Deuteronomy 16 (BOATCB2)

1 Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib no mu mma AWURADE, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim. 2 Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma AWURADE, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a AWURADE beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no. 3 Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no. 4 Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa. 5 Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a AWURADE, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so, 6 gye faako a AWURADE, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ. 7 Montoto na monwe no wɔ faako a AWURADE, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu. 8 Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma. 9 Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason. 10 Na monhwɛ sɛnea AWURADE, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma AWURADE, mo Nyankopɔn no. 11 Na munnye mo ani wɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa. 12 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so. 13 Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14 Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu. 15 Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ. 16 Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo AWURADE, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba AWURADE anim nsapan. 17 Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a AWURADE, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba. 18 Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a AWURADE, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee. 19 Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. 20 Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a AWURADE, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. 21 Mummfi afɔremuka a mubesi ama AWURADE, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara, 22 na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.

In Other Versions

Deuteronomy 16 in the ANGEFD

Deuteronomy 16 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 16 in the AS21

Deuteronomy 16 in the BAGH

Deuteronomy 16 in the BBPNG

Deuteronomy 16 in the BBT1E

Deuteronomy 16 in the BDS

Deuteronomy 16 in the BEV

Deuteronomy 16 in the BHAD

Deuteronomy 16 in the BIB

Deuteronomy 16 in the BLPT

Deuteronomy 16 in the BNT

Deuteronomy 16 in the BNTABOOT

Deuteronomy 16 in the BNTLV

Deuteronomy 16 in the BOATCB

Deuteronomy 16 in the BOBCV

Deuteronomy 16 in the BOCNT

Deuteronomy 16 in the BOECS

Deuteronomy 16 in the BOGWICC

Deuteronomy 16 in the BOHCB

Deuteronomy 16 in the BOHCV

Deuteronomy 16 in the BOHLNT

Deuteronomy 16 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 16 in the BOICB

Deuteronomy 16 in the BOILNTAP

Deuteronomy 16 in the BOITCV

Deuteronomy 16 in the BOKCV

Deuteronomy 16 in the BOKCV2

Deuteronomy 16 in the BOKHWOG

Deuteronomy 16 in the BOKSSV

Deuteronomy 16 in the BOLCB

Deuteronomy 16 in the BOLCB2

Deuteronomy 16 in the BOMCV

Deuteronomy 16 in the BONAV

Deuteronomy 16 in the BONCB

Deuteronomy 16 in the BONLT

Deuteronomy 16 in the BONUT2

Deuteronomy 16 in the BOPLNT

Deuteronomy 16 in the BOSCB

Deuteronomy 16 in the BOSNC

Deuteronomy 16 in the BOTLNT

Deuteronomy 16 in the BOVCB

Deuteronomy 16 in the BOYCB

Deuteronomy 16 in the BPBB

Deuteronomy 16 in the BPH

Deuteronomy 16 in the BSB

Deuteronomy 16 in the CCB

Deuteronomy 16 in the CUV

Deuteronomy 16 in the CUVS

Deuteronomy 16 in the DBT

Deuteronomy 16 in the DGDNT

Deuteronomy 16 in the DHNT

Deuteronomy 16 in the DNT

Deuteronomy 16 in the ELBE

Deuteronomy 16 in the EMTV

Deuteronomy 16 in the ESV

Deuteronomy 16 in the FBV

Deuteronomy 16 in the FEB

Deuteronomy 16 in the GGMNT

Deuteronomy 16 in the GNT

Deuteronomy 16 in the HARY

Deuteronomy 16 in the HNT

Deuteronomy 16 in the IRVA

Deuteronomy 16 in the IRVB

Deuteronomy 16 in the IRVG

Deuteronomy 16 in the IRVH

Deuteronomy 16 in the IRVK

Deuteronomy 16 in the IRVM

Deuteronomy 16 in the IRVM2

Deuteronomy 16 in the IRVO

Deuteronomy 16 in the IRVP

Deuteronomy 16 in the IRVT

Deuteronomy 16 in the IRVT2

Deuteronomy 16 in the IRVU

Deuteronomy 16 in the ISVN

Deuteronomy 16 in the JSNT

Deuteronomy 16 in the KAPI

Deuteronomy 16 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 16 in the KBV

Deuteronomy 16 in the KJV

Deuteronomy 16 in the KNFD

Deuteronomy 16 in the LBA

Deuteronomy 16 in the LBLA

Deuteronomy 16 in the LNT

Deuteronomy 16 in the LSV

Deuteronomy 16 in the MAAL

Deuteronomy 16 in the MBV

Deuteronomy 16 in the MBV2

Deuteronomy 16 in the MHNT

Deuteronomy 16 in the MKNFD

Deuteronomy 16 in the MNG

Deuteronomy 16 in the MNT

Deuteronomy 16 in the MNT2

Deuteronomy 16 in the MRS1T

Deuteronomy 16 in the NAA

Deuteronomy 16 in the NASB

Deuteronomy 16 in the NBLA

Deuteronomy 16 in the NBS

Deuteronomy 16 in the NBVTP

Deuteronomy 16 in the NET2

Deuteronomy 16 in the NIV11

Deuteronomy 16 in the NNT

Deuteronomy 16 in the NNT2

Deuteronomy 16 in the NNT3

Deuteronomy 16 in the PDDPT

Deuteronomy 16 in the PFNT

Deuteronomy 16 in the RMNT

Deuteronomy 16 in the SBIAS

Deuteronomy 16 in the SBIBS

Deuteronomy 16 in the SBIBS2

Deuteronomy 16 in the SBICS

Deuteronomy 16 in the SBIDS

Deuteronomy 16 in the SBIGS

Deuteronomy 16 in the SBIHS

Deuteronomy 16 in the SBIIS

Deuteronomy 16 in the SBIIS2

Deuteronomy 16 in the SBIIS3

Deuteronomy 16 in the SBIKS

Deuteronomy 16 in the SBIKS2

Deuteronomy 16 in the SBIMS

Deuteronomy 16 in the SBIOS

Deuteronomy 16 in the SBIPS

Deuteronomy 16 in the SBISS

Deuteronomy 16 in the SBITS

Deuteronomy 16 in the SBITS2

Deuteronomy 16 in the SBITS3

Deuteronomy 16 in the SBITS4

Deuteronomy 16 in the SBIUS

Deuteronomy 16 in the SBIVS

Deuteronomy 16 in the SBT

Deuteronomy 16 in the SBT1E

Deuteronomy 16 in the SCHL

Deuteronomy 16 in the SNT

Deuteronomy 16 in the SUSU

Deuteronomy 16 in the SUSU2

Deuteronomy 16 in the SYNO

Deuteronomy 16 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 16 in the TBT1E

Deuteronomy 16 in the TBT1E2

Deuteronomy 16 in the TFTIP

Deuteronomy 16 in the TFTU

Deuteronomy 16 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 16 in the THAI

Deuteronomy 16 in the TNFD

Deuteronomy 16 in the TNT

Deuteronomy 16 in the TNTIK

Deuteronomy 16 in the TNTIL

Deuteronomy 16 in the TNTIN

Deuteronomy 16 in the TNTIP

Deuteronomy 16 in the TNTIZ

Deuteronomy 16 in the TOMA

Deuteronomy 16 in the TTENT

Deuteronomy 16 in the UBG

Deuteronomy 16 in the UGV

Deuteronomy 16 in the UGV2

Deuteronomy 16 in the UGV3

Deuteronomy 16 in the VBL

Deuteronomy 16 in the VDCC

Deuteronomy 16 in the YALU

Deuteronomy 16 in the YAPE

Deuteronomy 16 in the YBVTP

Deuteronomy 16 in the ZBP