Deuteronomy 23 (BOATCB)

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma AWURADE badwa ase. 2 Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma AWURADE badwa ase. 3 Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma AWURADE badwa ase. 4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. 5 Nanso AWURADE, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri sɛ, AWURADE mo Onyankopɔn dɔ mo. 6 Na sɛ mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da. 7 Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri sɛ, Edomfoɔ yɛ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu sɛ ahɔhoɔ. 8 Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ AWURADE badwa ase. 9 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho. 10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa. 11 Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ. 12 Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ. 13 Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so. 14 Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo. 15 Sɛ ɛba sɛ nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi. 16 Momma wɔntena mo mu wɔ kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ. 17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbaa yɛ no ho hyiadan mu odwamanfoɔ. 18 Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma AWURADE mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ AWURADE mo Onyankopɔn akyiwadeɛ. 19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom. 20 Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ AWURADE, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no. 21 Sɛ mohyɛ AWURADE mo Onyankopɔn bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn hwehwɛ sɛ, ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. Sɛ moanyɛ a, mobɛdi ho fɔ. 22 Nanso, sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. 23 Na sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn na woahyɛ no bɔ no. 24 Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wɔ wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25 Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra wɔ mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ sɛ mode sekan twa.

In Other Versions

Deuteronomy 23 in the ANGEFD

Deuteronomy 23 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 23 in the AS21

Deuteronomy 23 in the BAGH

Deuteronomy 23 in the BBPNG

Deuteronomy 23 in the BBT1E

Deuteronomy 23 in the BDS

Deuteronomy 23 in the BEV

Deuteronomy 23 in the BHAD

Deuteronomy 23 in the BIB

Deuteronomy 23 in the BLPT

Deuteronomy 23 in the BNT

Deuteronomy 23 in the BNTABOOT

Deuteronomy 23 in the BNTLV

Deuteronomy 23 in the BOATCB2

Deuteronomy 23 in the BOBCV

Deuteronomy 23 in the BOCNT

Deuteronomy 23 in the BOECS

Deuteronomy 23 in the BOGWICC

Deuteronomy 23 in the BOHCB

Deuteronomy 23 in the BOHCV

Deuteronomy 23 in the BOHLNT

Deuteronomy 23 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 23 in the BOICB

Deuteronomy 23 in the BOILNTAP

Deuteronomy 23 in the BOITCV

Deuteronomy 23 in the BOKCV

Deuteronomy 23 in the BOKCV2

Deuteronomy 23 in the BOKHWOG

Deuteronomy 23 in the BOKSSV

Deuteronomy 23 in the BOLCB

Deuteronomy 23 in the BOLCB2

Deuteronomy 23 in the BOMCV

Deuteronomy 23 in the BONAV

Deuteronomy 23 in the BONCB

Deuteronomy 23 in the BONLT

Deuteronomy 23 in the BONUT2

Deuteronomy 23 in the BOPLNT

Deuteronomy 23 in the BOSCB

Deuteronomy 23 in the BOSNC

Deuteronomy 23 in the BOTLNT

Deuteronomy 23 in the BOVCB

Deuteronomy 23 in the BOYCB

Deuteronomy 23 in the BPBB

Deuteronomy 23 in the BPH

Deuteronomy 23 in the BSB

Deuteronomy 23 in the CCB

Deuteronomy 23 in the CUV

Deuteronomy 23 in the CUVS

Deuteronomy 23 in the DBT

Deuteronomy 23 in the DGDNT

Deuteronomy 23 in the DHNT

Deuteronomy 23 in the DNT

Deuteronomy 23 in the ELBE

Deuteronomy 23 in the EMTV

Deuteronomy 23 in the ESV

Deuteronomy 23 in the FBV

Deuteronomy 23 in the FEB

Deuteronomy 23 in the GGMNT

Deuteronomy 23 in the GNT

Deuteronomy 23 in the HARY

Deuteronomy 23 in the HNT

Deuteronomy 23 in the IRVA

Deuteronomy 23 in the IRVB

Deuteronomy 23 in the IRVG

Deuteronomy 23 in the IRVH

Deuteronomy 23 in the IRVK

Deuteronomy 23 in the IRVM

Deuteronomy 23 in the IRVM2

Deuteronomy 23 in the IRVO

Deuteronomy 23 in the IRVP

Deuteronomy 23 in the IRVT

Deuteronomy 23 in the IRVT2

Deuteronomy 23 in the IRVU

Deuteronomy 23 in the ISVN

Deuteronomy 23 in the JSNT

Deuteronomy 23 in the KAPI

Deuteronomy 23 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 23 in the KBV

Deuteronomy 23 in the KJV

Deuteronomy 23 in the KNFD

Deuteronomy 23 in the LBA

Deuteronomy 23 in the LBLA

Deuteronomy 23 in the LNT

Deuteronomy 23 in the LSV

Deuteronomy 23 in the MAAL

Deuteronomy 23 in the MBV

Deuteronomy 23 in the MBV2

Deuteronomy 23 in the MHNT

Deuteronomy 23 in the MKNFD

Deuteronomy 23 in the MNG

Deuteronomy 23 in the MNT

Deuteronomy 23 in the MNT2

Deuteronomy 23 in the MRS1T

Deuteronomy 23 in the NAA

Deuteronomy 23 in the NASB

Deuteronomy 23 in the NBLA

Deuteronomy 23 in the NBS

Deuteronomy 23 in the NBVTP

Deuteronomy 23 in the NET2

Deuteronomy 23 in the NIV11

Deuteronomy 23 in the NNT

Deuteronomy 23 in the NNT2

Deuteronomy 23 in the NNT3

Deuteronomy 23 in the PDDPT

Deuteronomy 23 in the PFNT

Deuteronomy 23 in the RMNT

Deuteronomy 23 in the SBIAS

Deuteronomy 23 in the SBIBS

Deuteronomy 23 in the SBIBS2

Deuteronomy 23 in the SBICS

Deuteronomy 23 in the SBIDS

Deuteronomy 23 in the SBIGS

Deuteronomy 23 in the SBIHS

Deuteronomy 23 in the SBIIS

Deuteronomy 23 in the SBIIS2

Deuteronomy 23 in the SBIIS3

Deuteronomy 23 in the SBIKS

Deuteronomy 23 in the SBIKS2

Deuteronomy 23 in the SBIMS

Deuteronomy 23 in the SBIOS

Deuteronomy 23 in the SBIPS

Deuteronomy 23 in the SBISS

Deuteronomy 23 in the SBITS

Deuteronomy 23 in the SBITS2

Deuteronomy 23 in the SBITS3

Deuteronomy 23 in the SBITS4

Deuteronomy 23 in the SBIUS

Deuteronomy 23 in the SBIVS

Deuteronomy 23 in the SBT

Deuteronomy 23 in the SBT1E

Deuteronomy 23 in the SCHL

Deuteronomy 23 in the SNT

Deuteronomy 23 in the SUSU

Deuteronomy 23 in the SUSU2

Deuteronomy 23 in the SYNO

Deuteronomy 23 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 23 in the TBT1E

Deuteronomy 23 in the TBT1E2

Deuteronomy 23 in the TFTIP

Deuteronomy 23 in the TFTU

Deuteronomy 23 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 23 in the THAI

Deuteronomy 23 in the TNFD

Deuteronomy 23 in the TNT

Deuteronomy 23 in the TNTIK

Deuteronomy 23 in the TNTIL

Deuteronomy 23 in the TNTIN

Deuteronomy 23 in the TNTIP

Deuteronomy 23 in the TNTIZ

Deuteronomy 23 in the TOMA

Deuteronomy 23 in the TTENT

Deuteronomy 23 in the UBG

Deuteronomy 23 in the UGV

Deuteronomy 23 in the UGV2

Deuteronomy 23 in the UGV3

Deuteronomy 23 in the VBL

Deuteronomy 23 in the VDCC

Deuteronomy 23 in the YALU

Deuteronomy 23 in the YAPE

Deuteronomy 23 in the YBVTP

Deuteronomy 23 in the ZBP