Luke 3 (BOATCB2)

1 Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. 2 Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. 3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4 Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se,“Nne bi teɛ mu wɔ sare so se,‘Munsiesie kwan mma Awurade;momma nʼatempɔn nteɛ. 5 Obon biara bɛyɛ ma.Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam;asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw. 6 Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ” 7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.” 10 Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?” 11 Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.” 12 Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?” 13 Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.” 14 Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?”Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” 15 Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16 Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” 18 Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. 20 Eyi maa Herode de Yohane too afiase. 21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. 22 Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.” 23 Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli. 24 Eli agya ne Mattat;Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki;Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef; 25 Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli;Hesli agya ne Nagai; 26 Nagai agya ne Mahat;Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein;Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda; 27 Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel;Sealtiel agya ne Neri; 28 Neri agya ne Melki;Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam;Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er; 29 Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat;Mattat agya ne Lewi; 30 Lewi agya ne Simeon;Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya neYonam; Yonam agya ne Eliakim; 31 Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan;Natan agya ne Dawid; 32 Dawid agya ne Yisai;Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas;Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson; 33 Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya nePeres; Peres agya ne Yuda; 34 Yuda agya ne Yakob;Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham;Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor; 35 Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber;Eber agya ne Sala; 36 Sala agya ne Kainan;Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem;Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek; 37 Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel;Mahalalel agya ne Kenan; 38 Kenan agya ne Enos;Enos agya ne Set; Set agya ne Adam;Adam agya ne Onyankopɔn.

In Other Versions

Luke 3 in the ANGEFD

Luke 3 in the ANTPNG2D

Luke 3 in the AS21

Luke 3 in the BAGH

Luke 3 in the BBPNG

Luke 3 in the BBT1E

Luke 3 in the BDS

Luke 3 in the BEV

Luke 3 in the BHAD

Luke 3 in the BIB

Luke 3 in the BLPT

Luke 3 in the BNT

Luke 3 in the BNTABOOT

Luke 3 in the BNTLV

Luke 3 in the BOATCB

Luke 3 in the BOBCV

Luke 3 in the BOCNT

Luke 3 in the BOECS

Luke 3 in the BOGWICC

Luke 3 in the BOHCB

Luke 3 in the BOHCV

Luke 3 in the BOHLNT

Luke 3 in the BOHNTLTAL

Luke 3 in the BOICB

Luke 3 in the BOILNTAP

Luke 3 in the BOITCV

Luke 3 in the BOKCV

Luke 3 in the BOKCV2

Luke 3 in the BOKHWOG

Luke 3 in the BOKSSV

Luke 3 in the BOLCB

Luke 3 in the BOLCB2

Luke 3 in the BOMCV

Luke 3 in the BONAV

Luke 3 in the BONCB

Luke 3 in the BONLT

Luke 3 in the BONUT2

Luke 3 in the BOPLNT

Luke 3 in the BOSCB

Luke 3 in the BOSNC

Luke 3 in the BOTLNT

Luke 3 in the BOVCB

Luke 3 in the BOYCB

Luke 3 in the BPBB

Luke 3 in the BPH

Luke 3 in the BSB

Luke 3 in the CCB

Luke 3 in the CUV

Luke 3 in the CUVS

Luke 3 in the DBT

Luke 3 in the DGDNT

Luke 3 in the DHNT

Luke 3 in the DNT

Luke 3 in the ELBE

Luke 3 in the EMTV

Luke 3 in the ESV

Luke 3 in the FBV

Luke 3 in the FEB

Luke 3 in the GGMNT

Luke 3 in the GNT

Luke 3 in the HARY

Luke 3 in the HNT

Luke 3 in the IRVA

Luke 3 in the IRVB

Luke 3 in the IRVG

Luke 3 in the IRVH

Luke 3 in the IRVK

Luke 3 in the IRVM

Luke 3 in the IRVM2

Luke 3 in the IRVO

Luke 3 in the IRVP

Luke 3 in the IRVT

Luke 3 in the IRVT2

Luke 3 in the IRVU

Luke 3 in the ISVN

Luke 3 in the JSNT

Luke 3 in the KAPI

Luke 3 in the KBT1ETNIK

Luke 3 in the KBV

Luke 3 in the KJV

Luke 3 in the KNFD

Luke 3 in the LBA

Luke 3 in the LBLA

Luke 3 in the LNT

Luke 3 in the LSV

Luke 3 in the MAAL

Luke 3 in the MBV

Luke 3 in the MBV2

Luke 3 in the MHNT

Luke 3 in the MKNFD

Luke 3 in the MNG

Luke 3 in the MNT

Luke 3 in the MNT2

Luke 3 in the MRS1T

Luke 3 in the NAA

Luke 3 in the NASB

Luke 3 in the NBLA

Luke 3 in the NBS

Luke 3 in the NBVTP

Luke 3 in the NET2

Luke 3 in the NIV11

Luke 3 in the NNT

Luke 3 in the NNT2

Luke 3 in the NNT3

Luke 3 in the PDDPT

Luke 3 in the PFNT

Luke 3 in the RMNT

Luke 3 in the SBIAS

Luke 3 in the SBIBS

Luke 3 in the SBIBS2

Luke 3 in the SBICS

Luke 3 in the SBIDS

Luke 3 in the SBIGS

Luke 3 in the SBIHS

Luke 3 in the SBIIS

Luke 3 in the SBIIS2

Luke 3 in the SBIIS3

Luke 3 in the SBIKS

Luke 3 in the SBIKS2

Luke 3 in the SBIMS

Luke 3 in the SBIOS

Luke 3 in the SBIPS

Luke 3 in the SBISS

Luke 3 in the SBITS

Luke 3 in the SBITS2

Luke 3 in the SBITS3

Luke 3 in the SBITS4

Luke 3 in the SBIUS

Luke 3 in the SBIVS

Luke 3 in the SBT

Luke 3 in the SBT1E

Luke 3 in the SCHL

Luke 3 in the SNT

Luke 3 in the SUSU

Luke 3 in the SUSU2

Luke 3 in the SYNO

Luke 3 in the TBIAOTANT

Luke 3 in the TBT1E

Luke 3 in the TBT1E2

Luke 3 in the TFTIP

Luke 3 in the TFTU

Luke 3 in the TGNTATF3T

Luke 3 in the THAI

Luke 3 in the TNFD

Luke 3 in the TNT

Luke 3 in the TNTIK

Luke 3 in the TNTIL

Luke 3 in the TNTIN

Luke 3 in the TNTIP

Luke 3 in the TNTIZ

Luke 3 in the TOMA

Luke 3 in the TTENT

Luke 3 in the UBG

Luke 3 in the UGV

Luke 3 in the UGV2

Luke 3 in the UGV3

Luke 3 in the VBL

Luke 3 in the VDCC

Luke 3 in the YALU

Luke 3 in the YAPE

Luke 3 in the YBVTP

Luke 3 in the ZBP