Psalms 93 (BOATCB2)
1 AWURADE di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;wɔde tumi ahentade ahyɛ AWURADEna wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.Wɔde wiase atim hɔ pintinn;na wɔrentumi ntutu. 2 Wʼahengua tim hɔ fi tete;na wowɔ hɔ fi mmeresanten. 3 AWURADE, po ama wɔn ho so,po ama wɔn nne so;po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so. 4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, AWURADE a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. 5 AWURADE, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyamdaa nyinaa.