Exodus 38 (BOATCB2)

1 Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. 2 Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho. 3 Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. 4 Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini. 5 Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. 6 Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no. 7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso. 8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no. 9 Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe. 10 Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. 11 Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. 12 Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina. 13 Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. 14 Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu, 15 na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu. 16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho. 17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa. 18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no. 19 Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. 21 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so. 22 Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena. 23 Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu. 24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. 25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan (3,400). 26 Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ. 27 Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan. 28 Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no. 29 Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan (2,400). 30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae, 31 afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa.

In Other Versions

Exodus 38 in the ANGEFD

Exodus 38 in the ANTPNG2D

Exodus 38 in the AS21

Exodus 38 in the BAGH

Exodus 38 in the BBPNG

Exodus 38 in the BBT1E

Exodus 38 in the BDS

Exodus 38 in the BEV

Exodus 38 in the BHAD

Exodus 38 in the BIB

Exodus 38 in the BLPT

Exodus 38 in the BNT

Exodus 38 in the BNTABOOT

Exodus 38 in the BNTLV

Exodus 38 in the BOATCB

Exodus 38 in the BOBCV

Exodus 38 in the BOCNT

Exodus 38 in the BOECS

Exodus 38 in the BOGWICC

Exodus 38 in the BOHCB

Exodus 38 in the BOHCV

Exodus 38 in the BOHLNT

Exodus 38 in the BOHNTLTAL

Exodus 38 in the BOICB

Exodus 38 in the BOILNTAP

Exodus 38 in the BOITCV

Exodus 38 in the BOKCV

Exodus 38 in the BOKCV2

Exodus 38 in the BOKHWOG

Exodus 38 in the BOKSSV

Exodus 38 in the BOLCB

Exodus 38 in the BOLCB2

Exodus 38 in the BOMCV

Exodus 38 in the BONAV

Exodus 38 in the BONCB

Exodus 38 in the BONLT

Exodus 38 in the BONUT2

Exodus 38 in the BOPLNT

Exodus 38 in the BOSCB

Exodus 38 in the BOSNC

Exodus 38 in the BOTLNT

Exodus 38 in the BOVCB

Exodus 38 in the BOYCB

Exodus 38 in the BPBB

Exodus 38 in the BPH

Exodus 38 in the BSB

Exodus 38 in the CCB

Exodus 38 in the CUV

Exodus 38 in the CUVS

Exodus 38 in the DBT

Exodus 38 in the DGDNT

Exodus 38 in the DHNT

Exodus 38 in the DNT

Exodus 38 in the ELBE

Exodus 38 in the EMTV

Exodus 38 in the ESV

Exodus 38 in the FBV

Exodus 38 in the FEB

Exodus 38 in the GGMNT

Exodus 38 in the GNT

Exodus 38 in the HARY

Exodus 38 in the HNT

Exodus 38 in the IRVA

Exodus 38 in the IRVB

Exodus 38 in the IRVG

Exodus 38 in the IRVH

Exodus 38 in the IRVK

Exodus 38 in the IRVM

Exodus 38 in the IRVM2

Exodus 38 in the IRVO

Exodus 38 in the IRVP

Exodus 38 in the IRVT

Exodus 38 in the IRVT2

Exodus 38 in the IRVU

Exodus 38 in the ISVN

Exodus 38 in the JSNT

Exodus 38 in the KAPI

Exodus 38 in the KBT1ETNIK

Exodus 38 in the KBV

Exodus 38 in the KJV

Exodus 38 in the KNFD

Exodus 38 in the LBA

Exodus 38 in the LBLA

Exodus 38 in the LNT

Exodus 38 in the LSV

Exodus 38 in the MAAL

Exodus 38 in the MBV

Exodus 38 in the MBV2

Exodus 38 in the MHNT

Exodus 38 in the MKNFD

Exodus 38 in the MNG

Exodus 38 in the MNT

Exodus 38 in the MNT2

Exodus 38 in the MRS1T

Exodus 38 in the NAA

Exodus 38 in the NASB

Exodus 38 in the NBLA

Exodus 38 in the NBS

Exodus 38 in the NBVTP

Exodus 38 in the NET2

Exodus 38 in the NIV11

Exodus 38 in the NNT

Exodus 38 in the NNT2

Exodus 38 in the NNT3

Exodus 38 in the PDDPT

Exodus 38 in the PFNT

Exodus 38 in the RMNT

Exodus 38 in the SBIAS

Exodus 38 in the SBIBS

Exodus 38 in the SBIBS2

Exodus 38 in the SBICS

Exodus 38 in the SBIDS

Exodus 38 in the SBIGS

Exodus 38 in the SBIHS

Exodus 38 in the SBIIS

Exodus 38 in the SBIIS2

Exodus 38 in the SBIIS3

Exodus 38 in the SBIKS

Exodus 38 in the SBIKS2

Exodus 38 in the SBIMS

Exodus 38 in the SBIOS

Exodus 38 in the SBIPS

Exodus 38 in the SBISS

Exodus 38 in the SBITS

Exodus 38 in the SBITS2

Exodus 38 in the SBITS3

Exodus 38 in the SBITS4

Exodus 38 in the SBIUS

Exodus 38 in the SBIVS

Exodus 38 in the SBT

Exodus 38 in the SBT1E

Exodus 38 in the SCHL

Exodus 38 in the SNT

Exodus 38 in the SUSU

Exodus 38 in the SUSU2

Exodus 38 in the SYNO

Exodus 38 in the TBIAOTANT

Exodus 38 in the TBT1E

Exodus 38 in the TBT1E2

Exodus 38 in the TFTIP

Exodus 38 in the TFTU

Exodus 38 in the TGNTATF3T

Exodus 38 in the THAI

Exodus 38 in the TNFD

Exodus 38 in the TNT

Exodus 38 in the TNTIK

Exodus 38 in the TNTIL

Exodus 38 in the TNTIN

Exodus 38 in the TNTIP

Exodus 38 in the TNTIZ

Exodus 38 in the TOMA

Exodus 38 in the TTENT

Exodus 38 in the UBG

Exodus 38 in the UGV

Exodus 38 in the UGV2

Exodus 38 in the UGV3

Exodus 38 in the VBL

Exodus 38 in the VDCC

Exodus 38 in the YALU

Exodus 38 in the YAPE

Exodus 38 in the YBVTP

Exodus 38 in the ZBP