Genesis 17 (BOATCB2)

1 Abram dii mfe aduɔkron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ. 2 Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.” 3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, 4 “Me fa mu de, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya. 6 Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu. 7 Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn. 8 Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.” 9 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so. 10 Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia. 11 Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. 12 Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara. 13 Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. 14 Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.” 15 Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. 16 Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.” 17 Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?” 18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!” 19 Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. 20 Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse. 21 Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wiee no, ogyaw no hɔ kɔe. 23 Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24 Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron. 25 Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa. 26 Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27 Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

In Other Versions

Genesis 17 in the ANGEFD

Genesis 17 in the ANTPNG2D

Genesis 17 in the AS21

Genesis 17 in the BAGH

Genesis 17 in the BBPNG

Genesis 17 in the BBT1E

Genesis 17 in the BDS

Genesis 17 in the BEV

Genesis 17 in the BHAD

Genesis 17 in the BIB

Genesis 17 in the BLPT

Genesis 17 in the BNT

Genesis 17 in the BNTABOOT

Genesis 17 in the BNTLV

Genesis 17 in the BOATCB

Genesis 17 in the BOBCV

Genesis 17 in the BOCNT

Genesis 17 in the BOECS

Genesis 17 in the BOGWICC

Genesis 17 in the BOHCB

Genesis 17 in the BOHCV

Genesis 17 in the BOHLNT

Genesis 17 in the BOHNTLTAL

Genesis 17 in the BOICB

Genesis 17 in the BOILNTAP

Genesis 17 in the BOITCV

Genesis 17 in the BOKCV

Genesis 17 in the BOKCV2

Genesis 17 in the BOKHWOG

Genesis 17 in the BOKSSV

Genesis 17 in the BOLCB

Genesis 17 in the BOLCB2

Genesis 17 in the BOMCV

Genesis 17 in the BONAV

Genesis 17 in the BONCB

Genesis 17 in the BONLT

Genesis 17 in the BONUT2

Genesis 17 in the BOPLNT

Genesis 17 in the BOSCB

Genesis 17 in the BOSNC

Genesis 17 in the BOTLNT

Genesis 17 in the BOVCB

Genesis 17 in the BOYCB

Genesis 17 in the BPBB

Genesis 17 in the BPH

Genesis 17 in the BSB

Genesis 17 in the CCB

Genesis 17 in the CUV

Genesis 17 in the CUVS

Genesis 17 in the DBT

Genesis 17 in the DGDNT

Genesis 17 in the DHNT

Genesis 17 in the DNT

Genesis 17 in the ELBE

Genesis 17 in the EMTV

Genesis 17 in the ESV

Genesis 17 in the FBV

Genesis 17 in the FEB

Genesis 17 in the GGMNT

Genesis 17 in the GNT

Genesis 17 in the HARY

Genesis 17 in the HNT

Genesis 17 in the IRVA

Genesis 17 in the IRVB

Genesis 17 in the IRVG

Genesis 17 in the IRVH

Genesis 17 in the IRVK

Genesis 17 in the IRVM

Genesis 17 in the IRVM2

Genesis 17 in the IRVO

Genesis 17 in the IRVP

Genesis 17 in the IRVT

Genesis 17 in the IRVT2

Genesis 17 in the IRVU

Genesis 17 in the ISVN

Genesis 17 in the JSNT

Genesis 17 in the KAPI

Genesis 17 in the KBT1ETNIK

Genesis 17 in the KBV

Genesis 17 in the KJV

Genesis 17 in the KNFD

Genesis 17 in the LBA

Genesis 17 in the LBLA

Genesis 17 in the LNT

Genesis 17 in the LSV

Genesis 17 in the MAAL

Genesis 17 in the MBV

Genesis 17 in the MBV2

Genesis 17 in the MHNT

Genesis 17 in the MKNFD

Genesis 17 in the MNG

Genesis 17 in the MNT

Genesis 17 in the MNT2

Genesis 17 in the MRS1T

Genesis 17 in the NAA

Genesis 17 in the NASB

Genesis 17 in the NBLA

Genesis 17 in the NBS

Genesis 17 in the NBVTP

Genesis 17 in the NET2

Genesis 17 in the NIV11

Genesis 17 in the NNT

Genesis 17 in the NNT2

Genesis 17 in the NNT3

Genesis 17 in the PDDPT

Genesis 17 in the PFNT

Genesis 17 in the RMNT

Genesis 17 in the SBIAS

Genesis 17 in the SBIBS

Genesis 17 in the SBIBS2

Genesis 17 in the SBICS

Genesis 17 in the SBIDS

Genesis 17 in the SBIGS

Genesis 17 in the SBIHS

Genesis 17 in the SBIIS

Genesis 17 in the SBIIS2

Genesis 17 in the SBIIS3

Genesis 17 in the SBIKS

Genesis 17 in the SBIKS2

Genesis 17 in the SBIMS

Genesis 17 in the SBIOS

Genesis 17 in the SBIPS

Genesis 17 in the SBISS

Genesis 17 in the SBITS

Genesis 17 in the SBITS2

Genesis 17 in the SBITS3

Genesis 17 in the SBITS4

Genesis 17 in the SBIUS

Genesis 17 in the SBIVS

Genesis 17 in the SBT

Genesis 17 in the SBT1E

Genesis 17 in the SCHL

Genesis 17 in the SNT

Genesis 17 in the SUSU

Genesis 17 in the SUSU2

Genesis 17 in the SYNO

Genesis 17 in the TBIAOTANT

Genesis 17 in the TBT1E

Genesis 17 in the TBT1E2

Genesis 17 in the TFTIP

Genesis 17 in the TFTU

Genesis 17 in the TGNTATF3T

Genesis 17 in the THAI

Genesis 17 in the TNFD

Genesis 17 in the TNT

Genesis 17 in the TNTIK

Genesis 17 in the TNTIL

Genesis 17 in the TNTIN

Genesis 17 in the TNTIP

Genesis 17 in the TNTIZ

Genesis 17 in the TOMA

Genesis 17 in the TTENT

Genesis 17 in the UBG

Genesis 17 in the UGV

Genesis 17 in the UGV2

Genesis 17 in the UGV3

Genesis 17 in the VBL

Genesis 17 in the VDCC

Genesis 17 in the YALU

Genesis 17 in the YAPE

Genesis 17 in the YBVTP

Genesis 17 in the ZBP