Deuteronomy 16 (BOATCB)
        
        
          1 Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib  no mu mma AWURADE, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. 2 Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma AWURADE, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a AWURADE bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu. 3 Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no. 4 Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa.  5 Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 6 Baabi a AWURADE mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. 7 Montoto na monwe no wɔ faako a AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8 Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.  9 Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. 10 Monni Nnapɛn Dapɔnna ma AWURADE, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a AWURADE, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. 11 Na monnye mo ani wɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ. 12 Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so.  13 Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14 Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu. 15 Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ AWURADE, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, AWURADE mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara.  16 Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo AWURADE, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba AWURADE anim nsapan. 17 Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ AWURADE mo Onyankopɔn ahyira no.  18 Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a AWURADE, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so. 19 Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. 20 Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a AWURADE mo Onyankopɔn de rema mo no so.  21 Monnsisi nnua biara sɛ abosompɔ wɔ AWURADE mo Onyankopɔn afɔrebukyia a morebɛsi ama no no ho. 22 Saa ara nso na monnsi aboɔ adum nsom wɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ AWURADE mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.
        
        
          In Other Versions
        
        
  
    Deuteronomy 16 in the ANGEFD
  
  
    Deuteronomy 16 in the ANTPNG2D
  
  
    Deuteronomy 16 in the AS21
  
  
    Deuteronomy 16 in the BAGH
  
  
    Deuteronomy 16 in the BBPNG
  
  
    Deuteronomy 16 in the BBT1E
  
  
    Deuteronomy 16 in the BDS
  
  
    Deuteronomy 16 in the BEV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BHAD
  
  
    Deuteronomy 16 in the BIB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BLPT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BNTABOOT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BNTLV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOATCB2
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOBCV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOCNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOECS
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOGWICC
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOHCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOHCV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOHLNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOHNTLTAL
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOICB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOILNTAP
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOITCV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOKCV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOKCV2
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOKHWOG
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOKSSV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOLCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOLCB2
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOMCV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BONAV
  
  
    Deuteronomy 16 in the BONCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BONLT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BONUT2
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOPLNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOSCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOSNC
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOTLNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOVCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BOYCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BPBB
  
  
    Deuteronomy 16 in the BPH
  
  
    Deuteronomy 16 in the BSB
  
  
    Deuteronomy 16 in the CCB
  
  
    Deuteronomy 16 in the CUV
  
  
    Deuteronomy 16 in the CUVS
  
  
    Deuteronomy 16 in the DBT
  
  
    Deuteronomy 16 in the DGDNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the DHNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the DNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the ELBE
  
  
    Deuteronomy 16 in the EMTV
  
  
    Deuteronomy 16 in the ESV
  
  
    Deuteronomy 16 in the FBV
  
  
    Deuteronomy 16 in the FEB
  
  
    Deuteronomy 16 in the GGMNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the GNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the HARY
  
  
    Deuteronomy 16 in the HNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVA
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVB
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVG
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVH
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVK
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVM
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVM2
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVO
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVP
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVT
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVT2
  
  
    Deuteronomy 16 in the IRVU
  
  
    Deuteronomy 16 in the ISVN
  
  
    Deuteronomy 16 in the JSNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the KAPI
  
  
    Deuteronomy 16 in the KBT1ETNIK
  
  
    Deuteronomy 16 in the KBV
  
  
    Deuteronomy 16 in the KJV
  
  
    Deuteronomy 16 in the KNFD
  
  
    Deuteronomy 16 in the LBA
  
  
    Deuteronomy 16 in the LBLA
  
  
    Deuteronomy 16 in the LNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the LSV
  
  
    Deuteronomy 16 in the MAAL
  
  
    Deuteronomy 16 in the MBV
  
  
    Deuteronomy 16 in the MBV2
  
  
    Deuteronomy 16 in the MHNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the MKNFD
  
  
    Deuteronomy 16 in the MNG
  
  
    Deuteronomy 16 in the MNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the MNT2
  
  
    Deuteronomy 16 in the MRS1T
  
  
    Deuteronomy 16 in the NAA
  
  
    Deuteronomy 16 in the NASB
  
  
    Deuteronomy 16 in the NBLA
  
  
    Deuteronomy 16 in the NBS
  
  
    Deuteronomy 16 in the NBVTP
  
  
    Deuteronomy 16 in the NET2
  
  
    Deuteronomy 16 in the NIV11
  
  
    Deuteronomy 16 in the NNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the NNT2
  
  
    Deuteronomy 16 in the NNT3
  
  
    Deuteronomy 16 in the PDDPT
  
  
    Deuteronomy 16 in the PFNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the RMNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIAS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIBS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIBS2
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBICS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIDS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIGS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIHS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIIS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIIS2
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIIS3
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIKS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIKS2
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIMS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIOS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIPS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBISS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBITS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBITS2
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBITS3
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBITS4
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIUS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBIVS
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBT
  
  
    Deuteronomy 16 in the SBT1E
  
  
    Deuteronomy 16 in the SCHL
  
  
    Deuteronomy 16 in the SNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the SUSU
  
  
    Deuteronomy 16 in the SUSU2
  
  
    Deuteronomy 16 in the SYNO
  
  
    Deuteronomy 16 in the TBIAOTANT
  
  
    Deuteronomy 16 in the TBT1E
  
  
    Deuteronomy 16 in the TBT1E2
  
  
    Deuteronomy 16 in the TFTIP
  
  
    Deuteronomy 16 in the TFTU
  
  
    Deuteronomy 16 in the TGNTATF3T
  
  
    Deuteronomy 16 in the THAI
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNFD
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNT
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNTIK
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNTIL
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNTIN
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNTIP
  
  
    Deuteronomy 16 in the TNTIZ
  
  
    Deuteronomy 16 in the TOMA
  
  
    Deuteronomy 16 in the TTENT
  
  
    Deuteronomy 16 in the UBG
  
  
    Deuteronomy 16 in the UGV
  
  
    Deuteronomy 16 in the UGV2
  
  
    Deuteronomy 16 in the UGV3
  
  
    Deuteronomy 16 in the VBL
  
  
    Deuteronomy 16 in the VDCC
  
  
    Deuteronomy 16 in the YALU
  
  
    Deuteronomy 16 in the YAPE
  
  
    Deuteronomy 16 in the YBVTP
  
  
    Deuteronomy 16 in the ZBP