2 Samuel 21 (BOATCB2)

1 Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa AWURADE ɔkɔm no ho asɛm. Na AWURADE kae se, “Esiane fɔ a Saulo ne ne fifo di wɔ kunkum a wokunkum Gibeonfo no ho nti na ɔkɔm saa aba no.” 2 Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. 3 Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE behyira ne nkurɔfo bio.” 4 Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.”Enti Dawid kɔɔ so bisaa wɔn se, “Enti dɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.” 5 Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel. 6 Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ AWURADE anim wɔ Gibea bepɔw no so.”Ɔhene no kaa se, “Eye. Mɛyɛ.” 7 Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ AWURADE anim no nti. 8 Nanso ɔde Saulo mmabarima baanu a na wɔn din de Armoni ne Mefiboset a na wɔn mama Rispa no yɛ Aia babea no maa wɔn. Ɔsan de Saulo babea Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ofi Mehola no yere mmabarima baanum no mae. 9 Na Gibeon mmarima no kunkum wɔn wɔ bepɔw no so wɔ AWURADE anim. Enti nnipa baason no nyinaa, wokunkum wɔn wɔ bere a wɔrefi atokotwa afahyɛ no ase no. 10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan. 11 Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12 ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.) 13 Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae. 14 Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so. 15 Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe. 16 Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no. 17 Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.” 18 Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi. 19 Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa. 20 Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no 21 pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no. 22 Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.

In Other Versions

2 Samuel 21 in the ANGEFD

2 Samuel 21 in the ANTPNG2D

2 Samuel 21 in the AS21

2 Samuel 21 in the BAGH

2 Samuel 21 in the BBPNG

2 Samuel 21 in the BBT1E

2 Samuel 21 in the BDS

2 Samuel 21 in the BEV

2 Samuel 21 in the BHAD

2 Samuel 21 in the BIB

2 Samuel 21 in the BLPT

2 Samuel 21 in the BNT

2 Samuel 21 in the BNTABOOT

2 Samuel 21 in the BNTLV

2 Samuel 21 in the BOATCB

2 Samuel 21 in the BOBCV

2 Samuel 21 in the BOCNT

2 Samuel 21 in the BOECS

2 Samuel 21 in the BOGWICC

2 Samuel 21 in the BOHCB

2 Samuel 21 in the BOHCV

2 Samuel 21 in the BOHLNT

2 Samuel 21 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 21 in the BOICB

2 Samuel 21 in the BOILNTAP

2 Samuel 21 in the BOITCV

2 Samuel 21 in the BOKCV

2 Samuel 21 in the BOKCV2

2 Samuel 21 in the BOKHWOG

2 Samuel 21 in the BOKSSV

2 Samuel 21 in the BOLCB

2 Samuel 21 in the BOLCB2

2 Samuel 21 in the BOMCV

2 Samuel 21 in the BONAV

2 Samuel 21 in the BONCB

2 Samuel 21 in the BONLT

2 Samuel 21 in the BONUT2

2 Samuel 21 in the BOPLNT

2 Samuel 21 in the BOSCB

2 Samuel 21 in the BOSNC

2 Samuel 21 in the BOTLNT

2 Samuel 21 in the BOVCB

2 Samuel 21 in the BOYCB

2 Samuel 21 in the BPBB

2 Samuel 21 in the BPH

2 Samuel 21 in the BSB

2 Samuel 21 in the CCB

2 Samuel 21 in the CUV

2 Samuel 21 in the CUVS

2 Samuel 21 in the DBT

2 Samuel 21 in the DGDNT

2 Samuel 21 in the DHNT

2 Samuel 21 in the DNT

2 Samuel 21 in the ELBE

2 Samuel 21 in the EMTV

2 Samuel 21 in the ESV

2 Samuel 21 in the FBV

2 Samuel 21 in the FEB

2 Samuel 21 in the GGMNT

2 Samuel 21 in the GNT

2 Samuel 21 in the HARY

2 Samuel 21 in the HNT

2 Samuel 21 in the IRVA

2 Samuel 21 in the IRVB

2 Samuel 21 in the IRVG

2 Samuel 21 in the IRVH

2 Samuel 21 in the IRVK

2 Samuel 21 in the IRVM

2 Samuel 21 in the IRVM2

2 Samuel 21 in the IRVO

2 Samuel 21 in the IRVP

2 Samuel 21 in the IRVT

2 Samuel 21 in the IRVT2

2 Samuel 21 in the IRVU

2 Samuel 21 in the ISVN

2 Samuel 21 in the JSNT

2 Samuel 21 in the KAPI

2 Samuel 21 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 21 in the KBV

2 Samuel 21 in the KJV

2 Samuel 21 in the KNFD

2 Samuel 21 in the LBA

2 Samuel 21 in the LBLA

2 Samuel 21 in the LNT

2 Samuel 21 in the LSV

2 Samuel 21 in the MAAL

2 Samuel 21 in the MBV

2 Samuel 21 in the MBV2

2 Samuel 21 in the MHNT

2 Samuel 21 in the MKNFD

2 Samuel 21 in the MNG

2 Samuel 21 in the MNT

2 Samuel 21 in the MNT2

2 Samuel 21 in the MRS1T

2 Samuel 21 in the NAA

2 Samuel 21 in the NASB

2 Samuel 21 in the NBLA

2 Samuel 21 in the NBS

2 Samuel 21 in the NBVTP

2 Samuel 21 in the NET2

2 Samuel 21 in the NIV11

2 Samuel 21 in the NNT

2 Samuel 21 in the NNT2

2 Samuel 21 in the NNT3

2 Samuel 21 in the PDDPT

2 Samuel 21 in the PFNT

2 Samuel 21 in the RMNT

2 Samuel 21 in the SBIAS

2 Samuel 21 in the SBIBS

2 Samuel 21 in the SBIBS2

2 Samuel 21 in the SBICS

2 Samuel 21 in the SBIDS

2 Samuel 21 in the SBIGS

2 Samuel 21 in the SBIHS

2 Samuel 21 in the SBIIS

2 Samuel 21 in the SBIIS2

2 Samuel 21 in the SBIIS3

2 Samuel 21 in the SBIKS

2 Samuel 21 in the SBIKS2

2 Samuel 21 in the SBIMS

2 Samuel 21 in the SBIOS

2 Samuel 21 in the SBIPS

2 Samuel 21 in the SBISS

2 Samuel 21 in the SBITS

2 Samuel 21 in the SBITS2

2 Samuel 21 in the SBITS3

2 Samuel 21 in the SBITS4

2 Samuel 21 in the SBIUS

2 Samuel 21 in the SBIVS

2 Samuel 21 in the SBT

2 Samuel 21 in the SBT1E

2 Samuel 21 in the SCHL

2 Samuel 21 in the SNT

2 Samuel 21 in the SUSU

2 Samuel 21 in the SUSU2

2 Samuel 21 in the SYNO

2 Samuel 21 in the TBIAOTANT

2 Samuel 21 in the TBT1E

2 Samuel 21 in the TBT1E2

2 Samuel 21 in the TFTIP

2 Samuel 21 in the TFTU

2 Samuel 21 in the TGNTATF3T

2 Samuel 21 in the THAI

2 Samuel 21 in the TNFD

2 Samuel 21 in the TNT

2 Samuel 21 in the TNTIK

2 Samuel 21 in the TNTIL

2 Samuel 21 in the TNTIN

2 Samuel 21 in the TNTIP

2 Samuel 21 in the TNTIZ

2 Samuel 21 in the TOMA

2 Samuel 21 in the TTENT

2 Samuel 21 in the UBG

2 Samuel 21 in the UGV

2 Samuel 21 in the UGV2

2 Samuel 21 in the UGV3

2 Samuel 21 in the VBL

2 Samuel 21 in the VDCC

2 Samuel 21 in the YALU

2 Samuel 21 in the YAPE

2 Samuel 21 in the YBVTP

2 Samuel 21 in the ZBP