Acts 16 (BOATCB)

1 Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. 2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa. 3 Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. 4 Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn. 5 Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho. 6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7 Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan. 8 Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa. 9 Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10 Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ, yɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. 11 Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli. 12 Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu. 13 Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no. 14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ. 16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia bɔ mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu firi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu. 19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ. 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.” 22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. 24 Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu. 25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. 27 Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho. 28 Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?” 31 Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.” 32 Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi. 35 Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Mpanin no asoma abɛka sɛ mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu.” 37 Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.” 38 Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu. 40 Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ.

In Other Versions

Acts 16 in the ANGEFD

Acts 16 in the ANTPNG2D

Acts 16 in the AS21

Acts 16 in the BAGH

Acts 16 in the BBPNG

Acts 16 in the BBT1E

Acts 16 in the BDS

Acts 16 in the BEV

Acts 16 in the BHAD

Acts 16 in the BIB

Acts 16 in the BLPT

Acts 16 in the BNT

Acts 16 in the BNTABOOT

Acts 16 in the BNTLV

Acts 16 in the BOATCB2

Acts 16 in the BOBCV

Acts 16 in the BOCNT

Acts 16 in the BOECS

Acts 16 in the BOGWICC

Acts 16 in the BOHCB

Acts 16 in the BOHCV

Acts 16 in the BOHLNT

Acts 16 in the BOHNTLTAL

Acts 16 in the BOICB

Acts 16 in the BOILNTAP

Acts 16 in the BOITCV

Acts 16 in the BOKCV

Acts 16 in the BOKCV2

Acts 16 in the BOKHWOG

Acts 16 in the BOKSSV

Acts 16 in the BOLCB

Acts 16 in the BOLCB2

Acts 16 in the BOMCV

Acts 16 in the BONAV

Acts 16 in the BONCB

Acts 16 in the BONLT

Acts 16 in the BONUT2

Acts 16 in the BOPLNT

Acts 16 in the BOSCB

Acts 16 in the BOSNC

Acts 16 in the BOTLNT

Acts 16 in the BOVCB

Acts 16 in the BOYCB

Acts 16 in the BPBB

Acts 16 in the BPH

Acts 16 in the BSB

Acts 16 in the CCB

Acts 16 in the CUV

Acts 16 in the CUVS

Acts 16 in the DBT

Acts 16 in the DGDNT

Acts 16 in the DHNT

Acts 16 in the DNT

Acts 16 in the ELBE

Acts 16 in the EMTV

Acts 16 in the ESV

Acts 16 in the FBV

Acts 16 in the FEB

Acts 16 in the GGMNT

Acts 16 in the GNT

Acts 16 in the HARY

Acts 16 in the HNT

Acts 16 in the IRVA

Acts 16 in the IRVB

Acts 16 in the IRVG

Acts 16 in the IRVH

Acts 16 in the IRVK

Acts 16 in the IRVM

Acts 16 in the IRVM2

Acts 16 in the IRVO

Acts 16 in the IRVP

Acts 16 in the IRVT

Acts 16 in the IRVT2

Acts 16 in the IRVU

Acts 16 in the ISVN

Acts 16 in the JSNT

Acts 16 in the KAPI

Acts 16 in the KBT1ETNIK

Acts 16 in the KBV

Acts 16 in the KJV

Acts 16 in the KNFD

Acts 16 in the LBA

Acts 16 in the LBLA

Acts 16 in the LNT

Acts 16 in the LSV

Acts 16 in the MAAL

Acts 16 in the MBV

Acts 16 in the MBV2

Acts 16 in the MHNT

Acts 16 in the MKNFD

Acts 16 in the MNG

Acts 16 in the MNT

Acts 16 in the MNT2

Acts 16 in the MRS1T

Acts 16 in the NAA

Acts 16 in the NASB

Acts 16 in the NBLA

Acts 16 in the NBS

Acts 16 in the NBVTP

Acts 16 in the NET2

Acts 16 in the NIV11

Acts 16 in the NNT

Acts 16 in the NNT2

Acts 16 in the NNT3

Acts 16 in the PDDPT

Acts 16 in the PFNT

Acts 16 in the RMNT

Acts 16 in the SBIAS

Acts 16 in the SBIBS

Acts 16 in the SBIBS2

Acts 16 in the SBICS

Acts 16 in the SBIDS

Acts 16 in the SBIGS

Acts 16 in the SBIHS

Acts 16 in the SBIIS

Acts 16 in the SBIIS2

Acts 16 in the SBIIS3

Acts 16 in the SBIKS

Acts 16 in the SBIKS2

Acts 16 in the SBIMS

Acts 16 in the SBIOS

Acts 16 in the SBIPS

Acts 16 in the SBISS

Acts 16 in the SBITS

Acts 16 in the SBITS2

Acts 16 in the SBITS3

Acts 16 in the SBITS4

Acts 16 in the SBIUS

Acts 16 in the SBIVS

Acts 16 in the SBT

Acts 16 in the SBT1E

Acts 16 in the SCHL

Acts 16 in the SNT

Acts 16 in the SUSU

Acts 16 in the SUSU2

Acts 16 in the SYNO

Acts 16 in the TBIAOTANT

Acts 16 in the TBT1E

Acts 16 in the TBT1E2

Acts 16 in the TFTIP

Acts 16 in the TFTU

Acts 16 in the TGNTATF3T

Acts 16 in the THAI

Acts 16 in the TNFD

Acts 16 in the TNT

Acts 16 in the TNTIK

Acts 16 in the TNTIL

Acts 16 in the TNTIN

Acts 16 in the TNTIP

Acts 16 in the TNTIZ

Acts 16 in the TOMA

Acts 16 in the TTENT

Acts 16 in the UBG

Acts 16 in the UGV

Acts 16 in the UGV2

Acts 16 in the UGV3

Acts 16 in the VBL

Acts 16 in the VDCC

Acts 16 in the YALU

Acts 16 in the YAPE

Acts 16 in the YBVTP

Acts 16 in the ZBP