1 Peter 2 (BOATCB)

1 Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa nsekuro ho. 2 Monyɛ sɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa. 3 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.” 4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. 5 Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. 6 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ aobiara a ɔbɛgye no adi no,wɔrenni no hwammɔ.” 7 Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no:“Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.” 8 Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,“Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti;ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ. 9 Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. 10 Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no. 11 Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ ewiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho. 12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no. 13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. 14 Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so. 15 Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ. 17 Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn. 18 Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni. 19 Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. 21 Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi. 22 “Kristo anyɛ bɔne.Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.” 23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu. 24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa. 25 Na mote sɛ nnwan a wɔayera,” nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi.

In Other Versions

1 Peter 2 in the ANGEFD

1 Peter 2 in the ANTPNG2D

1 Peter 2 in the AS21

1 Peter 2 in the BAGH

1 Peter 2 in the BBPNG

1 Peter 2 in the BBT1E

1 Peter 2 in the BDS

1 Peter 2 in the BEV

1 Peter 2 in the BHAD

1 Peter 2 in the BIB

1 Peter 2 in the BLPT

1 Peter 2 in the BNT

1 Peter 2 in the BNTABOOT

1 Peter 2 in the BNTLV

1 Peter 2 in the BOATCB2

1 Peter 2 in the BOBCV

1 Peter 2 in the BOCNT

1 Peter 2 in the BOECS

1 Peter 2 in the BOGWICC

1 Peter 2 in the BOHCB

1 Peter 2 in the BOHCV

1 Peter 2 in the BOHLNT

1 Peter 2 in the BOHNTLTAL

1 Peter 2 in the BOICB

1 Peter 2 in the BOILNTAP

1 Peter 2 in the BOITCV

1 Peter 2 in the BOKCV

1 Peter 2 in the BOKCV2

1 Peter 2 in the BOKHWOG

1 Peter 2 in the BOKSSV

1 Peter 2 in the BOLCB

1 Peter 2 in the BOLCB2

1 Peter 2 in the BOMCV

1 Peter 2 in the BONAV

1 Peter 2 in the BONCB

1 Peter 2 in the BONLT

1 Peter 2 in the BONUT2

1 Peter 2 in the BOPLNT

1 Peter 2 in the BOSCB

1 Peter 2 in the BOSNC

1 Peter 2 in the BOTLNT

1 Peter 2 in the BOVCB

1 Peter 2 in the BOYCB

1 Peter 2 in the BPBB

1 Peter 2 in the BPH

1 Peter 2 in the BSB

1 Peter 2 in the CCB

1 Peter 2 in the CUV

1 Peter 2 in the CUVS

1 Peter 2 in the DBT

1 Peter 2 in the DGDNT

1 Peter 2 in the DHNT

1 Peter 2 in the DNT

1 Peter 2 in the ELBE

1 Peter 2 in the EMTV

1 Peter 2 in the ESV

1 Peter 2 in the FBV

1 Peter 2 in the FEB

1 Peter 2 in the GGMNT

1 Peter 2 in the GNT

1 Peter 2 in the HARY

1 Peter 2 in the HNT

1 Peter 2 in the IRVA

1 Peter 2 in the IRVB

1 Peter 2 in the IRVG

1 Peter 2 in the IRVH

1 Peter 2 in the IRVK

1 Peter 2 in the IRVM

1 Peter 2 in the IRVM2

1 Peter 2 in the IRVO

1 Peter 2 in the IRVP

1 Peter 2 in the IRVT

1 Peter 2 in the IRVT2

1 Peter 2 in the IRVU

1 Peter 2 in the ISVN

1 Peter 2 in the JSNT

1 Peter 2 in the KAPI

1 Peter 2 in the KBT1ETNIK

1 Peter 2 in the KBV

1 Peter 2 in the KJV

1 Peter 2 in the KNFD

1 Peter 2 in the LBA

1 Peter 2 in the LBLA

1 Peter 2 in the LNT

1 Peter 2 in the LSV

1 Peter 2 in the MAAL

1 Peter 2 in the MBV

1 Peter 2 in the MBV2

1 Peter 2 in the MHNT

1 Peter 2 in the MKNFD

1 Peter 2 in the MNG

1 Peter 2 in the MNT

1 Peter 2 in the MNT2

1 Peter 2 in the MRS1T

1 Peter 2 in the NAA

1 Peter 2 in the NASB

1 Peter 2 in the NBLA

1 Peter 2 in the NBS

1 Peter 2 in the NBVTP

1 Peter 2 in the NET2

1 Peter 2 in the NIV11

1 Peter 2 in the NNT

1 Peter 2 in the NNT2

1 Peter 2 in the NNT3

1 Peter 2 in the PDDPT

1 Peter 2 in the PFNT

1 Peter 2 in the RMNT

1 Peter 2 in the SBIAS

1 Peter 2 in the SBIBS

1 Peter 2 in the SBIBS2

1 Peter 2 in the SBICS

1 Peter 2 in the SBIDS

1 Peter 2 in the SBIGS

1 Peter 2 in the SBIHS

1 Peter 2 in the SBIIS

1 Peter 2 in the SBIIS2

1 Peter 2 in the SBIIS3

1 Peter 2 in the SBIKS

1 Peter 2 in the SBIKS2

1 Peter 2 in the SBIMS

1 Peter 2 in the SBIOS

1 Peter 2 in the SBIPS

1 Peter 2 in the SBISS

1 Peter 2 in the SBITS

1 Peter 2 in the SBITS2

1 Peter 2 in the SBITS3

1 Peter 2 in the SBITS4

1 Peter 2 in the SBIUS

1 Peter 2 in the SBIVS

1 Peter 2 in the SBT

1 Peter 2 in the SBT1E

1 Peter 2 in the SCHL

1 Peter 2 in the SNT

1 Peter 2 in the SUSU

1 Peter 2 in the SUSU2

1 Peter 2 in the SYNO

1 Peter 2 in the TBIAOTANT

1 Peter 2 in the TBT1E

1 Peter 2 in the TBT1E2

1 Peter 2 in the TFTIP

1 Peter 2 in the TFTU

1 Peter 2 in the TGNTATF3T

1 Peter 2 in the THAI

1 Peter 2 in the TNFD

1 Peter 2 in the TNT

1 Peter 2 in the TNTIK

1 Peter 2 in the TNTIL

1 Peter 2 in the TNTIN

1 Peter 2 in the TNTIP

1 Peter 2 in the TNTIZ

1 Peter 2 in the TOMA

1 Peter 2 in the TTENT

1 Peter 2 in the UBG

1 Peter 2 in the UGV

1 Peter 2 in the UGV2

1 Peter 2 in the UGV3

1 Peter 2 in the VBL

1 Peter 2 in the VDCC

1 Peter 2 in the YALU

1 Peter 2 in the YAPE

1 Peter 2 in the YBVTP

1 Peter 2 in the ZBP