1 Kings 4 (BOATCB)

1 Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene. 2 Na yeinom ne ne mpanimfoɔ: Sadok babarima Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ. 3 Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ.Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ. 4 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene.Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ. 5 Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani.Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so. 6 Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ.Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so. 7 Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu. 8 Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so. 9 Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so. 10 Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so. 11 Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat). 12 Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so. 13 Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho. 14 Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim. 15 Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.) 16 Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot. 17 Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar. 18 Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin. 19 Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so. 20 Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ. 21 Salomo dii ahemman nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa. 22 Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa, 23 anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre. 24 Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa. 25 Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo. 26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu. 27 Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu. 28 Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ. 29 Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea. 30 Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. 31 Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. 32 Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum. 33 Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso. 34 Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi.

In Other Versions

1 Kings 4 in the ANGEFD

1 Kings 4 in the ANTPNG2D

1 Kings 4 in the AS21

1 Kings 4 in the BAGH

1 Kings 4 in the BBPNG

1 Kings 4 in the BBT1E

1 Kings 4 in the BDS

1 Kings 4 in the BEV

1 Kings 4 in the BHAD

1 Kings 4 in the BIB

1 Kings 4 in the BLPT

1 Kings 4 in the BNT

1 Kings 4 in the BNTABOOT

1 Kings 4 in the BNTLV

1 Kings 4 in the BOATCB2

1 Kings 4 in the BOBCV

1 Kings 4 in the BOCNT

1 Kings 4 in the BOECS

1 Kings 4 in the BOGWICC

1 Kings 4 in the BOHCB

1 Kings 4 in the BOHCV

1 Kings 4 in the BOHLNT

1 Kings 4 in the BOHNTLTAL

1 Kings 4 in the BOICB

1 Kings 4 in the BOILNTAP

1 Kings 4 in the BOITCV

1 Kings 4 in the BOKCV

1 Kings 4 in the BOKCV2

1 Kings 4 in the BOKHWOG

1 Kings 4 in the BOKSSV

1 Kings 4 in the BOLCB

1 Kings 4 in the BOLCB2

1 Kings 4 in the BOMCV

1 Kings 4 in the BONAV

1 Kings 4 in the BONCB

1 Kings 4 in the BONLT

1 Kings 4 in the BONUT2

1 Kings 4 in the BOPLNT

1 Kings 4 in the BOSCB

1 Kings 4 in the BOSNC

1 Kings 4 in the BOTLNT

1 Kings 4 in the BOVCB

1 Kings 4 in the BOYCB

1 Kings 4 in the BPBB

1 Kings 4 in the BPH

1 Kings 4 in the BSB

1 Kings 4 in the CCB

1 Kings 4 in the CUV

1 Kings 4 in the CUVS

1 Kings 4 in the DBT

1 Kings 4 in the DGDNT

1 Kings 4 in the DHNT

1 Kings 4 in the DNT

1 Kings 4 in the ELBE

1 Kings 4 in the EMTV

1 Kings 4 in the ESV

1 Kings 4 in the FBV

1 Kings 4 in the FEB

1 Kings 4 in the GGMNT

1 Kings 4 in the GNT

1 Kings 4 in the HARY

1 Kings 4 in the HNT

1 Kings 4 in the IRVA

1 Kings 4 in the IRVB

1 Kings 4 in the IRVG

1 Kings 4 in the IRVH

1 Kings 4 in the IRVK

1 Kings 4 in the IRVM

1 Kings 4 in the IRVM2

1 Kings 4 in the IRVO

1 Kings 4 in the IRVP

1 Kings 4 in the IRVT

1 Kings 4 in the IRVT2

1 Kings 4 in the IRVU

1 Kings 4 in the ISVN

1 Kings 4 in the JSNT

1 Kings 4 in the KAPI

1 Kings 4 in the KBT1ETNIK

1 Kings 4 in the KBV

1 Kings 4 in the KJV

1 Kings 4 in the KNFD

1 Kings 4 in the LBA

1 Kings 4 in the LBLA

1 Kings 4 in the LNT

1 Kings 4 in the LSV

1 Kings 4 in the MAAL

1 Kings 4 in the MBV

1 Kings 4 in the MBV2

1 Kings 4 in the MHNT

1 Kings 4 in the MKNFD

1 Kings 4 in the MNG

1 Kings 4 in the MNT

1 Kings 4 in the MNT2

1 Kings 4 in the MRS1T

1 Kings 4 in the NAA

1 Kings 4 in the NASB

1 Kings 4 in the NBLA

1 Kings 4 in the NBS

1 Kings 4 in the NBVTP

1 Kings 4 in the NET2

1 Kings 4 in the NIV11

1 Kings 4 in the NNT

1 Kings 4 in the NNT2

1 Kings 4 in the NNT3

1 Kings 4 in the PDDPT

1 Kings 4 in the PFNT

1 Kings 4 in the RMNT

1 Kings 4 in the SBIAS

1 Kings 4 in the SBIBS

1 Kings 4 in the SBIBS2

1 Kings 4 in the SBICS

1 Kings 4 in the SBIDS

1 Kings 4 in the SBIGS

1 Kings 4 in the SBIHS

1 Kings 4 in the SBIIS

1 Kings 4 in the SBIIS2

1 Kings 4 in the SBIIS3

1 Kings 4 in the SBIKS

1 Kings 4 in the SBIKS2

1 Kings 4 in the SBIMS

1 Kings 4 in the SBIOS

1 Kings 4 in the SBIPS

1 Kings 4 in the SBISS

1 Kings 4 in the SBITS

1 Kings 4 in the SBITS2

1 Kings 4 in the SBITS3

1 Kings 4 in the SBITS4

1 Kings 4 in the SBIUS

1 Kings 4 in the SBIVS

1 Kings 4 in the SBT

1 Kings 4 in the SBT1E

1 Kings 4 in the SCHL

1 Kings 4 in the SNT

1 Kings 4 in the SUSU

1 Kings 4 in the SUSU2

1 Kings 4 in the SYNO

1 Kings 4 in the TBIAOTANT

1 Kings 4 in the TBT1E

1 Kings 4 in the TBT1E2

1 Kings 4 in the TFTIP

1 Kings 4 in the TFTU

1 Kings 4 in the TGNTATF3T

1 Kings 4 in the THAI

1 Kings 4 in the TNFD

1 Kings 4 in the TNT

1 Kings 4 in the TNTIK

1 Kings 4 in the TNTIL

1 Kings 4 in the TNTIN

1 Kings 4 in the TNTIP

1 Kings 4 in the TNTIZ

1 Kings 4 in the TOMA

1 Kings 4 in the TTENT

1 Kings 4 in the UBG

1 Kings 4 in the UGV

1 Kings 4 in the UGV2

1 Kings 4 in the UGV3

1 Kings 4 in the VBL

1 Kings 4 in the VDCC

1 Kings 4 in the YALU

1 Kings 4 in the YAPE

1 Kings 4 in the YBVTP

1 Kings 4 in the ZBP