2 Kings 1 (BOATCB2)

1 Ɔhene Ahab wu akyi no, Moabman tew wɔn ho fii Israel ho, nyaa wɔn ahofadi. 2 Da bi, Israelhene foforo Ahasia fii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfi mfɛnsere mu tew hwee fam, ma opiraa yiye. Enti ɔsomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub Ekron nyame nkyɛn abisa, kobisaa sɛ obenya ahoɔden ana. 3 Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’ 4 Mprempren, sɛnea Awurade se ni: ‘Worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no. 5 Bere a abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na moaba ntɛm saa?” 6 Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi AWURADE nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” 7 Ɔhene no bisae se, “Na saa ɔbarima no yɛ hena? Na ɔte dɛn?” 8 Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.”Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.” 9 Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.” 10 Na Elia buaa ɔsahene no se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa. 11 Enti ɔhene no san somaa ɔsafohene foforo a asraafo aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene se bra mprempren ara.” 12 Elia buae se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa. 13 Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafo aduonum. Saa bere yi de, ɔsafohene no kobuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfo aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. 14 Hwɛ sɛnea ogya fi ɔsoro abɛhyew akuw abien a wodi kan no. Nanso mprempren mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!” 15 Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Elia se, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn. 16 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛnea AWURADE se ni: Adɛn nti na wosomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara wubewu.” 17 Na Ahasia wui sɛnea AWURADE nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu. 18 Nsɛm a esisii wɔ Ahasia ahenni mu no nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

In Other Versions

2 Kings 1 in the ANGEFD

2 Kings 1 in the ANTPNG2D

2 Kings 1 in the AS21

2 Kings 1 in the BAGH

2 Kings 1 in the BBPNG

2 Kings 1 in the BBT1E

2 Kings 1 in the BDS

2 Kings 1 in the BEV

2 Kings 1 in the BHAD

2 Kings 1 in the BIB

2 Kings 1 in the BLPT

2 Kings 1 in the BNT

2 Kings 1 in the BNTABOOT

2 Kings 1 in the BNTLV

2 Kings 1 in the BOATCB

2 Kings 1 in the BOBCV

2 Kings 1 in the BOCNT

2 Kings 1 in the BOECS

2 Kings 1 in the BOGWICC

2 Kings 1 in the BOHCB

2 Kings 1 in the BOHCV

2 Kings 1 in the BOHLNT

2 Kings 1 in the BOHNTLTAL

2 Kings 1 in the BOICB

2 Kings 1 in the BOILNTAP

2 Kings 1 in the BOITCV

2 Kings 1 in the BOKCV

2 Kings 1 in the BOKCV2

2 Kings 1 in the BOKHWOG

2 Kings 1 in the BOKSSV

2 Kings 1 in the BOLCB

2 Kings 1 in the BOLCB2

2 Kings 1 in the BOMCV

2 Kings 1 in the BONAV

2 Kings 1 in the BONCB

2 Kings 1 in the BONLT

2 Kings 1 in the BONUT2

2 Kings 1 in the BOPLNT

2 Kings 1 in the BOSCB

2 Kings 1 in the BOSNC

2 Kings 1 in the BOTLNT

2 Kings 1 in the BOVCB

2 Kings 1 in the BOYCB

2 Kings 1 in the BPBB

2 Kings 1 in the BPH

2 Kings 1 in the BSB

2 Kings 1 in the CCB

2 Kings 1 in the CUV

2 Kings 1 in the CUVS

2 Kings 1 in the DBT

2 Kings 1 in the DGDNT

2 Kings 1 in the DHNT

2 Kings 1 in the DNT

2 Kings 1 in the ELBE

2 Kings 1 in the EMTV

2 Kings 1 in the ESV

2 Kings 1 in the FBV

2 Kings 1 in the FEB

2 Kings 1 in the GGMNT

2 Kings 1 in the GNT

2 Kings 1 in the HARY

2 Kings 1 in the HNT

2 Kings 1 in the IRVA

2 Kings 1 in the IRVB

2 Kings 1 in the IRVG

2 Kings 1 in the IRVH

2 Kings 1 in the IRVK

2 Kings 1 in the IRVM

2 Kings 1 in the IRVM2

2 Kings 1 in the IRVO

2 Kings 1 in the IRVP

2 Kings 1 in the IRVT

2 Kings 1 in the IRVT2

2 Kings 1 in the IRVU

2 Kings 1 in the ISVN

2 Kings 1 in the JSNT

2 Kings 1 in the KAPI

2 Kings 1 in the KBT1ETNIK

2 Kings 1 in the KBV

2 Kings 1 in the KJV

2 Kings 1 in the KNFD

2 Kings 1 in the LBA

2 Kings 1 in the LBLA

2 Kings 1 in the LNT

2 Kings 1 in the LSV

2 Kings 1 in the MAAL

2 Kings 1 in the MBV

2 Kings 1 in the MBV2

2 Kings 1 in the MHNT

2 Kings 1 in the MKNFD

2 Kings 1 in the MNG

2 Kings 1 in the MNT

2 Kings 1 in the MNT2

2 Kings 1 in the MRS1T

2 Kings 1 in the NAA

2 Kings 1 in the NASB

2 Kings 1 in the NBLA

2 Kings 1 in the NBS

2 Kings 1 in the NBVTP

2 Kings 1 in the NET2

2 Kings 1 in the NIV11

2 Kings 1 in the NNT

2 Kings 1 in the NNT2

2 Kings 1 in the NNT3

2 Kings 1 in the PDDPT

2 Kings 1 in the PFNT

2 Kings 1 in the RMNT

2 Kings 1 in the SBIAS

2 Kings 1 in the SBIBS

2 Kings 1 in the SBIBS2

2 Kings 1 in the SBICS

2 Kings 1 in the SBIDS

2 Kings 1 in the SBIGS

2 Kings 1 in the SBIHS

2 Kings 1 in the SBIIS

2 Kings 1 in the SBIIS2

2 Kings 1 in the SBIIS3

2 Kings 1 in the SBIKS

2 Kings 1 in the SBIKS2

2 Kings 1 in the SBIMS

2 Kings 1 in the SBIOS

2 Kings 1 in the SBIPS

2 Kings 1 in the SBISS

2 Kings 1 in the SBITS

2 Kings 1 in the SBITS2

2 Kings 1 in the SBITS3

2 Kings 1 in the SBITS4

2 Kings 1 in the SBIUS

2 Kings 1 in the SBIVS

2 Kings 1 in the SBT

2 Kings 1 in the SBT1E

2 Kings 1 in the SCHL

2 Kings 1 in the SNT

2 Kings 1 in the SUSU

2 Kings 1 in the SUSU2

2 Kings 1 in the SYNO

2 Kings 1 in the TBIAOTANT

2 Kings 1 in the TBT1E

2 Kings 1 in the TBT1E2

2 Kings 1 in the TFTIP

2 Kings 1 in the TFTU

2 Kings 1 in the TGNTATF3T

2 Kings 1 in the THAI

2 Kings 1 in the TNFD

2 Kings 1 in the TNT

2 Kings 1 in the TNTIK

2 Kings 1 in the TNTIL

2 Kings 1 in the TNTIN

2 Kings 1 in the TNTIP

2 Kings 1 in the TNTIZ

2 Kings 1 in the TOMA

2 Kings 1 in the TTENT

2 Kings 1 in the UBG

2 Kings 1 in the UGV

2 Kings 1 in the UGV2

2 Kings 1 in the UGV3

2 Kings 1 in the VBL

2 Kings 1 in the VDCC

2 Kings 1 in the YALU

2 Kings 1 in the YAPE

2 Kings 1 in the YBVTP

2 Kings 1 in the ZBP