2 Corinthians 5 (BOATCB2)

1 Yenim sɛ sɛ yewu na yegyaw saa nipadua yi a yebenya nipadua foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. 2 Mprempren, yesi apini pɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho, 3 efisɛ sɛ wɔde kata yɛn ho a yɛn ho renna hɔ bio. 4 Na sɛ yɛwɔ saa ɔhonam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yegyaw nipadua no, na mmom yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no. 5 Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyinade. 6 Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim sɛ mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware. 7 Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so. 8 Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebetu afi yɛn fi wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi. 9 Sɛ yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sen biribiara. 10 Efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase wɔ nipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn. 11 Efisɛ yenim sɛnea yesuro Awurade nti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso sɛ munim me nso wɔ mo koma mu. 12 Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde nnipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13 Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, eye ma mo yiyedi. 14 Afei a yɛahu sɛ onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wu no mu kyɛfa bi. 15 Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no. 16 Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio. 17 Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba. 18 Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforo ntam mpata dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 19 Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoe asɛnka ho dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 20 Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. 21 Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.

In Other Versions

2 Corinthians 5 in the ANGEFD

2 Corinthians 5 in the ANTPNG2D

2 Corinthians 5 in the AS21

2 Corinthians 5 in the BAGH

2 Corinthians 5 in the BBPNG

2 Corinthians 5 in the BBT1E

2 Corinthians 5 in the BDS

2 Corinthians 5 in the BEV

2 Corinthians 5 in the BHAD

2 Corinthians 5 in the BIB

2 Corinthians 5 in the BLPT

2 Corinthians 5 in the BNT

2 Corinthians 5 in the BNTABOOT

2 Corinthians 5 in the BNTLV

2 Corinthians 5 in the BOATCB

2 Corinthians 5 in the BOBCV

2 Corinthians 5 in the BOCNT

2 Corinthians 5 in the BOECS

2 Corinthians 5 in the BOGWICC

2 Corinthians 5 in the BOHCB

2 Corinthians 5 in the BOHCV

2 Corinthians 5 in the BOHLNT

2 Corinthians 5 in the BOHNTLTAL

2 Corinthians 5 in the BOICB

2 Corinthians 5 in the BOILNTAP

2 Corinthians 5 in the BOITCV

2 Corinthians 5 in the BOKCV

2 Corinthians 5 in the BOKCV2

2 Corinthians 5 in the BOKHWOG

2 Corinthians 5 in the BOKSSV

2 Corinthians 5 in the BOLCB

2 Corinthians 5 in the BOLCB2

2 Corinthians 5 in the BOMCV

2 Corinthians 5 in the BONAV

2 Corinthians 5 in the BONCB

2 Corinthians 5 in the BONLT

2 Corinthians 5 in the BONUT2

2 Corinthians 5 in the BOPLNT

2 Corinthians 5 in the BOSCB

2 Corinthians 5 in the BOSNC

2 Corinthians 5 in the BOTLNT

2 Corinthians 5 in the BOVCB

2 Corinthians 5 in the BOYCB

2 Corinthians 5 in the BPBB

2 Corinthians 5 in the BPH

2 Corinthians 5 in the BSB

2 Corinthians 5 in the CCB

2 Corinthians 5 in the CUV

2 Corinthians 5 in the CUVS

2 Corinthians 5 in the DBT

2 Corinthians 5 in the DGDNT

2 Corinthians 5 in the DHNT

2 Corinthians 5 in the DNT

2 Corinthians 5 in the ELBE

2 Corinthians 5 in the EMTV

2 Corinthians 5 in the ESV

2 Corinthians 5 in the FBV

2 Corinthians 5 in the FEB

2 Corinthians 5 in the GGMNT

2 Corinthians 5 in the GNT

2 Corinthians 5 in the HARY

2 Corinthians 5 in the HNT

2 Corinthians 5 in the IRVA

2 Corinthians 5 in the IRVB

2 Corinthians 5 in the IRVG

2 Corinthians 5 in the IRVH

2 Corinthians 5 in the IRVK

2 Corinthians 5 in the IRVM

2 Corinthians 5 in the IRVM2

2 Corinthians 5 in the IRVO

2 Corinthians 5 in the IRVP

2 Corinthians 5 in the IRVT

2 Corinthians 5 in the IRVT2

2 Corinthians 5 in the IRVU

2 Corinthians 5 in the ISVN

2 Corinthians 5 in the JSNT

2 Corinthians 5 in the KAPI

2 Corinthians 5 in the KBT1ETNIK

2 Corinthians 5 in the KBV

2 Corinthians 5 in the KJV

2 Corinthians 5 in the KNFD

2 Corinthians 5 in the LBA

2 Corinthians 5 in the LBLA

2 Corinthians 5 in the LNT

2 Corinthians 5 in the LSV

2 Corinthians 5 in the MAAL

2 Corinthians 5 in the MBV

2 Corinthians 5 in the MBV2

2 Corinthians 5 in the MHNT

2 Corinthians 5 in the MKNFD

2 Corinthians 5 in the MNG

2 Corinthians 5 in the MNT

2 Corinthians 5 in the MNT2

2 Corinthians 5 in the MRS1T

2 Corinthians 5 in the NAA

2 Corinthians 5 in the NASB

2 Corinthians 5 in the NBLA

2 Corinthians 5 in the NBS

2 Corinthians 5 in the NBVTP

2 Corinthians 5 in the NET2

2 Corinthians 5 in the NIV11

2 Corinthians 5 in the NNT

2 Corinthians 5 in the NNT2

2 Corinthians 5 in the NNT3

2 Corinthians 5 in the PDDPT

2 Corinthians 5 in the PFNT

2 Corinthians 5 in the RMNT

2 Corinthians 5 in the SBIAS

2 Corinthians 5 in the SBIBS

2 Corinthians 5 in the SBIBS2

2 Corinthians 5 in the SBICS

2 Corinthians 5 in the SBIDS

2 Corinthians 5 in the SBIGS

2 Corinthians 5 in the SBIHS

2 Corinthians 5 in the SBIIS

2 Corinthians 5 in the SBIIS2

2 Corinthians 5 in the SBIIS3

2 Corinthians 5 in the SBIKS

2 Corinthians 5 in the SBIKS2

2 Corinthians 5 in the SBIMS

2 Corinthians 5 in the SBIOS

2 Corinthians 5 in the SBIPS

2 Corinthians 5 in the SBISS

2 Corinthians 5 in the SBITS

2 Corinthians 5 in the SBITS2

2 Corinthians 5 in the SBITS3

2 Corinthians 5 in the SBITS4

2 Corinthians 5 in the SBIUS

2 Corinthians 5 in the SBIVS

2 Corinthians 5 in the SBT

2 Corinthians 5 in the SBT1E

2 Corinthians 5 in the SCHL

2 Corinthians 5 in the SNT

2 Corinthians 5 in the SUSU

2 Corinthians 5 in the SUSU2

2 Corinthians 5 in the SYNO

2 Corinthians 5 in the TBIAOTANT

2 Corinthians 5 in the TBT1E

2 Corinthians 5 in the TBT1E2

2 Corinthians 5 in the TFTIP

2 Corinthians 5 in the TFTU

2 Corinthians 5 in the TGNTATF3T

2 Corinthians 5 in the THAI

2 Corinthians 5 in the TNFD

2 Corinthians 5 in the TNT

2 Corinthians 5 in the TNTIK

2 Corinthians 5 in the TNTIL

2 Corinthians 5 in the TNTIN

2 Corinthians 5 in the TNTIP

2 Corinthians 5 in the TNTIZ

2 Corinthians 5 in the TOMA

2 Corinthians 5 in the TTENT

2 Corinthians 5 in the UBG

2 Corinthians 5 in the UGV

2 Corinthians 5 in the UGV2

2 Corinthians 5 in the UGV3

2 Corinthians 5 in the VBL

2 Corinthians 5 in the VDCC

2 Corinthians 5 in the YALU

2 Corinthians 5 in the YAPE

2 Corinthians 5 in the YBVTP

2 Corinthians 5 in the ZBP