Exodus 7 (BOATCB)

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi wo sɛ mʼananmusini wɔ Farao anim na Aaron ayɛ wo ɔkyeame. 2 Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim. 3 Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim. 4 Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so. 5 Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene AWURADE no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.” 6 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ wɔn no. 7 Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa. 8 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.” 10 Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ AWURADE akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ. 11 Farao nso frɛɛ nʼanyansafoɔ ne ne nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwanwadeɛ korɔ no ara bi. 12 Wɔn nso, wɔn poma tumi danee ɔwɔ. Nanso, Aaron ɔwɔ no menee wɔn deɛ no. 13 Farao kɔɔ so yɛɛ akomaden a na ɔmpɛ sɛ ɔtie asɛm a AWURADE kaeɛ no. 14 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Farao apirim nʼakoma enti, ɔbɛkɔ so asi nnipa no ɛkwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. 15 Nanso AWURADE kaa sɛ: Sane kɔ Farao nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kɔgyina asuo no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura wo. 16 Ka kyerɛ no sɛ, ‘AWURADE, Hebrifoɔ Onyankopɔn asane asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ ɛserɛ so. Woayɛ asoɔden. 17 Afei, AWURADE se: Wobɛhunu sɛ, mene AWURADE no. Ɛfiri sɛ, maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ Nil nsuo no mu na nsuo no bɛdane mogya. 18 Nsuomnam a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bɛwuwu ama nsuo no abɔn a Misraimfoɔ no rentumi nnom.’ ” 19 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no nkyerɛ nsuo a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔntene, wɔn nsuwa, wɔn atadeɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ ne nsuo a ɛwɔ afie mu nyinaa so na ɛbɛdane mogya.” 20 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Farao ne ne mpanimfoɔ gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de poma no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no danee mogya. 21 Nsuomnam a wɔwɔ mu nyinaa wuwuiɛ maa nsuo no bɔnee enti, na Misraimfoɔ no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa danee mogya. 22 Nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayie so maa nsuo danee mogya enti, Farao kɔɔ so pirim nʼakoma a na ɔntie asɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. 23 Ɔsane kɔɔ nʼahemfie a hwee ampusu no. 24 Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu. 25 Asubɔnten a ɛdanee mogya no dii nnawɔtwe.

In Other Versions

Exodus 7 in the ANGEFD

Exodus 7 in the ANTPNG2D

Exodus 7 in the AS21

Exodus 7 in the BAGH

Exodus 7 in the BBPNG

Exodus 7 in the BBT1E

Exodus 7 in the BDS

Exodus 7 in the BEV

Exodus 7 in the BHAD

Exodus 7 in the BIB

Exodus 7 in the BLPT

Exodus 7 in the BNT

Exodus 7 in the BNTABOOT

Exodus 7 in the BNTLV

Exodus 7 in the BOATCB2

Exodus 7 in the BOBCV

Exodus 7 in the BOCNT

Exodus 7 in the BOECS

Exodus 7 in the BOGWICC

Exodus 7 in the BOHCB

Exodus 7 in the BOHCV

Exodus 7 in the BOHLNT

Exodus 7 in the BOHNTLTAL

Exodus 7 in the BOICB

Exodus 7 in the BOILNTAP

Exodus 7 in the BOITCV

Exodus 7 in the BOKCV

Exodus 7 in the BOKCV2

Exodus 7 in the BOKHWOG

Exodus 7 in the BOKSSV

Exodus 7 in the BOLCB

Exodus 7 in the BOLCB2

Exodus 7 in the BOMCV

Exodus 7 in the BONAV

Exodus 7 in the BONCB

Exodus 7 in the BONLT

Exodus 7 in the BONUT2

Exodus 7 in the BOPLNT

Exodus 7 in the BOSCB

Exodus 7 in the BOSNC

Exodus 7 in the BOTLNT

Exodus 7 in the BOVCB

Exodus 7 in the BOYCB

Exodus 7 in the BPBB

Exodus 7 in the BPH

Exodus 7 in the BSB

Exodus 7 in the CCB

Exodus 7 in the CUV

Exodus 7 in the CUVS

Exodus 7 in the DBT

Exodus 7 in the DGDNT

Exodus 7 in the DHNT

Exodus 7 in the DNT

Exodus 7 in the ELBE

Exodus 7 in the EMTV

Exodus 7 in the ESV

Exodus 7 in the FBV

Exodus 7 in the FEB

Exodus 7 in the GGMNT

Exodus 7 in the GNT

Exodus 7 in the HARY

Exodus 7 in the HNT

Exodus 7 in the IRVA

Exodus 7 in the IRVB

Exodus 7 in the IRVG

Exodus 7 in the IRVH

Exodus 7 in the IRVK

Exodus 7 in the IRVM

Exodus 7 in the IRVM2

Exodus 7 in the IRVO

Exodus 7 in the IRVP

Exodus 7 in the IRVT

Exodus 7 in the IRVT2

Exodus 7 in the IRVU

Exodus 7 in the ISVN

Exodus 7 in the JSNT

Exodus 7 in the KAPI

Exodus 7 in the KBT1ETNIK

Exodus 7 in the KBV

Exodus 7 in the KJV

Exodus 7 in the KNFD

Exodus 7 in the LBA

Exodus 7 in the LBLA

Exodus 7 in the LNT

Exodus 7 in the LSV

Exodus 7 in the MAAL

Exodus 7 in the MBV

Exodus 7 in the MBV2

Exodus 7 in the MHNT

Exodus 7 in the MKNFD

Exodus 7 in the MNG

Exodus 7 in the MNT

Exodus 7 in the MNT2

Exodus 7 in the MRS1T

Exodus 7 in the NAA

Exodus 7 in the NASB

Exodus 7 in the NBLA

Exodus 7 in the NBS

Exodus 7 in the NBVTP

Exodus 7 in the NET2

Exodus 7 in the NIV11

Exodus 7 in the NNT

Exodus 7 in the NNT2

Exodus 7 in the NNT3

Exodus 7 in the PDDPT

Exodus 7 in the PFNT

Exodus 7 in the RMNT

Exodus 7 in the SBIAS

Exodus 7 in the SBIBS

Exodus 7 in the SBIBS2

Exodus 7 in the SBICS

Exodus 7 in the SBIDS

Exodus 7 in the SBIGS

Exodus 7 in the SBIHS

Exodus 7 in the SBIIS

Exodus 7 in the SBIIS2

Exodus 7 in the SBIIS3

Exodus 7 in the SBIKS

Exodus 7 in the SBIKS2

Exodus 7 in the SBIMS

Exodus 7 in the SBIOS

Exodus 7 in the SBIPS

Exodus 7 in the SBISS

Exodus 7 in the SBITS

Exodus 7 in the SBITS2

Exodus 7 in the SBITS3

Exodus 7 in the SBITS4

Exodus 7 in the SBIUS

Exodus 7 in the SBIVS

Exodus 7 in the SBT

Exodus 7 in the SBT1E

Exodus 7 in the SCHL

Exodus 7 in the SNT

Exodus 7 in the SUSU

Exodus 7 in the SUSU2

Exodus 7 in the SYNO

Exodus 7 in the TBIAOTANT

Exodus 7 in the TBT1E

Exodus 7 in the TBT1E2

Exodus 7 in the TFTIP

Exodus 7 in the TFTU

Exodus 7 in the TGNTATF3T

Exodus 7 in the THAI

Exodus 7 in the TNFD

Exodus 7 in the TNT

Exodus 7 in the TNTIK

Exodus 7 in the TNTIL

Exodus 7 in the TNTIN

Exodus 7 in the TNTIP

Exodus 7 in the TNTIZ

Exodus 7 in the TOMA

Exodus 7 in the TTENT

Exodus 7 in the UBG

Exodus 7 in the UGV

Exodus 7 in the UGV2

Exodus 7 in the UGV3

Exodus 7 in the VBL

Exodus 7 in the VDCC

Exodus 7 in the YALU

Exodus 7 in the YAPE

Exodus 7 in the YBVTP

Exodus 7 in the ZBP