Colossians 3 (BOATCB2)
1 Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei munnwen ɔsoro nneɛma ho, faako a Kristo te, Onyankopɔn nifa so, di hene no. 2 Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma. 3 Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu. 4 Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanuonyam mu. 5 Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu. 6 Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba. 7 Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi. 8 Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom. 9 Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene 10 de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma. 11 Esiane saa nti, amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu. 12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre. 13 Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no. 14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho. 15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi. 16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. 17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase. 18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ wɔ Awurade mu. 19 Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew. 20 Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 21 Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu. 22 Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ. 23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. 24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no. 25 Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu.
In Other Versions
Colossians 3 in the ANGEFD
Colossians 3 in the ANTPNG2D
Colossians 3 in the AS21
Colossians 3 in the BAGH
Colossians 3 in the BBPNG
Colossians 3 in the BBT1E
Colossians 3 in the BDS
Colossians 3 in the BEV
Colossians 3 in the BHAD
Colossians 3 in the BIB
Colossians 3 in the BLPT
Colossians 3 in the BNT
Colossians 3 in the BNTABOOT
Colossians 3 in the BNTLV
Colossians 3 in the BOATCB
Colossians 3 in the BOBCV
Colossians 3 in the BOCNT
Colossians 3 in the BOECS
Colossians 3 in the BOGWICC
Colossians 3 in the BOHCB
Colossians 3 in the BOHCV
Colossians 3 in the BOHLNT
Colossians 3 in the BOHNTLTAL
Colossians 3 in the BOICB
Colossians 3 in the BOILNTAP
Colossians 3 in the BOITCV
Colossians 3 in the BOKCV
Colossians 3 in the BOKCV2
Colossians 3 in the BOKHWOG
Colossians 3 in the BOKSSV
Colossians 3 in the BOLCB
Colossians 3 in the BOLCB2
Colossians 3 in the BOMCV
Colossians 3 in the BONAV
Colossians 3 in the BONCB
Colossians 3 in the BONLT
Colossians 3 in the BONUT2
Colossians 3 in the BOPLNT
Colossians 3 in the BOSCB
Colossians 3 in the BOSNC
Colossians 3 in the BOTLNT
Colossians 3 in the BOVCB
Colossians 3 in the BOYCB
Colossians 3 in the BPBB
Colossians 3 in the BPH
Colossians 3 in the BSB
Colossians 3 in the CCB
Colossians 3 in the CUV
Colossians 3 in the CUVS
Colossians 3 in the DBT
Colossians 3 in the DGDNT
Colossians 3 in the DHNT
Colossians 3 in the DNT
Colossians 3 in the ELBE
Colossians 3 in the EMTV
Colossians 3 in the ESV
Colossians 3 in the FBV
Colossians 3 in the FEB
Colossians 3 in the GGMNT
Colossians 3 in the GNT
Colossians 3 in the HARY
Colossians 3 in the HNT
Colossians 3 in the IRVA
Colossians 3 in the IRVB
Colossians 3 in the IRVG
Colossians 3 in the IRVH
Colossians 3 in the IRVK
Colossians 3 in the IRVM
Colossians 3 in the IRVM2
Colossians 3 in the IRVO
Colossians 3 in the IRVP
Colossians 3 in the IRVT
Colossians 3 in the IRVT2
Colossians 3 in the IRVU
Colossians 3 in the ISVN
Colossians 3 in the JSNT
Colossians 3 in the KAPI
Colossians 3 in the KBT1ETNIK
Colossians 3 in the KBV
Colossians 3 in the KJV
Colossians 3 in the KNFD
Colossians 3 in the LBA
Colossians 3 in the LBLA
Colossians 3 in the LNT
Colossians 3 in the LSV
Colossians 3 in the MAAL
Colossians 3 in the MBV
Colossians 3 in the MBV2
Colossians 3 in the MHNT
Colossians 3 in the MKNFD
Colossians 3 in the MNG
Colossians 3 in the MNT
Colossians 3 in the MNT2
Colossians 3 in the MRS1T
Colossians 3 in the NAA
Colossians 3 in the NASB
Colossians 3 in the NBLA
Colossians 3 in the NBS
Colossians 3 in the NBVTP
Colossians 3 in the NET2
Colossians 3 in the NIV11
Colossians 3 in the NNT
Colossians 3 in the NNT2
Colossians 3 in the NNT3
Colossians 3 in the PDDPT
Colossians 3 in the PFNT
Colossians 3 in the RMNT
Colossians 3 in the SBIAS
Colossians 3 in the SBIBS
Colossians 3 in the SBIBS2
Colossians 3 in the SBICS
Colossians 3 in the SBIDS
Colossians 3 in the SBIGS
Colossians 3 in the SBIHS
Colossians 3 in the SBIIS
Colossians 3 in the SBIIS2
Colossians 3 in the SBIIS3
Colossians 3 in the SBIKS
Colossians 3 in the SBIKS2
Colossians 3 in the SBIMS
Colossians 3 in the SBIOS
Colossians 3 in the SBIPS
Colossians 3 in the SBISS
Colossians 3 in the SBITS
Colossians 3 in the SBITS2
Colossians 3 in the SBITS3
Colossians 3 in the SBITS4
Colossians 3 in the SBIUS
Colossians 3 in the SBIVS
Colossians 3 in the SBT
Colossians 3 in the SBT1E
Colossians 3 in the SCHL
Colossians 3 in the SNT
Colossians 3 in the SUSU
Colossians 3 in the SUSU2
Colossians 3 in the SYNO
Colossians 3 in the TBIAOTANT
Colossians 3 in the TBT1E
Colossians 3 in the TBT1E2
Colossians 3 in the TFTIP
Colossians 3 in the TFTU
Colossians 3 in the TGNTATF3T
Colossians 3 in the THAI
Colossians 3 in the TNFD
Colossians 3 in the TNT
Colossians 3 in the TNTIK
Colossians 3 in the TNTIL
Colossians 3 in the TNTIN
Colossians 3 in the TNTIP
Colossians 3 in the TNTIZ
Colossians 3 in the TOMA
Colossians 3 in the TTENT
Colossians 3 in the UBG
Colossians 3 in the UGV
Colossians 3 in the UGV2
Colossians 3 in the UGV3
Colossians 3 in the VBL
Colossians 3 in the VDCC
Colossians 3 in the YALU
Colossians 3 in the YAPE
Colossians 3 in the YBVTP
Colossians 3 in the ZBP