Acts 12 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ. 2 Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo. 3 Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim. 5 Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so. 6 Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano. 7 Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa. 8 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.” 9 Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara. 10 Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ. 11 Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.” 12 Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ. 13 Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ. 14 Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.” 15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.” 16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn. 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ. 18 Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa. 19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ.Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. 20 Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so. 21 Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.” 23 Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn. 24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ. 25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.

In Other Versions

Acts 12 in the ANGEFD

Acts 12 in the ANTPNG2D

Acts 12 in the AS21

Acts 12 in the BAGH

Acts 12 in the BBPNG

Acts 12 in the BBT1E

Acts 12 in the BDS

Acts 12 in the BEV

Acts 12 in the BHAD

Acts 12 in the BIB

Acts 12 in the BLPT

Acts 12 in the BNT

Acts 12 in the BNTABOOT

Acts 12 in the BNTLV

Acts 12 in the BOATCB2

Acts 12 in the BOBCV

Acts 12 in the BOCNT

Acts 12 in the BOECS

Acts 12 in the BOGWICC

Acts 12 in the BOHCB

Acts 12 in the BOHCV

Acts 12 in the BOHLNT

Acts 12 in the BOHNTLTAL

Acts 12 in the BOICB

Acts 12 in the BOILNTAP

Acts 12 in the BOITCV

Acts 12 in the BOKCV

Acts 12 in the BOKCV2

Acts 12 in the BOKHWOG

Acts 12 in the BOKSSV

Acts 12 in the BOLCB

Acts 12 in the BOLCB2

Acts 12 in the BOMCV

Acts 12 in the BONAV

Acts 12 in the BONCB

Acts 12 in the BONLT

Acts 12 in the BONUT2

Acts 12 in the BOPLNT

Acts 12 in the BOSCB

Acts 12 in the BOSNC

Acts 12 in the BOTLNT

Acts 12 in the BOVCB

Acts 12 in the BOYCB

Acts 12 in the BPBB

Acts 12 in the BPH

Acts 12 in the BSB

Acts 12 in the CCB

Acts 12 in the CUV

Acts 12 in the CUVS

Acts 12 in the DBT

Acts 12 in the DGDNT

Acts 12 in the DHNT

Acts 12 in the DNT

Acts 12 in the ELBE

Acts 12 in the EMTV

Acts 12 in the ESV

Acts 12 in the FBV

Acts 12 in the FEB

Acts 12 in the GGMNT

Acts 12 in the GNT

Acts 12 in the HARY

Acts 12 in the HNT

Acts 12 in the IRVA

Acts 12 in the IRVB

Acts 12 in the IRVG

Acts 12 in the IRVH

Acts 12 in the IRVK

Acts 12 in the IRVM

Acts 12 in the IRVM2

Acts 12 in the IRVO

Acts 12 in the IRVP

Acts 12 in the IRVT

Acts 12 in the IRVT2

Acts 12 in the IRVU

Acts 12 in the ISVN

Acts 12 in the JSNT

Acts 12 in the KAPI

Acts 12 in the KBT1ETNIK

Acts 12 in the KBV

Acts 12 in the KJV

Acts 12 in the KNFD

Acts 12 in the LBA

Acts 12 in the LBLA

Acts 12 in the LNT

Acts 12 in the LSV

Acts 12 in the MAAL

Acts 12 in the MBV

Acts 12 in the MBV2

Acts 12 in the MHNT

Acts 12 in the MKNFD

Acts 12 in the MNG

Acts 12 in the MNT

Acts 12 in the MNT2

Acts 12 in the MRS1T

Acts 12 in the NAA

Acts 12 in the NASB

Acts 12 in the NBLA

Acts 12 in the NBS

Acts 12 in the NBVTP

Acts 12 in the NET2

Acts 12 in the NIV11

Acts 12 in the NNT

Acts 12 in the NNT2

Acts 12 in the NNT3

Acts 12 in the PDDPT

Acts 12 in the PFNT

Acts 12 in the RMNT

Acts 12 in the SBIAS

Acts 12 in the SBIBS

Acts 12 in the SBIBS2

Acts 12 in the SBICS

Acts 12 in the SBIDS

Acts 12 in the SBIGS

Acts 12 in the SBIHS

Acts 12 in the SBIIS

Acts 12 in the SBIIS2

Acts 12 in the SBIIS3

Acts 12 in the SBIKS

Acts 12 in the SBIKS2

Acts 12 in the SBIMS

Acts 12 in the SBIOS

Acts 12 in the SBIPS

Acts 12 in the SBISS

Acts 12 in the SBITS

Acts 12 in the SBITS2

Acts 12 in the SBITS3

Acts 12 in the SBITS4

Acts 12 in the SBIUS

Acts 12 in the SBIVS

Acts 12 in the SBT

Acts 12 in the SBT1E

Acts 12 in the SCHL

Acts 12 in the SNT

Acts 12 in the SUSU

Acts 12 in the SUSU2

Acts 12 in the SYNO

Acts 12 in the TBIAOTANT

Acts 12 in the TBT1E

Acts 12 in the TBT1E2

Acts 12 in the TFTIP

Acts 12 in the TFTU

Acts 12 in the TGNTATF3T

Acts 12 in the THAI

Acts 12 in the TNFD

Acts 12 in the TNT

Acts 12 in the TNTIK

Acts 12 in the TNTIL

Acts 12 in the TNTIN

Acts 12 in the TNTIP

Acts 12 in the TNTIZ

Acts 12 in the TOMA

Acts 12 in the TTENT

Acts 12 in the UBG

Acts 12 in the UGV

Acts 12 in the UGV2

Acts 12 in the UGV3

Acts 12 in the VBL

Acts 12 in the VDCC

Acts 12 in the YALU

Acts 12 in the YAPE

Acts 12 in the YBVTP

Acts 12 in the ZBP