Acts 12 (BOATCB2)
        
        
          1 Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade. 2 Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo. 3 Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim.  5 Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.  6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso. 7 Amono mu hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa.  8 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa.” Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di mʼakyi.” 9 Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛmpa ara. 10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.  11 Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.”  12 Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae. 13 Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei. 14 Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.”  15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ɛbɛyɛ ne saman.”  16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;” na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.  18 Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa. 19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ.Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. 20 Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.  21 Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, “Eyi yɛ onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!” 23 Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti.  24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii.  25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Acts 12 in the ANGEFD
  
  
    Acts 12 in the ANTPNG2D
  
  
    Acts 12 in the AS21
  
  
    Acts 12 in the BAGH
  
  
    Acts 12 in the BBPNG
  
  
    Acts 12 in the BBT1E
  
  
    Acts 12 in the BDS
  
  
    Acts 12 in the BEV
  
  
    Acts 12 in the BHAD
  
  
    Acts 12 in the BIB
  
  
    Acts 12 in the BLPT
  
  
    Acts 12 in the BNT
  
  
    Acts 12 in the BNTABOOT
  
  
    Acts 12 in the BNTLV
  
  
    Acts 12 in the BOATCB
  
  
    Acts 12 in the BOBCV
  
  
    Acts 12 in the BOCNT
  
  
    Acts 12 in the BOECS
  
  
    Acts 12 in the BOGWICC
  
  
    Acts 12 in the BOHCB
  
  
    Acts 12 in the BOHCV
  
  
    Acts 12 in the BOHLNT
  
  
    Acts 12 in the BOHNTLTAL
  
  
    Acts 12 in the BOICB
  
  
    Acts 12 in the BOILNTAP
  
  
    Acts 12 in the BOITCV
  
  
    Acts 12 in the BOKCV
  
  
    Acts 12 in the BOKCV2
  
  
    Acts 12 in the BOKHWOG
  
  
    Acts 12 in the BOKSSV
  
  
    Acts 12 in the BOLCB
  
  
    Acts 12 in the BOLCB2
  
  
    Acts 12 in the BOMCV
  
  
    Acts 12 in the BONAV
  
  
    Acts 12 in the BONCB
  
  
    Acts 12 in the BONLT
  
  
    Acts 12 in the BONUT2
  
  
    Acts 12 in the BOPLNT
  
  
    Acts 12 in the BOSCB
  
  
    Acts 12 in the BOSNC
  
  
    Acts 12 in the BOTLNT
  
  
    Acts 12 in the BOVCB
  
  
    Acts 12 in the BOYCB
  
  
    Acts 12 in the BPBB
  
  
    Acts 12 in the BPH
  
  
    Acts 12 in the BSB
  
  
    Acts 12 in the CCB
  
  
    Acts 12 in the CUV
  
  
    Acts 12 in the CUVS
  
  
    Acts 12 in the DBT
  
  
    Acts 12 in the DGDNT
  
  
    Acts 12 in the DHNT
  
  
    Acts 12 in the DNT
  
  
    Acts 12 in the ELBE
  
  
    Acts 12 in the EMTV
  
  
    Acts 12 in the ESV
  
  
    Acts 12 in the FBV
  
  
    Acts 12 in the FEB
  
  
    Acts 12 in the GGMNT
  
  
    Acts 12 in the GNT
  
  
    Acts 12 in the HARY
  
  
    Acts 12 in the HNT
  
  
    Acts 12 in the IRVA
  
  
    Acts 12 in the IRVB
  
  
    Acts 12 in the IRVG
  
  
    Acts 12 in the IRVH
  
  
    Acts 12 in the IRVK
  
  
    Acts 12 in the IRVM
  
  
    Acts 12 in the IRVM2
  
  
    Acts 12 in the IRVO
  
  
    Acts 12 in the IRVP
  
  
    Acts 12 in the IRVT
  
  
    Acts 12 in the IRVT2
  
  
    Acts 12 in the IRVU
  
  
    Acts 12 in the ISVN
  
  
    Acts 12 in the JSNT
  
  
    Acts 12 in the KAPI
  
  
    Acts 12 in the KBT1ETNIK
  
  
    Acts 12 in the KBV
  
  
    Acts 12 in the KJV
  
  
    Acts 12 in the KNFD
  
  
    Acts 12 in the LBA
  
  
    Acts 12 in the LBLA
  
  
    Acts 12 in the LNT
  
  
    Acts 12 in the LSV
  
  
    Acts 12 in the MAAL
  
  
    Acts 12 in the MBV
  
  
    Acts 12 in the MBV2
  
  
    Acts 12 in the MHNT
  
  
    Acts 12 in the MKNFD
  
  
    Acts 12 in the MNG
  
  
    Acts 12 in the MNT
  
  
    Acts 12 in the MNT2
  
  
    Acts 12 in the MRS1T
  
  
    Acts 12 in the NAA
  
  
    Acts 12 in the NASB
  
  
    Acts 12 in the NBLA
  
  
    Acts 12 in the NBS
  
  
    Acts 12 in the NBVTP
  
  
    Acts 12 in the NET2
  
  
    Acts 12 in the NIV11
  
  
    Acts 12 in the NNT
  
  
    Acts 12 in the NNT2
  
  
    Acts 12 in the NNT3
  
  
    Acts 12 in the PDDPT
  
  
    Acts 12 in the PFNT
  
  
    Acts 12 in the RMNT
  
  
    Acts 12 in the SBIAS
  
  
    Acts 12 in the SBIBS
  
  
    Acts 12 in the SBIBS2
  
  
    Acts 12 in the SBICS
  
  
    Acts 12 in the SBIDS
  
  
    Acts 12 in the SBIGS
  
  
    Acts 12 in the SBIHS
  
  
    Acts 12 in the SBIIS
  
  
    Acts 12 in the SBIIS2
  
  
    Acts 12 in the SBIIS3
  
  
    Acts 12 in the SBIKS
  
  
    Acts 12 in the SBIKS2
  
  
    Acts 12 in the SBIMS
  
  
    Acts 12 in the SBIOS
  
  
    Acts 12 in the SBIPS
  
  
    Acts 12 in the SBISS
  
  
    Acts 12 in the SBITS
  
  
    Acts 12 in the SBITS2
  
  
    Acts 12 in the SBITS3
  
  
    Acts 12 in the SBITS4
  
  
    Acts 12 in the SBIUS
  
  
    Acts 12 in the SBIVS
  
  
    Acts 12 in the SBT
  
  
    Acts 12 in the SBT1E
  
  
    Acts 12 in the SCHL
  
  
    Acts 12 in the SNT
  
  
    Acts 12 in the SUSU
  
  
    Acts 12 in the SUSU2
  
  
    Acts 12 in the SYNO
  
  
    Acts 12 in the TBIAOTANT
  
  
    Acts 12 in the TBT1E
  
  
    Acts 12 in the TBT1E2
  
  
    Acts 12 in the TFTIP
  
  
    Acts 12 in the TFTU
  
  
    Acts 12 in the TGNTATF3T
  
  
    Acts 12 in the THAI
  
  
    Acts 12 in the TNFD
  
  
    Acts 12 in the TNT
  
  
    Acts 12 in the TNTIK
  
  
    Acts 12 in the TNTIL
  
  
    Acts 12 in the TNTIN
  
  
    Acts 12 in the TNTIP
  
  
    Acts 12 in the TNTIZ
  
  
    Acts 12 in the TOMA
  
  
    Acts 12 in the TTENT
  
  
    Acts 12 in the UBG
  
  
    Acts 12 in the UGV
  
  
    Acts 12 in the UGV2
  
  
    Acts 12 in the UGV3
  
  
    Acts 12 in the VBL
  
  
    Acts 12 in the VDCC
  
  
    Acts 12 in the YALU
  
  
    Acts 12 in the YAPE
  
  
    Acts 12 in the YBVTP
  
  
    Acts 12 in the ZBP