NASB

2 Corinthians 1 in the NBLA

2 Corinthians 1 in the NBS

2 Corinthians 1 in the NBVTP

2 Corinthians 1 in the NET2

2 Corinthians 1 in the NIV11

2 Corinthians 1 in the NNT

2 Corinthians 1 in the NNT2

2 Corinthians 1 in the NNT3

2 Corinthians 1 in the PDDPT

2 Corinthians 1 in the PFNT

2 Corinthians 1 in the RMNT

2 Corinthians 1 in the SBIAS

2 Corinthians 1 in the SBIBS

2 Corinthians 1 in the SBIBS2

2 Corinthians 1 in the SBICS

2 Corinthians 1 in the SBIDS

2 Corinthians 1 in the SBIGS

2 Corinthians 1 in the SBIHS

2 Corinthians 1 in the SBIIS

2 Corinthians 1 in the SBIIS2

2 Corinthians 1 in the SBIIS3

2 Corinthians 1 in the SBIKS

2 Corinthians 1 in the SBIKS2

2 Corinthians 1 in the SBIMS

2 Corinthians 1 in the SBIOS

2 Corinthians 1 in the SBIPS

2 Corinthians 1 in the SBISS

2 Corinthians 1 in the SBITS

2 Corinthians 1 in the SBITS2

2 Corinthians 1 in the SBITS3

2 Corinthians 1 in the SBITS4

2 Corinthians 1 in the SBIUS

2 Corinthians 1 in the SBIVS

2 Corinthians 1 in the SBT

2 Corinthians 1 in the SBT1E

2 Corinthians 1 in the SCHL

2 Corinthians 1 in the SNT

2 Corinthians 1 in the SUSU

2 Corinthians 1 in the SUSU2

2 Corinthians 1 in the SYNO

2 Corinthians 1 in the TBIAOTANT

2 Corinthians 1 in the TBT1E

2 Corinthians 1 in the TBT1E2

2 Corinthians 1 in the TFTIP

2 Corinthians 1 in the TFTU

2 Corinthians 1 in the TGNTATF3T

2 Corinthians 1 in the THAI

2 Corinthians 1 in the TNFD

2 Corinthians 1 in the TNT

2 Corinthians 1 in the TNTIK

2 Corinthians 1 in the TNTIL

2 Corinthians 1 in the TNTIN

2 Corinthians 1 in the TNTIP

2 Corinthians 1 in the TNTIZ

2 Corinthians 1 in the TOMA

2 Corinthians 1 in the TTENT

2 Corinthians 1 in the UBG

2 Corinthians 1 in the UGV

2 Corinthians 1 in the UGV2

2 Corinthians 1 in the UGV3

2 Corinthians 1 in the VBL

2 Corinthians 1 in the VDCC

2 Corinthians 1 in the YALU

2 Corinthians 1 in the YAPE

2 Corinthians 1 in the YBVTP

2 Corinthians 1 in the ZBP