Ezekiel 3 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.” 2 Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ. 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. 4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn. 5 Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nte anaa ɛyɛ dene nkyɛn na meresoma woɔ, mmom meresoma wo Israelfoɔ hɔ. 6 Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo. 7 Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden. 8 Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn. 9 Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.” 10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu. 11 Afei, kɔ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nnommumfa mu na kasa kyerɛ wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ,’ sɛ wɔbɛtie oo, sɛ wɔrentie oo.” 12 Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka AWURADE animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ! 13 Na ɛyɛ nnyegyeeɛ a ɛfiri ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi ho ne ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyegyeɛ denden a ɛworo soɔ. 14 Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na AWURADE tumi yɛ kɛse wɔ me so. 15 Mebaa nnommumfoɔ a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na ɛhɔ, me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwirii me. 16 Nnanson akyi no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 17 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel; ɛno enti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a ɛfiri me. 18 Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ampa ara wobɛwu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfiri nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 19 Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa. 20 “Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.” 22 Na AWURADE tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” 23 Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na AWURADE animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam. 24 Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie. 25 Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi mpue nkɔ nnipa no mu. 26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ 27 Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mɛbue wʼano ama waka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ nie!’ Deɛ ɔbɛtie no, ma no ntie, na deɛ ɔmpɛ sɛ ɔtie no, mma no nntie; na wɔyɛ atuatefoɔ.

In Other Versions

Ezekiel 3 in the ANGEFD

Ezekiel 3 in the ANTPNG2D

Ezekiel 3 in the AS21

Ezekiel 3 in the BAGH

Ezekiel 3 in the BBPNG

Ezekiel 3 in the BBT1E

Ezekiel 3 in the BDS

Ezekiel 3 in the BEV

Ezekiel 3 in the BHAD

Ezekiel 3 in the BIB

Ezekiel 3 in the BLPT

Ezekiel 3 in the BNT

Ezekiel 3 in the BNTABOOT

Ezekiel 3 in the BNTLV

Ezekiel 3 in the BOATCB2

Ezekiel 3 in the BOBCV

Ezekiel 3 in the BOCNT

Ezekiel 3 in the BOECS

Ezekiel 3 in the BOGWICC

Ezekiel 3 in the BOHCB

Ezekiel 3 in the BOHCV

Ezekiel 3 in the BOHLNT

Ezekiel 3 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 3 in the BOICB

Ezekiel 3 in the BOILNTAP

Ezekiel 3 in the BOITCV

Ezekiel 3 in the BOKCV

Ezekiel 3 in the BOKCV2

Ezekiel 3 in the BOKHWOG

Ezekiel 3 in the BOKSSV

Ezekiel 3 in the BOLCB

Ezekiel 3 in the BOLCB2

Ezekiel 3 in the BOMCV

Ezekiel 3 in the BONAV

Ezekiel 3 in the BONCB

Ezekiel 3 in the BONLT

Ezekiel 3 in the BONUT2

Ezekiel 3 in the BOPLNT

Ezekiel 3 in the BOSCB

Ezekiel 3 in the BOSNC

Ezekiel 3 in the BOTLNT

Ezekiel 3 in the BOVCB

Ezekiel 3 in the BOYCB

Ezekiel 3 in the BPBB

Ezekiel 3 in the BPH

Ezekiel 3 in the BSB

Ezekiel 3 in the CCB

Ezekiel 3 in the CUV

Ezekiel 3 in the CUVS

Ezekiel 3 in the DBT

Ezekiel 3 in the DGDNT

Ezekiel 3 in the DHNT

Ezekiel 3 in the DNT

Ezekiel 3 in the ELBE

Ezekiel 3 in the EMTV

Ezekiel 3 in the ESV

Ezekiel 3 in the FBV

Ezekiel 3 in the FEB

Ezekiel 3 in the GGMNT

Ezekiel 3 in the GNT

Ezekiel 3 in the HARY

Ezekiel 3 in the HNT

Ezekiel 3 in the IRVA

Ezekiel 3 in the IRVB

Ezekiel 3 in the IRVG

Ezekiel 3 in the IRVH

Ezekiel 3 in the IRVK

Ezekiel 3 in the IRVM

Ezekiel 3 in the IRVM2

Ezekiel 3 in the IRVO

Ezekiel 3 in the IRVP

Ezekiel 3 in the IRVT

Ezekiel 3 in the IRVT2

Ezekiel 3 in the IRVU

Ezekiel 3 in the ISVN

Ezekiel 3 in the JSNT

Ezekiel 3 in the KAPI

Ezekiel 3 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 3 in the KBV

Ezekiel 3 in the KJV

Ezekiel 3 in the KNFD

Ezekiel 3 in the LBA

Ezekiel 3 in the LBLA

Ezekiel 3 in the LNT

Ezekiel 3 in the LSV

Ezekiel 3 in the MAAL

Ezekiel 3 in the MBV

Ezekiel 3 in the MBV2

Ezekiel 3 in the MHNT

Ezekiel 3 in the MKNFD

Ezekiel 3 in the MNG

Ezekiel 3 in the MNT

Ezekiel 3 in the MNT2

Ezekiel 3 in the MRS1T

Ezekiel 3 in the NAA

Ezekiel 3 in the NASB

Ezekiel 3 in the NBLA

Ezekiel 3 in the NBS

Ezekiel 3 in the NBVTP

Ezekiel 3 in the NET2

Ezekiel 3 in the NIV11

Ezekiel 3 in the NNT

Ezekiel 3 in the NNT2

Ezekiel 3 in the NNT3

Ezekiel 3 in the PDDPT

Ezekiel 3 in the PFNT

Ezekiel 3 in the RMNT

Ezekiel 3 in the SBIAS

Ezekiel 3 in the SBIBS

Ezekiel 3 in the SBIBS2

Ezekiel 3 in the SBICS

Ezekiel 3 in the SBIDS

Ezekiel 3 in the SBIGS

Ezekiel 3 in the SBIHS

Ezekiel 3 in the SBIIS

Ezekiel 3 in the SBIIS2

Ezekiel 3 in the SBIIS3

Ezekiel 3 in the SBIKS

Ezekiel 3 in the SBIKS2

Ezekiel 3 in the SBIMS

Ezekiel 3 in the SBIOS

Ezekiel 3 in the SBIPS

Ezekiel 3 in the SBISS

Ezekiel 3 in the SBITS

Ezekiel 3 in the SBITS2

Ezekiel 3 in the SBITS3

Ezekiel 3 in the SBITS4

Ezekiel 3 in the SBIUS

Ezekiel 3 in the SBIVS

Ezekiel 3 in the SBT

Ezekiel 3 in the SBT1E

Ezekiel 3 in the SCHL

Ezekiel 3 in the SNT

Ezekiel 3 in the SUSU

Ezekiel 3 in the SUSU2

Ezekiel 3 in the SYNO

Ezekiel 3 in the TBIAOTANT

Ezekiel 3 in the TBT1E

Ezekiel 3 in the TBT1E2

Ezekiel 3 in the TFTIP

Ezekiel 3 in the TFTU

Ezekiel 3 in the TGNTATF3T

Ezekiel 3 in the THAI

Ezekiel 3 in the TNFD

Ezekiel 3 in the TNT

Ezekiel 3 in the TNTIK

Ezekiel 3 in the TNTIL

Ezekiel 3 in the TNTIN

Ezekiel 3 in the TNTIP

Ezekiel 3 in the TNTIZ

Ezekiel 3 in the TOMA

Ezekiel 3 in the TTENT

Ezekiel 3 in the UBG

Ezekiel 3 in the UGV

Ezekiel 3 in the UGV2

Ezekiel 3 in the UGV3

Ezekiel 3 in the VBL

Ezekiel 3 in the VDCC

Ezekiel 3 in the YALU

Ezekiel 3 in the YAPE

Ezekiel 3 in the YBVTP

Ezekiel 3 in the ZBP