Exodus 38 (BOATCB)

1 Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa. 2 Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho. 3 Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. 4 Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini. 5 Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. 6 Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso. 8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no. 9 Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ. 10 Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu. 11 Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho. 12 Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina. 13 Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. 14 Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu. 15 Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu. 16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho. 17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa. 18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no. 19 Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. 21 Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so. 22 Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ Mose nyinaa. 23 Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu. 24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. 25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan (3,400). 26 Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ. 27 Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. 28 Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no. 29 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan (2,400). 30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ, 31 afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa.

In Other Versions

Exodus 38 in the ANGEFD

Exodus 38 in the ANTPNG2D

Exodus 38 in the AS21

Exodus 38 in the BAGH

Exodus 38 in the BBPNG

Exodus 38 in the BBT1E

Exodus 38 in the BDS

Exodus 38 in the BEV

Exodus 38 in the BHAD

Exodus 38 in the BIB

Exodus 38 in the BLPT

Exodus 38 in the BNT

Exodus 38 in the BNTABOOT

Exodus 38 in the BNTLV

Exodus 38 in the BOATCB2

Exodus 38 in the BOBCV

Exodus 38 in the BOCNT

Exodus 38 in the BOECS

Exodus 38 in the BOGWICC

Exodus 38 in the BOHCB

Exodus 38 in the BOHCV

Exodus 38 in the BOHLNT

Exodus 38 in the BOHNTLTAL

Exodus 38 in the BOICB

Exodus 38 in the BOILNTAP

Exodus 38 in the BOITCV

Exodus 38 in the BOKCV

Exodus 38 in the BOKCV2

Exodus 38 in the BOKHWOG

Exodus 38 in the BOKSSV

Exodus 38 in the BOLCB

Exodus 38 in the BOLCB2

Exodus 38 in the BOMCV

Exodus 38 in the BONAV

Exodus 38 in the BONCB

Exodus 38 in the BONLT

Exodus 38 in the BONUT2

Exodus 38 in the BOPLNT

Exodus 38 in the BOSCB

Exodus 38 in the BOSNC

Exodus 38 in the BOTLNT

Exodus 38 in the BOVCB

Exodus 38 in the BOYCB

Exodus 38 in the BPBB

Exodus 38 in the BPH

Exodus 38 in the BSB

Exodus 38 in the CCB

Exodus 38 in the CUV

Exodus 38 in the CUVS

Exodus 38 in the DBT

Exodus 38 in the DGDNT

Exodus 38 in the DHNT

Exodus 38 in the DNT

Exodus 38 in the ELBE

Exodus 38 in the EMTV

Exodus 38 in the ESV

Exodus 38 in the FBV

Exodus 38 in the FEB

Exodus 38 in the GGMNT

Exodus 38 in the GNT

Exodus 38 in the HARY

Exodus 38 in the HNT

Exodus 38 in the IRVA

Exodus 38 in the IRVB

Exodus 38 in the IRVG

Exodus 38 in the IRVH

Exodus 38 in the IRVK

Exodus 38 in the IRVM

Exodus 38 in the IRVM2

Exodus 38 in the IRVO

Exodus 38 in the IRVP

Exodus 38 in the IRVT

Exodus 38 in the IRVT2

Exodus 38 in the IRVU

Exodus 38 in the ISVN

Exodus 38 in the JSNT

Exodus 38 in the KAPI

Exodus 38 in the KBT1ETNIK

Exodus 38 in the KBV

Exodus 38 in the KJV

Exodus 38 in the KNFD

Exodus 38 in the LBA

Exodus 38 in the LBLA

Exodus 38 in the LNT

Exodus 38 in the LSV

Exodus 38 in the MAAL

Exodus 38 in the MBV

Exodus 38 in the MBV2

Exodus 38 in the MHNT

Exodus 38 in the MKNFD

Exodus 38 in the MNG

Exodus 38 in the MNT

Exodus 38 in the MNT2

Exodus 38 in the MRS1T

Exodus 38 in the NAA

Exodus 38 in the NASB

Exodus 38 in the NBLA

Exodus 38 in the NBS

Exodus 38 in the NBVTP

Exodus 38 in the NET2

Exodus 38 in the NIV11

Exodus 38 in the NNT

Exodus 38 in the NNT2

Exodus 38 in the NNT3

Exodus 38 in the PDDPT

Exodus 38 in the PFNT

Exodus 38 in the RMNT

Exodus 38 in the SBIAS

Exodus 38 in the SBIBS

Exodus 38 in the SBIBS2

Exodus 38 in the SBICS

Exodus 38 in the SBIDS

Exodus 38 in the SBIGS

Exodus 38 in the SBIHS

Exodus 38 in the SBIIS

Exodus 38 in the SBIIS2

Exodus 38 in the SBIIS3

Exodus 38 in the SBIKS

Exodus 38 in the SBIKS2

Exodus 38 in the SBIMS

Exodus 38 in the SBIOS

Exodus 38 in the SBIPS

Exodus 38 in the SBISS

Exodus 38 in the SBITS

Exodus 38 in the SBITS2

Exodus 38 in the SBITS3

Exodus 38 in the SBITS4

Exodus 38 in the SBIUS

Exodus 38 in the SBIVS

Exodus 38 in the SBT

Exodus 38 in the SBT1E

Exodus 38 in the SCHL

Exodus 38 in the SNT

Exodus 38 in the SUSU

Exodus 38 in the SUSU2

Exodus 38 in the SYNO

Exodus 38 in the TBIAOTANT

Exodus 38 in the TBT1E

Exodus 38 in the TBT1E2

Exodus 38 in the TFTIP

Exodus 38 in the TFTU

Exodus 38 in the TGNTATF3T

Exodus 38 in the THAI

Exodus 38 in the TNFD

Exodus 38 in the TNT

Exodus 38 in the TNTIK

Exodus 38 in the TNTIL

Exodus 38 in the TNTIN

Exodus 38 in the TNTIP

Exodus 38 in the TNTIZ

Exodus 38 in the TOMA

Exodus 38 in the TTENT

Exodus 38 in the UBG

Exodus 38 in the UGV

Exodus 38 in the UGV2

Exodus 38 in the UGV3

Exodus 38 in the VBL

Exodus 38 in the VDCC

Exodus 38 in the YALU

Exodus 38 in the YAPE

Exodus 38 in the YBVTP

Exodus 38 in the ZBP