1 Chronicles 29 (BOATCB)

1 Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ AWURADE Onyankopɔn no ankasa dea. 2 Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ. 3 Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho. 4 Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim, 5 ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama AWURADE ɛnnɛ?” 6 Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ. 7 Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. 8 Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ AWURADE fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9 Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa AWURADE, na Ɔhene Dawid ani gyee yie. 10 Na ɔhene Dawid kamfoo AWURADE wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,“Ao AWURADE,yɛn agya Israel Onyankopɔn,ayɛyie nka wo daa nyinaa. 11 Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao AWURADE.Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,Ao AWURADE, na ahennie yi nso wɔ wo.Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. 12 Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsamna wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden. 13 Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase,na yɛkamfo wo din kronkron no. 14 “Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15 Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio. 16 Ao AWURADE, yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17 Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba. 18 Ao, AWURADE, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19 Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.” 20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo AWURADE, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ AWURADE ne ɔhene no anim. 21 Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ. 22 Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ AWURADE anim.Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ AWURADE anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. 23 Na Salomo tenaa AWURADE ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no. 24 Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo. 25 Na AWURADE pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya. 26 Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene. 27 Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28 Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 29 Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu. 30 Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ.

In Other Versions

1 Chronicles 29 in the ANGEFD

1 Chronicles 29 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 29 in the AS21

1 Chronicles 29 in the BAGH

1 Chronicles 29 in the BBPNG

1 Chronicles 29 in the BBT1E

1 Chronicles 29 in the BDS

1 Chronicles 29 in the BEV

1 Chronicles 29 in the BHAD

1 Chronicles 29 in the BIB

1 Chronicles 29 in the BLPT

1 Chronicles 29 in the BNT

1 Chronicles 29 in the BNTABOOT

1 Chronicles 29 in the BNTLV

1 Chronicles 29 in the BOATCB2

1 Chronicles 29 in the BOBCV

1 Chronicles 29 in the BOCNT

1 Chronicles 29 in the BOECS

1 Chronicles 29 in the BOGWICC

1 Chronicles 29 in the BOHCB

1 Chronicles 29 in the BOHCV

1 Chronicles 29 in the BOHLNT

1 Chronicles 29 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 29 in the BOICB

1 Chronicles 29 in the BOILNTAP

1 Chronicles 29 in the BOITCV

1 Chronicles 29 in the BOKCV

1 Chronicles 29 in the BOKCV2

1 Chronicles 29 in the BOKHWOG

1 Chronicles 29 in the BOKSSV

1 Chronicles 29 in the BOLCB

1 Chronicles 29 in the BOLCB2

1 Chronicles 29 in the BOMCV

1 Chronicles 29 in the BONAV

1 Chronicles 29 in the BONCB

1 Chronicles 29 in the BONLT

1 Chronicles 29 in the BONUT2

1 Chronicles 29 in the BOPLNT

1 Chronicles 29 in the BOSCB

1 Chronicles 29 in the BOSNC

1 Chronicles 29 in the BOTLNT

1 Chronicles 29 in the BOVCB

1 Chronicles 29 in the BOYCB

1 Chronicles 29 in the BPBB

1 Chronicles 29 in the BPH

1 Chronicles 29 in the BSB

1 Chronicles 29 in the CCB

1 Chronicles 29 in the CUV

1 Chronicles 29 in the CUVS

1 Chronicles 29 in the DBT

1 Chronicles 29 in the DGDNT

1 Chronicles 29 in the DHNT

1 Chronicles 29 in the DNT

1 Chronicles 29 in the ELBE

1 Chronicles 29 in the EMTV

1 Chronicles 29 in the ESV

1 Chronicles 29 in the FBV

1 Chronicles 29 in the FEB

1 Chronicles 29 in the GGMNT

1 Chronicles 29 in the GNT

1 Chronicles 29 in the HARY

1 Chronicles 29 in the HNT

1 Chronicles 29 in the IRVA

1 Chronicles 29 in the IRVB

1 Chronicles 29 in the IRVG

1 Chronicles 29 in the IRVH

1 Chronicles 29 in the IRVK

1 Chronicles 29 in the IRVM

1 Chronicles 29 in the IRVM2

1 Chronicles 29 in the IRVO

1 Chronicles 29 in the IRVP

1 Chronicles 29 in the IRVT

1 Chronicles 29 in the IRVT2

1 Chronicles 29 in the IRVU

1 Chronicles 29 in the ISVN

1 Chronicles 29 in the JSNT

1 Chronicles 29 in the KAPI

1 Chronicles 29 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 29 in the KBV

1 Chronicles 29 in the KJV

1 Chronicles 29 in the KNFD

1 Chronicles 29 in the LBA

1 Chronicles 29 in the LBLA

1 Chronicles 29 in the LNT

1 Chronicles 29 in the LSV

1 Chronicles 29 in the MAAL

1 Chronicles 29 in the MBV

1 Chronicles 29 in the MBV2

1 Chronicles 29 in the MHNT

1 Chronicles 29 in the MKNFD

1 Chronicles 29 in the MNG

1 Chronicles 29 in the MNT

1 Chronicles 29 in the MNT2

1 Chronicles 29 in the MRS1T

1 Chronicles 29 in the NAA

1 Chronicles 29 in the NASB

1 Chronicles 29 in the NBLA

1 Chronicles 29 in the NBS

1 Chronicles 29 in the NBVTP

1 Chronicles 29 in the NET2

1 Chronicles 29 in the NIV11

1 Chronicles 29 in the NNT

1 Chronicles 29 in the NNT2

1 Chronicles 29 in the NNT3

1 Chronicles 29 in the PDDPT

1 Chronicles 29 in the PFNT

1 Chronicles 29 in the RMNT

1 Chronicles 29 in the SBIAS

1 Chronicles 29 in the SBIBS

1 Chronicles 29 in the SBIBS2

1 Chronicles 29 in the SBICS

1 Chronicles 29 in the SBIDS

1 Chronicles 29 in the SBIGS

1 Chronicles 29 in the SBIHS

1 Chronicles 29 in the SBIIS

1 Chronicles 29 in the SBIIS2

1 Chronicles 29 in the SBIIS3

1 Chronicles 29 in the SBIKS

1 Chronicles 29 in the SBIKS2

1 Chronicles 29 in the SBIMS

1 Chronicles 29 in the SBIOS

1 Chronicles 29 in the SBIPS

1 Chronicles 29 in the SBISS

1 Chronicles 29 in the SBITS

1 Chronicles 29 in the SBITS2

1 Chronicles 29 in the SBITS3

1 Chronicles 29 in the SBITS4

1 Chronicles 29 in the SBIUS

1 Chronicles 29 in the SBIVS

1 Chronicles 29 in the SBT

1 Chronicles 29 in the SBT1E

1 Chronicles 29 in the SCHL

1 Chronicles 29 in the SNT

1 Chronicles 29 in the SUSU

1 Chronicles 29 in the SUSU2

1 Chronicles 29 in the SYNO

1 Chronicles 29 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 29 in the TBT1E

1 Chronicles 29 in the TBT1E2

1 Chronicles 29 in the TFTIP

1 Chronicles 29 in the TFTU

1 Chronicles 29 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 29 in the THAI

1 Chronicles 29 in the TNFD

1 Chronicles 29 in the TNT

1 Chronicles 29 in the TNTIK

1 Chronicles 29 in the TNTIL

1 Chronicles 29 in the TNTIN

1 Chronicles 29 in the TNTIP

1 Chronicles 29 in the TNTIZ

1 Chronicles 29 in the TOMA

1 Chronicles 29 in the TTENT

1 Chronicles 29 in the UBG

1 Chronicles 29 in the UGV

1 Chronicles 29 in the UGV2

1 Chronicles 29 in the UGV3

1 Chronicles 29 in the VBL

1 Chronicles 29 in the VDCC

1 Chronicles 29 in the YALU

1 Chronicles 29 in the YAPE

1 Chronicles 29 in the YBVTP

1 Chronicles 29 in the ZBP