1 Chronicles 17 (BOATCB)

1 Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso AWURADE Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.” 2 Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.” 3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ, 4 “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu. 5 Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena. 6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?” ’ 7 “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea. 8 Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so. 9 Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, 10 firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ.“ ‘Na merepae mu aka sɛ, AWURADE bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ. 11 Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den. 12 Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ. 13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no. 14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ” 15 Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa AWURADE anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,“Me ne hwan, Ao AWURADE Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu? 17 Na seesei, AWURADE, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao AWURADE Onyankopɔn! 18 “Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa. 19 Ao AWURADE, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi. 20 “Ao AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21 Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn. 22 Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao AWURADE, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn. 23 “Ao AWURADE, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘AWURADE Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim. 25 “Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao AWURADE. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27 Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao AWURADE, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”

In Other Versions

1 Chronicles 17 in the ANGEFD

1 Chronicles 17 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 17 in the AS21

1 Chronicles 17 in the BAGH

1 Chronicles 17 in the BBPNG

1 Chronicles 17 in the BBT1E

1 Chronicles 17 in the BDS

1 Chronicles 17 in the BEV

1 Chronicles 17 in the BHAD

1 Chronicles 17 in the BIB

1 Chronicles 17 in the BLPT

1 Chronicles 17 in the BNT

1 Chronicles 17 in the BNTABOOT

1 Chronicles 17 in the BNTLV

1 Chronicles 17 in the BOATCB2

1 Chronicles 17 in the BOBCV

1 Chronicles 17 in the BOCNT

1 Chronicles 17 in the BOECS

1 Chronicles 17 in the BOGWICC

1 Chronicles 17 in the BOHCB

1 Chronicles 17 in the BOHCV

1 Chronicles 17 in the BOHLNT

1 Chronicles 17 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 17 in the BOICB

1 Chronicles 17 in the BOILNTAP

1 Chronicles 17 in the BOITCV

1 Chronicles 17 in the BOKCV

1 Chronicles 17 in the BOKCV2

1 Chronicles 17 in the BOKHWOG

1 Chronicles 17 in the BOKSSV

1 Chronicles 17 in the BOLCB

1 Chronicles 17 in the BOLCB2

1 Chronicles 17 in the BOMCV

1 Chronicles 17 in the BONAV

1 Chronicles 17 in the BONCB

1 Chronicles 17 in the BONLT

1 Chronicles 17 in the BONUT2

1 Chronicles 17 in the BOPLNT

1 Chronicles 17 in the BOSCB

1 Chronicles 17 in the BOSNC

1 Chronicles 17 in the BOTLNT

1 Chronicles 17 in the BOVCB

1 Chronicles 17 in the BOYCB

1 Chronicles 17 in the BPBB

1 Chronicles 17 in the BPH

1 Chronicles 17 in the BSB

1 Chronicles 17 in the CCB

1 Chronicles 17 in the CUV

1 Chronicles 17 in the CUVS

1 Chronicles 17 in the DBT

1 Chronicles 17 in the DGDNT

1 Chronicles 17 in the DHNT

1 Chronicles 17 in the DNT

1 Chronicles 17 in the ELBE

1 Chronicles 17 in the EMTV

1 Chronicles 17 in the ESV

1 Chronicles 17 in the FBV

1 Chronicles 17 in the FEB

1 Chronicles 17 in the GGMNT

1 Chronicles 17 in the GNT

1 Chronicles 17 in the HARY

1 Chronicles 17 in the HNT

1 Chronicles 17 in the IRVA

1 Chronicles 17 in the IRVB

1 Chronicles 17 in the IRVG

1 Chronicles 17 in the IRVH

1 Chronicles 17 in the IRVK

1 Chronicles 17 in the IRVM

1 Chronicles 17 in the IRVM2

1 Chronicles 17 in the IRVO

1 Chronicles 17 in the IRVP

1 Chronicles 17 in the IRVT

1 Chronicles 17 in the IRVT2

1 Chronicles 17 in the IRVU

1 Chronicles 17 in the ISVN

1 Chronicles 17 in the JSNT

1 Chronicles 17 in the KAPI

1 Chronicles 17 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 17 in the KBV

1 Chronicles 17 in the KJV

1 Chronicles 17 in the KNFD

1 Chronicles 17 in the LBA

1 Chronicles 17 in the LBLA

1 Chronicles 17 in the LNT

1 Chronicles 17 in the LSV

1 Chronicles 17 in the MAAL

1 Chronicles 17 in the MBV

1 Chronicles 17 in the MBV2

1 Chronicles 17 in the MHNT

1 Chronicles 17 in the MKNFD

1 Chronicles 17 in the MNG

1 Chronicles 17 in the MNT

1 Chronicles 17 in the MNT2

1 Chronicles 17 in the MRS1T

1 Chronicles 17 in the NAA

1 Chronicles 17 in the NASB

1 Chronicles 17 in the NBLA

1 Chronicles 17 in the NBS

1 Chronicles 17 in the NBVTP

1 Chronicles 17 in the NET2

1 Chronicles 17 in the NIV11

1 Chronicles 17 in the NNT

1 Chronicles 17 in the NNT2

1 Chronicles 17 in the NNT3

1 Chronicles 17 in the PDDPT

1 Chronicles 17 in the PFNT

1 Chronicles 17 in the RMNT

1 Chronicles 17 in the SBIAS

1 Chronicles 17 in the SBIBS

1 Chronicles 17 in the SBIBS2

1 Chronicles 17 in the SBICS

1 Chronicles 17 in the SBIDS

1 Chronicles 17 in the SBIGS

1 Chronicles 17 in the SBIHS

1 Chronicles 17 in the SBIIS

1 Chronicles 17 in the SBIIS2

1 Chronicles 17 in the SBIIS3

1 Chronicles 17 in the SBIKS

1 Chronicles 17 in the SBIKS2

1 Chronicles 17 in the SBIMS

1 Chronicles 17 in the SBIOS

1 Chronicles 17 in the SBIPS

1 Chronicles 17 in the SBISS

1 Chronicles 17 in the SBITS

1 Chronicles 17 in the SBITS2

1 Chronicles 17 in the SBITS3

1 Chronicles 17 in the SBITS4

1 Chronicles 17 in the SBIUS

1 Chronicles 17 in the SBIVS

1 Chronicles 17 in the SBT

1 Chronicles 17 in the SBT1E

1 Chronicles 17 in the SCHL

1 Chronicles 17 in the SNT

1 Chronicles 17 in the SUSU

1 Chronicles 17 in the SUSU2

1 Chronicles 17 in the SYNO

1 Chronicles 17 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 17 in the TBT1E

1 Chronicles 17 in the TBT1E2

1 Chronicles 17 in the TFTIP

1 Chronicles 17 in the TFTU

1 Chronicles 17 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 17 in the THAI

1 Chronicles 17 in the TNFD

1 Chronicles 17 in the TNT

1 Chronicles 17 in the TNTIK

1 Chronicles 17 in the TNTIL

1 Chronicles 17 in the TNTIN

1 Chronicles 17 in the TNTIP

1 Chronicles 17 in the TNTIZ

1 Chronicles 17 in the TOMA

1 Chronicles 17 in the TTENT

1 Chronicles 17 in the UBG

1 Chronicles 17 in the UGV

1 Chronicles 17 in the UGV2

1 Chronicles 17 in the UGV3

1 Chronicles 17 in the VBL

1 Chronicles 17 in the VDCC

1 Chronicles 17 in the YALU

1 Chronicles 17 in the YAPE

1 Chronicles 17 in the YBVTP

1 Chronicles 17 in the ZBP