Psalms 1 (BOATCB2)
1 Nhyira ne onipa aontie amumɔyɛfo afotuna onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyina ɔntena fɛwdifo tenabea. 2 Na mmom, AWURADE mmara sɔ nʼani,na osusuw ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho,na ɛsow nʼaba ne bere mu anʼahaban no nguan da.Nea ɔyɛ biara yɛ yiye. 4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa;wɔte sɛ ntɛtɛ amframa bɔ gu. 5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano,na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu. 6 Efisɛ AWURADE kyerɛ ɔtreneeni kwannanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.