1 Timothy 5 (BOATCB)

1 Nka akɔkoraa anim, na mmom, hyɛ no nkuran, sɛdeɛ wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛdeɛ wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabunu, 2 yɛ mmaa mpanimfoɔ sɛ wo maamenom, na mmabaawa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammaa wɔ kronnyɛ mu. 3 Ma wʼani nku mmaa akunafoɔ a wɔnni ahwɛfoɔ ho. 4 Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5 Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa. 6 Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma ewiase a, na ɔyɛ teaseawuo. 7 Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ. 8 Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no. 9 Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokorɛ, 10 na afei wagye din wɔ nneyɛeɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a watete ne mma yie na ɔgyee ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔhohoroo Awurade nkurɔfoɔ nan ase na ɔboaa ahokyerefoɔ na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahodoɔ nyinaa. 11 Mfa akunafoɔ nkumaa no din nka wɔn ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsane ware a, wɔte wɔn ho firi Kristo ho 12 na ɛma wɔdi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a ɛdi ɛkan so. 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn berɛ kɔ afieafie mu na deɛ ɛnyɛ koraa ne sɛ, wɔdi nsekuro yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn. 15 Akunafoɔ bi de wɔn ho ama ɔbonsam dada. 16 Sɛ ɔbaa ogyidini bi wɔ akunafoɔ wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yie na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafoɔ a aka wɔn nko no. 17 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho na wɔde anidie mmɔho ma wɔn; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso. 18 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!” Bio, “Odwumayɛfoɔ akatua fata no!” 19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanin bi so no, gye sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim badwam na abɔ afoforɔ hu. 21 Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ kronkron anim ka sɛ, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanimu biara nni mu. 22 Sɛ ɛhia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadie no mu a, mpepere ho. Twe wo ho firi bɔne a ɔfoforɔ yɛ ho na ma wo ho nte. 23 Nnom nsuo nko ara, na mmom, wo yafunu ne wo yadeɛ a wotaa yare enti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi. 24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmuo mu, nanso afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyire yi. 25 Saa ara nso na nneyɛeɛ payɛ no da adi pefee. Na deɛ ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhinta.

In Other Versions

1 Timothy 5 in the ANGEFD

1 Timothy 5 in the ANTPNG2D

1 Timothy 5 in the AS21

1 Timothy 5 in the BAGH

1 Timothy 5 in the BBPNG

1 Timothy 5 in the BBT1E

1 Timothy 5 in the BDS

1 Timothy 5 in the BEV

1 Timothy 5 in the BHAD

1 Timothy 5 in the BIB

1 Timothy 5 in the BLPT

1 Timothy 5 in the BNT

1 Timothy 5 in the BNTABOOT

1 Timothy 5 in the BNTLV

1 Timothy 5 in the BOATCB2

1 Timothy 5 in the BOBCV

1 Timothy 5 in the BOCNT

1 Timothy 5 in the BOECS

1 Timothy 5 in the BOGWICC

1 Timothy 5 in the BOHCB

1 Timothy 5 in the BOHCV

1 Timothy 5 in the BOHLNT

1 Timothy 5 in the BOHNTLTAL

1 Timothy 5 in the BOICB

1 Timothy 5 in the BOILNTAP

1 Timothy 5 in the BOITCV

1 Timothy 5 in the BOKCV

1 Timothy 5 in the BOKCV2

1 Timothy 5 in the BOKHWOG

1 Timothy 5 in the BOKSSV

1 Timothy 5 in the BOLCB

1 Timothy 5 in the BOLCB2

1 Timothy 5 in the BOMCV

1 Timothy 5 in the BONAV

1 Timothy 5 in the BONCB

1 Timothy 5 in the BONLT

1 Timothy 5 in the BONUT2

1 Timothy 5 in the BOPLNT

1 Timothy 5 in the BOSCB

1 Timothy 5 in the BOSNC

1 Timothy 5 in the BOTLNT

1 Timothy 5 in the BOVCB

1 Timothy 5 in the BOYCB

1 Timothy 5 in the BPBB

1 Timothy 5 in the BPH

1 Timothy 5 in the BSB

1 Timothy 5 in the CCB

1 Timothy 5 in the CUV

1 Timothy 5 in the CUVS

1 Timothy 5 in the DBT

1 Timothy 5 in the DGDNT

1 Timothy 5 in the DHNT

1 Timothy 5 in the DNT

1 Timothy 5 in the ELBE

1 Timothy 5 in the EMTV

1 Timothy 5 in the ESV

1 Timothy 5 in the FBV

1 Timothy 5 in the FEB

1 Timothy 5 in the GGMNT

1 Timothy 5 in the GNT

1 Timothy 5 in the HARY

1 Timothy 5 in the HNT

1 Timothy 5 in the IRVA

1 Timothy 5 in the IRVB

1 Timothy 5 in the IRVG

1 Timothy 5 in the IRVH

1 Timothy 5 in the IRVK

1 Timothy 5 in the IRVM

1 Timothy 5 in the IRVM2

1 Timothy 5 in the IRVO

1 Timothy 5 in the IRVP

1 Timothy 5 in the IRVT

1 Timothy 5 in the IRVT2

1 Timothy 5 in the IRVU

1 Timothy 5 in the ISVN

1 Timothy 5 in the JSNT

1 Timothy 5 in the KAPI

1 Timothy 5 in the KBT1ETNIK

1 Timothy 5 in the KBV

1 Timothy 5 in the KJV

1 Timothy 5 in the KNFD

1 Timothy 5 in the LBA

1 Timothy 5 in the LBLA

1 Timothy 5 in the LNT

1 Timothy 5 in the LSV

1 Timothy 5 in the MAAL

1 Timothy 5 in the MBV

1 Timothy 5 in the MBV2

1 Timothy 5 in the MHNT

1 Timothy 5 in the MKNFD

1 Timothy 5 in the MNG

1 Timothy 5 in the MNT

1 Timothy 5 in the MNT2

1 Timothy 5 in the MRS1T

1 Timothy 5 in the NAA

1 Timothy 5 in the NASB

1 Timothy 5 in the NBLA

1 Timothy 5 in the NBS

1 Timothy 5 in the NBVTP

1 Timothy 5 in the NET2

1 Timothy 5 in the NIV11

1 Timothy 5 in the NNT

1 Timothy 5 in the NNT2

1 Timothy 5 in the NNT3

1 Timothy 5 in the PDDPT

1 Timothy 5 in the PFNT

1 Timothy 5 in the RMNT

1 Timothy 5 in the SBIAS

1 Timothy 5 in the SBIBS

1 Timothy 5 in the SBIBS2

1 Timothy 5 in the SBICS

1 Timothy 5 in the SBIDS

1 Timothy 5 in the SBIGS

1 Timothy 5 in the SBIHS

1 Timothy 5 in the SBIIS

1 Timothy 5 in the SBIIS2

1 Timothy 5 in the SBIIS3

1 Timothy 5 in the SBIKS

1 Timothy 5 in the SBIKS2

1 Timothy 5 in the SBIMS

1 Timothy 5 in the SBIOS

1 Timothy 5 in the SBIPS

1 Timothy 5 in the SBISS

1 Timothy 5 in the SBITS

1 Timothy 5 in the SBITS2

1 Timothy 5 in the SBITS3

1 Timothy 5 in the SBITS4

1 Timothy 5 in the SBIUS

1 Timothy 5 in the SBIVS

1 Timothy 5 in the SBT

1 Timothy 5 in the SBT1E

1 Timothy 5 in the SCHL

1 Timothy 5 in the SNT

1 Timothy 5 in the SUSU

1 Timothy 5 in the SUSU2

1 Timothy 5 in the SYNO

1 Timothy 5 in the TBIAOTANT

1 Timothy 5 in the TBT1E

1 Timothy 5 in the TBT1E2

1 Timothy 5 in the TFTIP

1 Timothy 5 in the TFTU

1 Timothy 5 in the TGNTATF3T

1 Timothy 5 in the THAI

1 Timothy 5 in the TNFD

1 Timothy 5 in the TNT

1 Timothy 5 in the TNTIK

1 Timothy 5 in the TNTIL

1 Timothy 5 in the TNTIN

1 Timothy 5 in the TNTIP

1 Timothy 5 in the TNTIZ

1 Timothy 5 in the TOMA

1 Timothy 5 in the TTENT

1 Timothy 5 in the UBG

1 Timothy 5 in the UGV

1 Timothy 5 in the UGV2

1 Timothy 5 in the UGV3

1 Timothy 5 in the VBL

1 Timothy 5 in the VDCC

1 Timothy 5 in the YALU

1 Timothy 5 in the YAPE

1 Timothy 5 in the YBVTP

1 Timothy 5 in the ZBP