Deuteronomy 17 (BOATCB)
1 Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ. 2 Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ AWURADE, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no 3 sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na 4 sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a, 5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no. 6 Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi. 7 Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu. 8 Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no. 9 Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo. 10 Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. 11 Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. 12 Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom AWURADE mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel. 13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio. 14 Sɛ moduru asase a AWURADE mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,” 15 monhwɛ sɛ mobɛpa obi a AWURADE mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene. 16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, AWURADE aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.” 17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri AWURADE so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano. 18 Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa. 19 Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro AWURADE ne Onyankopɔn. 20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.
In Other Versions
Deuteronomy 17 in the ANGEFD
Deuteronomy 17 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 17 in the AS21
Deuteronomy 17 in the BAGH
Deuteronomy 17 in the BBPNG
Deuteronomy 17 in the BBT1E
Deuteronomy 17 in the BDS
Deuteronomy 17 in the BEV
Deuteronomy 17 in the BHAD
Deuteronomy 17 in the BIB
Deuteronomy 17 in the BLPT
Deuteronomy 17 in the BNT
Deuteronomy 17 in the BNTABOOT
Deuteronomy 17 in the BNTLV
Deuteronomy 17 in the BOATCB2
Deuteronomy 17 in the BOBCV
Deuteronomy 17 in the BOCNT
Deuteronomy 17 in the BOECS
Deuteronomy 17 in the BOGWICC
Deuteronomy 17 in the BOHCB
Deuteronomy 17 in the BOHCV
Deuteronomy 17 in the BOHLNT
Deuteronomy 17 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 17 in the BOICB
Deuteronomy 17 in the BOILNTAP
Deuteronomy 17 in the BOITCV
Deuteronomy 17 in the BOKCV
Deuteronomy 17 in the BOKCV2
Deuteronomy 17 in the BOKHWOG
Deuteronomy 17 in the BOKSSV
Deuteronomy 17 in the BOLCB
Deuteronomy 17 in the BOLCB2
Deuteronomy 17 in the BOMCV
Deuteronomy 17 in the BONAV
Deuteronomy 17 in the BONCB
Deuteronomy 17 in the BONLT
Deuteronomy 17 in the BONUT2
Deuteronomy 17 in the BOPLNT
Deuteronomy 17 in the BOSCB
Deuteronomy 17 in the BOSNC
Deuteronomy 17 in the BOTLNT
Deuteronomy 17 in the BOVCB
Deuteronomy 17 in the BOYCB
Deuteronomy 17 in the BPBB
Deuteronomy 17 in the BPH
Deuteronomy 17 in the BSB
Deuteronomy 17 in the CCB
Deuteronomy 17 in the CUV
Deuteronomy 17 in the CUVS
Deuteronomy 17 in the DBT
Deuteronomy 17 in the DGDNT
Deuteronomy 17 in the DHNT
Deuteronomy 17 in the DNT
Deuteronomy 17 in the ELBE
Deuteronomy 17 in the EMTV
Deuteronomy 17 in the ESV
Deuteronomy 17 in the FBV
Deuteronomy 17 in the FEB
Deuteronomy 17 in the GGMNT
Deuteronomy 17 in the GNT
Deuteronomy 17 in the HARY
Deuteronomy 17 in the HNT
Deuteronomy 17 in the IRVA
Deuteronomy 17 in the IRVB
Deuteronomy 17 in the IRVG
Deuteronomy 17 in the IRVH
Deuteronomy 17 in the IRVK
Deuteronomy 17 in the IRVM
Deuteronomy 17 in the IRVM2
Deuteronomy 17 in the IRVO
Deuteronomy 17 in the IRVP
Deuteronomy 17 in the IRVT
Deuteronomy 17 in the IRVT2
Deuteronomy 17 in the IRVU
Deuteronomy 17 in the ISVN
Deuteronomy 17 in the JSNT
Deuteronomy 17 in the KAPI
Deuteronomy 17 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 17 in the KBV
Deuteronomy 17 in the KJV
Deuteronomy 17 in the KNFD
Deuteronomy 17 in the LBA
Deuteronomy 17 in the LBLA
Deuteronomy 17 in the LNT
Deuteronomy 17 in the LSV
Deuteronomy 17 in the MAAL
Deuteronomy 17 in the MBV
Deuteronomy 17 in the MBV2
Deuteronomy 17 in the MHNT
Deuteronomy 17 in the MKNFD
Deuteronomy 17 in the MNG
Deuteronomy 17 in the MNT
Deuteronomy 17 in the MNT2
Deuteronomy 17 in the MRS1T
Deuteronomy 17 in the NAA
Deuteronomy 17 in the NASB
Deuteronomy 17 in the NBLA
Deuteronomy 17 in the NBS
Deuteronomy 17 in the NBVTP
Deuteronomy 17 in the NET2
Deuteronomy 17 in the NIV11
Deuteronomy 17 in the NNT
Deuteronomy 17 in the NNT2
Deuteronomy 17 in the NNT3
Deuteronomy 17 in the PDDPT
Deuteronomy 17 in the PFNT
Deuteronomy 17 in the RMNT
Deuteronomy 17 in the SBIAS
Deuteronomy 17 in the SBIBS
Deuteronomy 17 in the SBIBS2
Deuteronomy 17 in the SBICS
Deuteronomy 17 in the SBIDS
Deuteronomy 17 in the SBIGS
Deuteronomy 17 in the SBIHS
Deuteronomy 17 in the SBIIS
Deuteronomy 17 in the SBIIS2
Deuteronomy 17 in the SBIIS3
Deuteronomy 17 in the SBIKS
Deuteronomy 17 in the SBIKS2
Deuteronomy 17 in the SBIMS
Deuteronomy 17 in the SBIOS
Deuteronomy 17 in the SBIPS
Deuteronomy 17 in the SBISS
Deuteronomy 17 in the SBITS
Deuteronomy 17 in the SBITS2
Deuteronomy 17 in the SBITS3
Deuteronomy 17 in the SBITS4
Deuteronomy 17 in the SBIUS
Deuteronomy 17 in the SBIVS
Deuteronomy 17 in the SBT
Deuteronomy 17 in the SBT1E
Deuteronomy 17 in the SCHL
Deuteronomy 17 in the SNT
Deuteronomy 17 in the SUSU
Deuteronomy 17 in the SUSU2
Deuteronomy 17 in the SYNO
Deuteronomy 17 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 17 in the TBT1E
Deuteronomy 17 in the TBT1E2
Deuteronomy 17 in the TFTIP
Deuteronomy 17 in the TFTU
Deuteronomy 17 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 17 in the THAI
Deuteronomy 17 in the TNFD
Deuteronomy 17 in the TNT
Deuteronomy 17 in the TNTIK
Deuteronomy 17 in the TNTIL
Deuteronomy 17 in the TNTIN
Deuteronomy 17 in the TNTIP
Deuteronomy 17 in the TNTIZ
Deuteronomy 17 in the TOMA
Deuteronomy 17 in the TTENT
Deuteronomy 17 in the UBG
Deuteronomy 17 in the UGV
Deuteronomy 17 in the UGV2
Deuteronomy 17 in the UGV3
Deuteronomy 17 in the VBL
Deuteronomy 17 in the VDCC
Deuteronomy 17 in the YALU
Deuteronomy 17 in the YAPE
Deuteronomy 17 in the YBVTP
Deuteronomy 17 in the ZBP