Daniel 1 (BOATCB2)
1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano. 2 AWURADE maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so. 3 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ, 4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma. 5 Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo. 6 Mmerante baanan bi a woyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa fi Yuda abusuakuw mu. 7 Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego. 8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi. 9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa piamfohene no anim adɔe ne mmɔborɔhunu. 10 Piamfohene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ munni saa aduan yi, na monnom nsa no. Sɛ mofonfɔn na wɔde mo toto mmabun a wɔyɛ mo tipɛnfo no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ matoto mʼadwuma ase.” 11 Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfo a piamfohene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no se, 12 “Ma yɛn nhabamma ne nsu nnadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. 13 Afei fa yɛn toto mmerante afoforo no a wɔredi ɔhene nnuan pa no ho, na hwɛ sɛnea yɛte. Ɛno akyi, yɛ wo nkoa sɛnea wuhu.” 14 Enti ɔsomfo no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ nnadu. 15 Nnadu no akyi, wohuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sen mmerante a wodii ahennuan no nyinaa. 16 Enti ɔsomfo no sii gyinae sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhabamma nko ara, na wamfa ahennuan amma wɔn. 17 Na mmerantewa baanan yi Nyankopɔn maa wɔn nhomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehu ne dae nkyerɛase ho nimdeɛ. 18 Bere a ɔhene no ahyɛ no soe no, ɔpanyin no de mmerante yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. 19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasae, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti wɔde wɔn kaa ɔhene no piamfo no ho. 20 Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du. 21 Daniel tenaa hɔ ara kosii ɔhene Kores adedi afe a edi kan mu.
In Other Versions
Daniel 1 in the ANGEFD
Daniel 1 in the ANTPNG2D
Daniel 1 in the AS21
Daniel 1 in the BAGH
Daniel 1 in the BBPNG
Daniel 1 in the BBT1E
Daniel 1 in the BDS
Daniel 1 in the BEV
Daniel 1 in the BHAD
Daniel 1 in the BIB
Daniel 1 in the BLPT
Daniel 1 in the BNT
Daniel 1 in the BNTABOOT
Daniel 1 in the BNTLV
Daniel 1 in the BOATCB
Daniel 1 in the BOBCV
Daniel 1 in the BOCNT
Daniel 1 in the BOECS
Daniel 1 in the BOGWICC
Daniel 1 in the BOHCB
Daniel 1 in the BOHCV
Daniel 1 in the BOHLNT
Daniel 1 in the BOHNTLTAL
Daniel 1 in the BOICB
Daniel 1 in the BOILNTAP
Daniel 1 in the BOITCV
Daniel 1 in the BOKCV
Daniel 1 in the BOKCV2
Daniel 1 in the BOKHWOG
Daniel 1 in the BOKSSV
Daniel 1 in the BOLCB
Daniel 1 in the BOLCB2
Daniel 1 in the BOMCV
Daniel 1 in the BONAV
Daniel 1 in the BONCB
Daniel 1 in the BONLT
Daniel 1 in the BONUT2
Daniel 1 in the BOPLNT
Daniel 1 in the BOSCB
Daniel 1 in the BOSNC
Daniel 1 in the BOTLNT
Daniel 1 in the BOVCB
Daniel 1 in the BOYCB
Daniel 1 in the BPBB
Daniel 1 in the BPH
Daniel 1 in the BSB
Daniel 1 in the CCB
Daniel 1 in the CUV
Daniel 1 in the CUVS
Daniel 1 in the DBT
Daniel 1 in the DGDNT
Daniel 1 in the DHNT
Daniel 1 in the DNT
Daniel 1 in the ELBE
Daniel 1 in the EMTV
Daniel 1 in the ESV
Daniel 1 in the FBV
Daniel 1 in the FEB
Daniel 1 in the GGMNT
Daniel 1 in the GNT
Daniel 1 in the HARY
Daniel 1 in the HNT
Daniel 1 in the IRVA
Daniel 1 in the IRVB
Daniel 1 in the IRVG
Daniel 1 in the IRVH
Daniel 1 in the IRVK
Daniel 1 in the IRVM
Daniel 1 in the IRVM2
Daniel 1 in the IRVO
Daniel 1 in the IRVP
Daniel 1 in the IRVT
Daniel 1 in the IRVT2
Daniel 1 in the IRVU
Daniel 1 in the ISVN
Daniel 1 in the JSNT
Daniel 1 in the KAPI
Daniel 1 in the KBT1ETNIK
Daniel 1 in the KBV
Daniel 1 in the KJV
Daniel 1 in the KNFD
Daniel 1 in the LBA
Daniel 1 in the LBLA
Daniel 1 in the LNT
Daniel 1 in the LSV
Daniel 1 in the MAAL
Daniel 1 in the MBV
Daniel 1 in the MBV2
Daniel 1 in the MHNT
Daniel 1 in the MKNFD
Daniel 1 in the MNG
Daniel 1 in the MNT
Daniel 1 in the MNT2
Daniel 1 in the MRS1T
Daniel 1 in the NAA
Daniel 1 in the NASB
Daniel 1 in the NBLA
Daniel 1 in the NBS
Daniel 1 in the NBVTP
Daniel 1 in the NET2
Daniel 1 in the NIV11
Daniel 1 in the NNT
Daniel 1 in the NNT2
Daniel 1 in the NNT3
Daniel 1 in the PDDPT
Daniel 1 in the PFNT
Daniel 1 in the RMNT
Daniel 1 in the SBIAS
Daniel 1 in the SBIBS
Daniel 1 in the SBIBS2
Daniel 1 in the SBICS
Daniel 1 in the SBIDS
Daniel 1 in the SBIGS
Daniel 1 in the SBIHS
Daniel 1 in the SBIIS
Daniel 1 in the SBIIS2
Daniel 1 in the SBIIS3
Daniel 1 in the SBIKS
Daniel 1 in the SBIKS2
Daniel 1 in the SBIMS
Daniel 1 in the SBIOS
Daniel 1 in the SBIPS
Daniel 1 in the SBISS
Daniel 1 in the SBITS
Daniel 1 in the SBITS2
Daniel 1 in the SBITS3
Daniel 1 in the SBITS4
Daniel 1 in the SBIUS
Daniel 1 in the SBIVS
Daniel 1 in the SBT
Daniel 1 in the SBT1E
Daniel 1 in the SCHL
Daniel 1 in the SNT
Daniel 1 in the SUSU
Daniel 1 in the SUSU2
Daniel 1 in the SYNO
Daniel 1 in the TBIAOTANT
Daniel 1 in the TBT1E
Daniel 1 in the TBT1E2
Daniel 1 in the TFTIP
Daniel 1 in the TFTU
Daniel 1 in the TGNTATF3T
Daniel 1 in the THAI
Daniel 1 in the TNFD
Daniel 1 in the TNT
Daniel 1 in the TNTIK
Daniel 1 in the TNTIL
Daniel 1 in the TNTIN
Daniel 1 in the TNTIP
Daniel 1 in the TNTIZ
Daniel 1 in the TOMA
Daniel 1 in the TTENT
Daniel 1 in the UBG
Daniel 1 in the UGV
Daniel 1 in the UGV2
Daniel 1 in the UGV3
Daniel 1 in the VBL
Daniel 1 in the VDCC
Daniel 1 in the YALU
Daniel 1 in the YAPE
Daniel 1 in the YBVTP
Daniel 1 in the ZBP