1 Chronicles 17 (BOATCB2)
1 Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso AWURADE Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.” 2 Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.” 3 Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se, 4 “Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea AWURADE se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu. 5 Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena. 6 Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?” ’ 7 “Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo AWURADE se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea. 8 Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara. 9 Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, 10 fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ.“ ‘Na merepae mu aka se, AWURADE besi fi ama wo, ahenni nnidiso. 11 Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den. 12 Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ. 13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no. 14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’ ” 15 Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a AWURADE aka no nyinaa kyerɛɛ no. 16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa AWURADE anim bɔɔ mpae se,“Me ne hena, AWURADE Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu? 17 Na mprempren, AWURADE, eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, AWURADE Nyankopɔn! 18 “Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa. 19 AWURADE, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi. 20 “AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21 Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no. 22 Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, AWURADE, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn. 23 “AWURADE, afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa. 24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo AWURADE yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim. 25 “Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, AWURADE. Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27 Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, AWURADE, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”
In Other Versions
1 Chronicles 17 in the ANGEFD
1 Chronicles 17 in the ANTPNG2D
1 Chronicles 17 in the AS21
1 Chronicles 17 in the BAGH
1 Chronicles 17 in the BBPNG
1 Chronicles 17 in the BBT1E
1 Chronicles 17 in the BDS
1 Chronicles 17 in the BEV
1 Chronicles 17 in the BHAD
1 Chronicles 17 in the BIB
1 Chronicles 17 in the BLPT
1 Chronicles 17 in the BNT
1 Chronicles 17 in the BNTABOOT
1 Chronicles 17 in the BNTLV
1 Chronicles 17 in the BOATCB
1 Chronicles 17 in the BOBCV
1 Chronicles 17 in the BOCNT
1 Chronicles 17 in the BOECS
1 Chronicles 17 in the BOGWICC
1 Chronicles 17 in the BOHCB
1 Chronicles 17 in the BOHCV
1 Chronicles 17 in the BOHLNT
1 Chronicles 17 in the BOHNTLTAL
1 Chronicles 17 in the BOICB
1 Chronicles 17 in the BOILNTAP
1 Chronicles 17 in the BOITCV
1 Chronicles 17 in the BOKCV
1 Chronicles 17 in the BOKCV2
1 Chronicles 17 in the BOKHWOG
1 Chronicles 17 in the BOKSSV
1 Chronicles 17 in the BOLCB
1 Chronicles 17 in the BOLCB2
1 Chronicles 17 in the BOMCV
1 Chronicles 17 in the BONAV
1 Chronicles 17 in the BONCB
1 Chronicles 17 in the BONLT
1 Chronicles 17 in the BONUT2
1 Chronicles 17 in the BOPLNT
1 Chronicles 17 in the BOSCB
1 Chronicles 17 in the BOSNC
1 Chronicles 17 in the BOTLNT
1 Chronicles 17 in the BOVCB
1 Chronicles 17 in the BOYCB
1 Chronicles 17 in the BPBB
1 Chronicles 17 in the BPH
1 Chronicles 17 in the BSB
1 Chronicles 17 in the CCB
1 Chronicles 17 in the CUV
1 Chronicles 17 in the CUVS
1 Chronicles 17 in the DBT
1 Chronicles 17 in the DGDNT
1 Chronicles 17 in the DHNT
1 Chronicles 17 in the DNT
1 Chronicles 17 in the ELBE
1 Chronicles 17 in the EMTV
1 Chronicles 17 in the ESV
1 Chronicles 17 in the FBV
1 Chronicles 17 in the FEB
1 Chronicles 17 in the GGMNT
1 Chronicles 17 in the GNT
1 Chronicles 17 in the HARY
1 Chronicles 17 in the HNT
1 Chronicles 17 in the IRVA
1 Chronicles 17 in the IRVB
1 Chronicles 17 in the IRVG
1 Chronicles 17 in the IRVH
1 Chronicles 17 in the IRVK
1 Chronicles 17 in the IRVM
1 Chronicles 17 in the IRVM2
1 Chronicles 17 in the IRVO
1 Chronicles 17 in the IRVP
1 Chronicles 17 in the IRVT
1 Chronicles 17 in the IRVT2
1 Chronicles 17 in the IRVU
1 Chronicles 17 in the ISVN
1 Chronicles 17 in the JSNT
1 Chronicles 17 in the KAPI
1 Chronicles 17 in the KBT1ETNIK
1 Chronicles 17 in the KBV
1 Chronicles 17 in the KJV
1 Chronicles 17 in the KNFD
1 Chronicles 17 in the LBA
1 Chronicles 17 in the LBLA
1 Chronicles 17 in the LNT
1 Chronicles 17 in the LSV
1 Chronicles 17 in the MAAL
1 Chronicles 17 in the MBV
1 Chronicles 17 in the MBV2
1 Chronicles 17 in the MHNT
1 Chronicles 17 in the MKNFD
1 Chronicles 17 in the MNG
1 Chronicles 17 in the MNT
1 Chronicles 17 in the MNT2
1 Chronicles 17 in the MRS1T
1 Chronicles 17 in the NAA
1 Chronicles 17 in the NASB
1 Chronicles 17 in the NBLA
1 Chronicles 17 in the NBS
1 Chronicles 17 in the NBVTP
1 Chronicles 17 in the NET2
1 Chronicles 17 in the NIV11
1 Chronicles 17 in the NNT
1 Chronicles 17 in the NNT2
1 Chronicles 17 in the NNT3
1 Chronicles 17 in the PDDPT
1 Chronicles 17 in the PFNT
1 Chronicles 17 in the RMNT
1 Chronicles 17 in the SBIAS
1 Chronicles 17 in the SBIBS
1 Chronicles 17 in the SBIBS2
1 Chronicles 17 in the SBICS
1 Chronicles 17 in the SBIDS
1 Chronicles 17 in the SBIGS
1 Chronicles 17 in the SBIHS
1 Chronicles 17 in the SBIIS
1 Chronicles 17 in the SBIIS2
1 Chronicles 17 in the SBIIS3
1 Chronicles 17 in the SBIKS
1 Chronicles 17 in the SBIKS2
1 Chronicles 17 in the SBIMS
1 Chronicles 17 in the SBIOS
1 Chronicles 17 in the SBIPS
1 Chronicles 17 in the SBISS
1 Chronicles 17 in the SBITS
1 Chronicles 17 in the SBITS2
1 Chronicles 17 in the SBITS3
1 Chronicles 17 in the SBITS4
1 Chronicles 17 in the SBIUS
1 Chronicles 17 in the SBIVS
1 Chronicles 17 in the SBT
1 Chronicles 17 in the SBT1E
1 Chronicles 17 in the SCHL
1 Chronicles 17 in the SNT
1 Chronicles 17 in the SUSU
1 Chronicles 17 in the SUSU2
1 Chronicles 17 in the SYNO
1 Chronicles 17 in the TBIAOTANT
1 Chronicles 17 in the TBT1E
1 Chronicles 17 in the TBT1E2
1 Chronicles 17 in the TFTIP
1 Chronicles 17 in the TFTU
1 Chronicles 17 in the TGNTATF3T
1 Chronicles 17 in the THAI
1 Chronicles 17 in the TNFD
1 Chronicles 17 in the TNT
1 Chronicles 17 in the TNTIK
1 Chronicles 17 in the TNTIL
1 Chronicles 17 in the TNTIN
1 Chronicles 17 in the TNTIP
1 Chronicles 17 in the TNTIZ
1 Chronicles 17 in the TOMA
1 Chronicles 17 in the TTENT
1 Chronicles 17 in the UBG
1 Chronicles 17 in the UGV
1 Chronicles 17 in the UGV2
1 Chronicles 17 in the UGV3
1 Chronicles 17 in the VBL
1 Chronicles 17 in the VDCC
1 Chronicles 17 in the YALU
1 Chronicles 17 in the YAPE
1 Chronicles 17 in the YBVTP
1 Chronicles 17 in the ZBP