Nehemiah 5 (BOATCB2)

1 Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no. 2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.” 3 Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.” 4 Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri. 5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.” 6 Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuw yiye. 7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm. 8 Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano. 9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde. 10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no. 11 Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.” 12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.”Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so. 13 Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!”Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo AWURADE. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so. 14 Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da. 15 Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia (460) ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so. 16 Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho. 17 Mammisa hwee, nso na bere biara mema Yudafo adwumayɛfo ɔha aduonum didi wɔ me didipon so a, ahɔho a wofifi nsase foforo so no nka ho. 18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw. 19 Me Nyankopɔn, kae nea mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.

In Other Versions

Nehemiah 5 in the ANGEFD

Nehemiah 5 in the ANTPNG2D

Nehemiah 5 in the AS21

Nehemiah 5 in the BAGH

Nehemiah 5 in the BBPNG

Nehemiah 5 in the BBT1E

Nehemiah 5 in the BDS

Nehemiah 5 in the BEV

Nehemiah 5 in the BHAD

Nehemiah 5 in the BIB

Nehemiah 5 in the BLPT

Nehemiah 5 in the BNT

Nehemiah 5 in the BNTABOOT

Nehemiah 5 in the BNTLV

Nehemiah 5 in the BOATCB

Nehemiah 5 in the BOBCV

Nehemiah 5 in the BOCNT

Nehemiah 5 in the BOECS

Nehemiah 5 in the BOGWICC

Nehemiah 5 in the BOHCB

Nehemiah 5 in the BOHCV

Nehemiah 5 in the BOHLNT

Nehemiah 5 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 5 in the BOICB

Nehemiah 5 in the BOILNTAP

Nehemiah 5 in the BOITCV

Nehemiah 5 in the BOKCV

Nehemiah 5 in the BOKCV2

Nehemiah 5 in the BOKHWOG

Nehemiah 5 in the BOKSSV

Nehemiah 5 in the BOLCB

Nehemiah 5 in the BOLCB2

Nehemiah 5 in the BOMCV

Nehemiah 5 in the BONAV

Nehemiah 5 in the BONCB

Nehemiah 5 in the BONLT

Nehemiah 5 in the BONUT2

Nehemiah 5 in the BOPLNT

Nehemiah 5 in the BOSCB

Nehemiah 5 in the BOSNC

Nehemiah 5 in the BOTLNT

Nehemiah 5 in the BOVCB

Nehemiah 5 in the BOYCB

Nehemiah 5 in the BPBB

Nehemiah 5 in the BPH

Nehemiah 5 in the BSB

Nehemiah 5 in the CCB

Nehemiah 5 in the CUV

Nehemiah 5 in the CUVS

Nehemiah 5 in the DBT

Nehemiah 5 in the DGDNT

Nehemiah 5 in the DHNT

Nehemiah 5 in the DNT

Nehemiah 5 in the ELBE

Nehemiah 5 in the EMTV

Nehemiah 5 in the ESV

Nehemiah 5 in the FBV

Nehemiah 5 in the FEB

Nehemiah 5 in the GGMNT

Nehemiah 5 in the GNT

Nehemiah 5 in the HARY

Nehemiah 5 in the HNT

Nehemiah 5 in the IRVA

Nehemiah 5 in the IRVB

Nehemiah 5 in the IRVG

Nehemiah 5 in the IRVH

Nehemiah 5 in the IRVK

Nehemiah 5 in the IRVM

Nehemiah 5 in the IRVM2

Nehemiah 5 in the IRVO

Nehemiah 5 in the IRVP

Nehemiah 5 in the IRVT

Nehemiah 5 in the IRVT2

Nehemiah 5 in the IRVU

Nehemiah 5 in the ISVN

Nehemiah 5 in the JSNT

Nehemiah 5 in the KAPI

Nehemiah 5 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 5 in the KBV

Nehemiah 5 in the KJV

Nehemiah 5 in the KNFD

Nehemiah 5 in the LBA

Nehemiah 5 in the LBLA

Nehemiah 5 in the LNT

Nehemiah 5 in the LSV

Nehemiah 5 in the MAAL

Nehemiah 5 in the MBV

Nehemiah 5 in the MBV2

Nehemiah 5 in the MHNT

Nehemiah 5 in the MKNFD

Nehemiah 5 in the MNG

Nehemiah 5 in the MNT

Nehemiah 5 in the MNT2

Nehemiah 5 in the MRS1T

Nehemiah 5 in the NAA

Nehemiah 5 in the NASB

Nehemiah 5 in the NBLA

Nehemiah 5 in the NBS

Nehemiah 5 in the NBVTP

Nehemiah 5 in the NET2

Nehemiah 5 in the NIV11

Nehemiah 5 in the NNT

Nehemiah 5 in the NNT2

Nehemiah 5 in the NNT3

Nehemiah 5 in the PDDPT

Nehemiah 5 in the PFNT

Nehemiah 5 in the RMNT

Nehemiah 5 in the SBIAS

Nehemiah 5 in the SBIBS

Nehemiah 5 in the SBIBS2

Nehemiah 5 in the SBICS

Nehemiah 5 in the SBIDS

Nehemiah 5 in the SBIGS

Nehemiah 5 in the SBIHS

Nehemiah 5 in the SBIIS

Nehemiah 5 in the SBIIS2

Nehemiah 5 in the SBIIS3

Nehemiah 5 in the SBIKS

Nehemiah 5 in the SBIKS2

Nehemiah 5 in the SBIMS

Nehemiah 5 in the SBIOS

Nehemiah 5 in the SBIPS

Nehemiah 5 in the SBISS

Nehemiah 5 in the SBITS

Nehemiah 5 in the SBITS2

Nehemiah 5 in the SBITS3

Nehemiah 5 in the SBITS4

Nehemiah 5 in the SBIUS

Nehemiah 5 in the SBIVS

Nehemiah 5 in the SBT

Nehemiah 5 in the SBT1E

Nehemiah 5 in the SCHL

Nehemiah 5 in the SNT

Nehemiah 5 in the SUSU

Nehemiah 5 in the SUSU2

Nehemiah 5 in the SYNO

Nehemiah 5 in the TBIAOTANT

Nehemiah 5 in the TBT1E

Nehemiah 5 in the TBT1E2

Nehemiah 5 in the TFTIP

Nehemiah 5 in the TFTU

Nehemiah 5 in the TGNTATF3T

Nehemiah 5 in the THAI

Nehemiah 5 in the TNFD

Nehemiah 5 in the TNT

Nehemiah 5 in the TNTIK

Nehemiah 5 in the TNTIL

Nehemiah 5 in the TNTIN

Nehemiah 5 in the TNTIP

Nehemiah 5 in the TNTIZ

Nehemiah 5 in the TOMA

Nehemiah 5 in the TTENT

Nehemiah 5 in the UBG

Nehemiah 5 in the UGV

Nehemiah 5 in the UGV2

Nehemiah 5 in the UGV3

Nehemiah 5 in the VBL

Nehemiah 5 in the VDCC

Nehemiah 5 in the YALU

Nehemiah 5 in the YAPE

Nehemiah 5 in the YBVTP

Nehemiah 5 in the ZBP