Psalms 123 (BOATCB2)
undefined Ɔsoroforo dwom. 1 Mema mʼani so kyerɛ wo,wo a wʼahengua si ɔsoro. 2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no,saa ara na yɛn ani hwɛ AWURADE, yɛn Nyankopɔnkosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ. 3 Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE, hu yɛn mmɔbɔ,na wɔabu yɛn animtiaa bebree. 4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo,ahantanfo animtiaabu afono yɛn.