Isaiah 36 (BOATCB2)

1 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. 2 Afei Asiriahene somaa nʼananmusifo fi Lakis a asraafo dɔm kɛse ka ne ho kohyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Bere a ɔsahene begyinaa nsudorobɛn bi a efi Atifi Tare de kɔ Ntamahorofo Atenae hɔ no, 3 Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so; Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kohyiaa no. 4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se,“ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? 5 Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? 6 Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. 7 Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to AWURADE, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no? 8 “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 9 Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. 10 Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a AWURADE nsa nni mu? AWURADE ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ” 11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfo, efisɛ, yɛte ase yiye. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so no bɛte ase.” 12 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” 13 Afei ɔsahene no sɔre gyina kasaa wɔ Hebri mu se, “Muntie saa nkra yi a efi ɔhempɔn, Asiriahene nkyɛn no! 14 Sɛnea ɔhene no se ni: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo! 15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘AWURADE begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ. 16 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu, 17 kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo de yi so, awi ne nsa foforo asase, aduan ne bobe mfuw asase. 18 “Mommma Hesekia nka se, ‘AWURADE begye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne man afi Asiriahene nsam pɛn ana? 19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afi me nsam ana? 20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfo afi me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na AWURADE betumi agye Yerusalem afi me nsam.” 21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa. 22 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.

In Other Versions

Isaiah 36 in the ANGEFD

Isaiah 36 in the ANTPNG2D

Isaiah 36 in the AS21

Isaiah 36 in the BAGH

Isaiah 36 in the BBPNG

Isaiah 36 in the BBT1E

Isaiah 36 in the BDS

Isaiah 36 in the BEV

Isaiah 36 in the BHAD

Isaiah 36 in the BIB

Isaiah 36 in the BLPT

Isaiah 36 in the BNT

Isaiah 36 in the BNTABOOT

Isaiah 36 in the BNTLV

Isaiah 36 in the BOATCB

Isaiah 36 in the BOBCV

Isaiah 36 in the BOCNT

Isaiah 36 in the BOECS

Isaiah 36 in the BOGWICC

Isaiah 36 in the BOHCB

Isaiah 36 in the BOHCV

Isaiah 36 in the BOHLNT

Isaiah 36 in the BOHNTLTAL

Isaiah 36 in the BOICB

Isaiah 36 in the BOILNTAP

Isaiah 36 in the BOITCV

Isaiah 36 in the BOKCV

Isaiah 36 in the BOKCV2

Isaiah 36 in the BOKHWOG

Isaiah 36 in the BOKSSV

Isaiah 36 in the BOLCB

Isaiah 36 in the BOLCB2

Isaiah 36 in the BOMCV

Isaiah 36 in the BONAV

Isaiah 36 in the BONCB

Isaiah 36 in the BONLT

Isaiah 36 in the BONUT2

Isaiah 36 in the BOPLNT

Isaiah 36 in the BOSCB

Isaiah 36 in the BOSNC

Isaiah 36 in the BOTLNT

Isaiah 36 in the BOVCB

Isaiah 36 in the BOYCB

Isaiah 36 in the BPBB

Isaiah 36 in the BPH

Isaiah 36 in the BSB

Isaiah 36 in the CCB

Isaiah 36 in the CUV

Isaiah 36 in the CUVS

Isaiah 36 in the DBT

Isaiah 36 in the DGDNT

Isaiah 36 in the DHNT

Isaiah 36 in the DNT

Isaiah 36 in the ELBE

Isaiah 36 in the EMTV

Isaiah 36 in the ESV

Isaiah 36 in the FBV

Isaiah 36 in the FEB

Isaiah 36 in the GGMNT

Isaiah 36 in the GNT

Isaiah 36 in the HARY

Isaiah 36 in the HNT

Isaiah 36 in the IRVA

Isaiah 36 in the IRVB

Isaiah 36 in the IRVG

Isaiah 36 in the IRVH

Isaiah 36 in the IRVK

Isaiah 36 in the IRVM

Isaiah 36 in the IRVM2

Isaiah 36 in the IRVO

Isaiah 36 in the IRVP

Isaiah 36 in the IRVT

Isaiah 36 in the IRVT2

Isaiah 36 in the IRVU

Isaiah 36 in the ISVN

Isaiah 36 in the JSNT

Isaiah 36 in the KAPI

Isaiah 36 in the KBT1ETNIK

Isaiah 36 in the KBV

Isaiah 36 in the KJV

Isaiah 36 in the KNFD

Isaiah 36 in the LBA

Isaiah 36 in the LBLA

Isaiah 36 in the LNT

Isaiah 36 in the LSV

Isaiah 36 in the MAAL

Isaiah 36 in the MBV

Isaiah 36 in the MBV2

Isaiah 36 in the MHNT

Isaiah 36 in the MKNFD

Isaiah 36 in the MNG

Isaiah 36 in the MNT

Isaiah 36 in the MNT2

Isaiah 36 in the MRS1T

Isaiah 36 in the NAA

Isaiah 36 in the NASB

Isaiah 36 in the NBLA

Isaiah 36 in the NBS

Isaiah 36 in the NBVTP

Isaiah 36 in the NET2

Isaiah 36 in the NIV11

Isaiah 36 in the NNT

Isaiah 36 in the NNT2

Isaiah 36 in the NNT3

Isaiah 36 in the PDDPT

Isaiah 36 in the PFNT

Isaiah 36 in the RMNT

Isaiah 36 in the SBIAS

Isaiah 36 in the SBIBS

Isaiah 36 in the SBIBS2

Isaiah 36 in the SBICS

Isaiah 36 in the SBIDS

Isaiah 36 in the SBIGS

Isaiah 36 in the SBIHS

Isaiah 36 in the SBIIS

Isaiah 36 in the SBIIS2

Isaiah 36 in the SBIIS3

Isaiah 36 in the SBIKS

Isaiah 36 in the SBIKS2

Isaiah 36 in the SBIMS

Isaiah 36 in the SBIOS

Isaiah 36 in the SBIPS

Isaiah 36 in the SBISS

Isaiah 36 in the SBITS

Isaiah 36 in the SBITS2

Isaiah 36 in the SBITS3

Isaiah 36 in the SBITS4

Isaiah 36 in the SBIUS

Isaiah 36 in the SBIVS

Isaiah 36 in the SBT

Isaiah 36 in the SBT1E

Isaiah 36 in the SCHL

Isaiah 36 in the SNT

Isaiah 36 in the SUSU

Isaiah 36 in the SUSU2

Isaiah 36 in the SYNO

Isaiah 36 in the TBIAOTANT

Isaiah 36 in the TBT1E

Isaiah 36 in the TBT1E2

Isaiah 36 in the TFTIP

Isaiah 36 in the TFTU

Isaiah 36 in the TGNTATF3T

Isaiah 36 in the THAI

Isaiah 36 in the TNFD

Isaiah 36 in the TNT

Isaiah 36 in the TNTIK

Isaiah 36 in the TNTIL

Isaiah 36 in the TNTIN

Isaiah 36 in the TNTIP

Isaiah 36 in the TNTIZ

Isaiah 36 in the TOMA

Isaiah 36 in the TTENT

Isaiah 36 in the UBG

Isaiah 36 in the UGV

Isaiah 36 in the UGV2

Isaiah 36 in the UGV3

Isaiah 36 in the VBL

Isaiah 36 in the VDCC

Isaiah 36 in the YALU

Isaiah 36 in the YAPE

Isaiah 36 in the YBVTP

Isaiah 36 in the ZBP