1 Peter 2 (BOATCB2)

1 Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho. 2 Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa. 3 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.” 4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo. 5 Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn. 6 Na Kyerɛwsɛm no ka se,“Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo aobiara a obegye no adi no,wɔrenni no nhuammɔ.” 7 Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no,“Ɔbo a adansifo apo no,ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.” 8 Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se,“Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw;ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe. 9 Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu. 10 Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no. 11 Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho. 12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no. 13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so, 14 anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so. 15 Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo. 17 Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn. 18 Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni. 19 Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. 21 Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi. 22 “Kristo anyɛ bɔne.Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.” 23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu. 24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa. 25 Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi.

In Other Versions

1 Peter 2 in the ANGEFD

1 Peter 2 in the ANTPNG2D

1 Peter 2 in the AS21

1 Peter 2 in the BAGH

1 Peter 2 in the BBPNG

1 Peter 2 in the BBT1E

1 Peter 2 in the BDS

1 Peter 2 in the BEV

1 Peter 2 in the BHAD

1 Peter 2 in the BIB

1 Peter 2 in the BLPT

1 Peter 2 in the BNT

1 Peter 2 in the BNTABOOT

1 Peter 2 in the BNTLV

1 Peter 2 in the BOATCB

1 Peter 2 in the BOBCV

1 Peter 2 in the BOCNT

1 Peter 2 in the BOECS

1 Peter 2 in the BOGWICC

1 Peter 2 in the BOHCB

1 Peter 2 in the BOHCV

1 Peter 2 in the BOHLNT

1 Peter 2 in the BOHNTLTAL

1 Peter 2 in the BOICB

1 Peter 2 in the BOILNTAP

1 Peter 2 in the BOITCV

1 Peter 2 in the BOKCV

1 Peter 2 in the BOKCV2

1 Peter 2 in the BOKHWOG

1 Peter 2 in the BOKSSV

1 Peter 2 in the BOLCB

1 Peter 2 in the BOLCB2

1 Peter 2 in the BOMCV

1 Peter 2 in the BONAV

1 Peter 2 in the BONCB

1 Peter 2 in the BONLT

1 Peter 2 in the BONUT2

1 Peter 2 in the BOPLNT

1 Peter 2 in the BOSCB

1 Peter 2 in the BOSNC

1 Peter 2 in the BOTLNT

1 Peter 2 in the BOVCB

1 Peter 2 in the BOYCB

1 Peter 2 in the BPBB

1 Peter 2 in the BPH

1 Peter 2 in the BSB

1 Peter 2 in the CCB

1 Peter 2 in the CUV

1 Peter 2 in the CUVS

1 Peter 2 in the DBT

1 Peter 2 in the DGDNT

1 Peter 2 in the DHNT

1 Peter 2 in the DNT

1 Peter 2 in the ELBE

1 Peter 2 in the EMTV

1 Peter 2 in the ESV

1 Peter 2 in the FBV

1 Peter 2 in the FEB

1 Peter 2 in the GGMNT

1 Peter 2 in the GNT

1 Peter 2 in the HARY

1 Peter 2 in the HNT

1 Peter 2 in the IRVA

1 Peter 2 in the IRVB

1 Peter 2 in the IRVG

1 Peter 2 in the IRVH

1 Peter 2 in the IRVK

1 Peter 2 in the IRVM

1 Peter 2 in the IRVM2

1 Peter 2 in the IRVO

1 Peter 2 in the IRVP

1 Peter 2 in the IRVT

1 Peter 2 in the IRVT2

1 Peter 2 in the IRVU

1 Peter 2 in the ISVN

1 Peter 2 in the JSNT

1 Peter 2 in the KAPI

1 Peter 2 in the KBT1ETNIK

1 Peter 2 in the KBV

1 Peter 2 in the KJV

1 Peter 2 in the KNFD

1 Peter 2 in the LBA

1 Peter 2 in the LBLA

1 Peter 2 in the LNT

1 Peter 2 in the LSV

1 Peter 2 in the MAAL

1 Peter 2 in the MBV

1 Peter 2 in the MBV2

1 Peter 2 in the MHNT

1 Peter 2 in the MKNFD

1 Peter 2 in the MNG

1 Peter 2 in the MNT

1 Peter 2 in the MNT2

1 Peter 2 in the MRS1T

1 Peter 2 in the NAA

1 Peter 2 in the NASB

1 Peter 2 in the NBLA

1 Peter 2 in the NBS

1 Peter 2 in the NBVTP

1 Peter 2 in the NET2

1 Peter 2 in the NIV11

1 Peter 2 in the NNT

1 Peter 2 in the NNT2

1 Peter 2 in the NNT3

1 Peter 2 in the PDDPT

1 Peter 2 in the PFNT

1 Peter 2 in the RMNT

1 Peter 2 in the SBIAS

1 Peter 2 in the SBIBS

1 Peter 2 in the SBIBS2

1 Peter 2 in the SBICS

1 Peter 2 in the SBIDS

1 Peter 2 in the SBIGS

1 Peter 2 in the SBIHS

1 Peter 2 in the SBIIS

1 Peter 2 in the SBIIS2

1 Peter 2 in the SBIIS3

1 Peter 2 in the SBIKS

1 Peter 2 in the SBIKS2

1 Peter 2 in the SBIMS

1 Peter 2 in the SBIOS

1 Peter 2 in the SBIPS

1 Peter 2 in the SBISS

1 Peter 2 in the SBITS

1 Peter 2 in the SBITS2

1 Peter 2 in the SBITS3

1 Peter 2 in the SBITS4

1 Peter 2 in the SBIUS

1 Peter 2 in the SBIVS

1 Peter 2 in the SBT

1 Peter 2 in the SBT1E

1 Peter 2 in the SCHL

1 Peter 2 in the SNT

1 Peter 2 in the SUSU

1 Peter 2 in the SUSU2

1 Peter 2 in the SYNO

1 Peter 2 in the TBIAOTANT

1 Peter 2 in the TBT1E

1 Peter 2 in the TBT1E2

1 Peter 2 in the TFTIP

1 Peter 2 in the TFTU

1 Peter 2 in the TGNTATF3T

1 Peter 2 in the THAI

1 Peter 2 in the TNFD

1 Peter 2 in the TNT

1 Peter 2 in the TNTIK

1 Peter 2 in the TNTIL

1 Peter 2 in the TNTIN

1 Peter 2 in the TNTIP

1 Peter 2 in the TNTIZ

1 Peter 2 in the TOMA

1 Peter 2 in the TTENT

1 Peter 2 in the UBG

1 Peter 2 in the UGV

1 Peter 2 in the UGV2

1 Peter 2 in the UGV3

1 Peter 2 in the VBL

1 Peter 2 in the VDCC

1 Peter 2 in the YALU

1 Peter 2 in the YAPE

1 Peter 2 in the YBVTP

1 Peter 2 in the ZBP