Numbers 7 (BOATCB2)

1 Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso. 2 Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae. 3 Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa AWURADE wɔ Ahyiae Ntamadan no anim. 4 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 5 “Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.” 6 Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no. 7 Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi, 8 na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin. 9 Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so. 10 Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no. 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.” 12 Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no. 13 Nneɛma a ɔde bae no yɛ:dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama; 14 sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 15 ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde. 16 Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde 17 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde.Eyi ne Nahson, Aminadab ba afɔrebɔde. 18 Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 19 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama. 20 Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 21 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre, 22 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre 23 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Suar babarima Netanel de bae. 24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 25 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama; 26 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 27 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre, 28 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre 29 ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Helon babarima Eliab de bae. 30 Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 31 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama. 32 Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma. 33 Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre, 34 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 35 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe.Eyi ne afɔre a Sedeur babarima Elisur de bae. 36 Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 37 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama; 38 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 39 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre, 40 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre, 41 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae.Eyi ne afɔre a Surisadai ba Selumiel de bae. 42 Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 43 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 44 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 45 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre, 46 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 47 anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Deguel ba Eliasaf de bae. 48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 49 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 50 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 51 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 52 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 53 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Amihud babarima Elisama de bae. 54 Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 55 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 56 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 57 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 58 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 59 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae. 60 Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 61 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 62 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 63 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 64 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 65 ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae. 66 Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 67 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 68 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 69 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 70 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 71 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Amisadai babarima Ahieser de bae. 72 Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 73 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 74 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 75 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 76 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 77 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae. 78 Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae. 79 Na nʼafɔrebɔde no yɛ:dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama; 80 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhuam ahyɛ no ma; 81 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre; 82 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre; 83 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre.Eyi ne afɔre a Enan babarima Ahira de bae. 84 Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase:dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien. 85 Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako. 86 Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma. 87 Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre. 88 Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia. 89 Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.

In Other Versions

Numbers 7 in the ANGEFD

Numbers 7 in the ANTPNG2D

Numbers 7 in the AS21

Numbers 7 in the BAGH

Numbers 7 in the BBPNG

Numbers 7 in the BBT1E

Numbers 7 in the BDS

Numbers 7 in the BEV

Numbers 7 in the BHAD

Numbers 7 in the BIB

Numbers 7 in the BLPT

Numbers 7 in the BNT

Numbers 7 in the BNTABOOT

Numbers 7 in the BNTLV

Numbers 7 in the BOATCB

Numbers 7 in the BOBCV

Numbers 7 in the BOCNT

Numbers 7 in the BOECS

Numbers 7 in the BOGWICC

Numbers 7 in the BOHCB

Numbers 7 in the BOHCV

Numbers 7 in the BOHLNT

Numbers 7 in the BOHNTLTAL

Numbers 7 in the BOICB

Numbers 7 in the BOILNTAP

Numbers 7 in the BOITCV

Numbers 7 in the BOKCV

Numbers 7 in the BOKCV2

Numbers 7 in the BOKHWOG

Numbers 7 in the BOKSSV

Numbers 7 in the BOLCB

Numbers 7 in the BOLCB2

Numbers 7 in the BOMCV

Numbers 7 in the BONAV

Numbers 7 in the BONCB

Numbers 7 in the BONLT

Numbers 7 in the BONUT2

Numbers 7 in the BOPLNT

Numbers 7 in the BOSCB

Numbers 7 in the BOSNC

Numbers 7 in the BOTLNT

Numbers 7 in the BOVCB

Numbers 7 in the BOYCB

Numbers 7 in the BPBB

Numbers 7 in the BPH

Numbers 7 in the BSB

Numbers 7 in the CCB

Numbers 7 in the CUV

Numbers 7 in the CUVS

Numbers 7 in the DBT

Numbers 7 in the DGDNT

Numbers 7 in the DHNT

Numbers 7 in the DNT

Numbers 7 in the ELBE

Numbers 7 in the EMTV

Numbers 7 in the ESV

Numbers 7 in the FBV

Numbers 7 in the FEB

Numbers 7 in the GGMNT

Numbers 7 in the GNT

Numbers 7 in the HARY

Numbers 7 in the HNT

Numbers 7 in the IRVA

Numbers 7 in the IRVB

Numbers 7 in the IRVG

Numbers 7 in the IRVH

Numbers 7 in the IRVK

Numbers 7 in the IRVM

Numbers 7 in the IRVM2

Numbers 7 in the IRVO

Numbers 7 in the IRVP

Numbers 7 in the IRVT

Numbers 7 in the IRVT2

Numbers 7 in the IRVU

Numbers 7 in the ISVN

Numbers 7 in the JSNT

Numbers 7 in the KAPI

Numbers 7 in the KBT1ETNIK

Numbers 7 in the KBV

Numbers 7 in the KJV

Numbers 7 in the KNFD

Numbers 7 in the LBA

Numbers 7 in the LBLA

Numbers 7 in the LNT

Numbers 7 in the LSV

Numbers 7 in the MAAL

Numbers 7 in the MBV

Numbers 7 in the MBV2

Numbers 7 in the MHNT

Numbers 7 in the MKNFD

Numbers 7 in the MNG

Numbers 7 in the MNT

Numbers 7 in the MNT2

Numbers 7 in the MRS1T

Numbers 7 in the NAA

Numbers 7 in the NASB

Numbers 7 in the NBLA

Numbers 7 in the NBS

Numbers 7 in the NBVTP

Numbers 7 in the NET2

Numbers 7 in the NIV11

Numbers 7 in the NNT

Numbers 7 in the NNT2

Numbers 7 in the NNT3

Numbers 7 in the PDDPT

Numbers 7 in the PFNT

Numbers 7 in the RMNT

Numbers 7 in the SBIAS

Numbers 7 in the SBIBS

Numbers 7 in the SBIBS2

Numbers 7 in the SBICS

Numbers 7 in the SBIDS

Numbers 7 in the SBIGS

Numbers 7 in the SBIHS

Numbers 7 in the SBIIS

Numbers 7 in the SBIIS2

Numbers 7 in the SBIIS3

Numbers 7 in the SBIKS

Numbers 7 in the SBIKS2

Numbers 7 in the SBIMS

Numbers 7 in the SBIOS

Numbers 7 in the SBIPS

Numbers 7 in the SBISS

Numbers 7 in the SBITS

Numbers 7 in the SBITS2

Numbers 7 in the SBITS3

Numbers 7 in the SBITS4

Numbers 7 in the SBIUS

Numbers 7 in the SBIVS

Numbers 7 in the SBT

Numbers 7 in the SBT1E

Numbers 7 in the SCHL

Numbers 7 in the SNT

Numbers 7 in the SUSU

Numbers 7 in the SUSU2

Numbers 7 in the SYNO

Numbers 7 in the TBIAOTANT

Numbers 7 in the TBT1E

Numbers 7 in the TBT1E2

Numbers 7 in the TFTIP

Numbers 7 in the TFTU

Numbers 7 in the TGNTATF3T

Numbers 7 in the THAI

Numbers 7 in the TNFD

Numbers 7 in the TNT

Numbers 7 in the TNTIK

Numbers 7 in the TNTIL

Numbers 7 in the TNTIN

Numbers 7 in the TNTIP

Numbers 7 in the TNTIZ

Numbers 7 in the TOMA

Numbers 7 in the TTENT

Numbers 7 in the UBG

Numbers 7 in the UGV

Numbers 7 in the UGV2

Numbers 7 in the UGV3

Numbers 7 in the VBL

Numbers 7 in the VDCC

Numbers 7 in the YALU

Numbers 7 in the YAPE

Numbers 7 in the YBVTP

Numbers 7 in the ZBP