Ezekiel 32 (BOATCB)

1 Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ:“ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu:wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ huwobubu afuni wɔ wo asutene mu,wode wo nan boro asutene node hono nsuo no. 3 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ:“ ‘Mede nipadɔm bɛbaabɛto mʼasau agu wo so,na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu. 4 Mɛto wo atwene asase no sona mahuri wo ato ɛserɛ so.Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo sona asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so. 5 Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no sona mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma. 6 Mede wo mogya a ɛretene nobɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ nona wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma. 7 Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro anina madundum wɔn nsoromma;mede omununkum bɛkata owia ani,na ɔsrane renhyerɛn. 8 Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaamɛma aduru sum wɔ wo so;mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 9 Mɛma nnipa bebree akoma atutuɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu,nsase a wonnya nhunuiɛ mu. 10 Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho,wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopoɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim.Ɛda a wobɛhwe ase nowɔn mu biara ho bɛwosoberɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti. 11 “ ‘Na sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ:“ ‘Babiloniahene akofenabɛsɔre wo so. 12 Mɛma wo nipadɔm no atotɔwɔ nnɔmmarima akofena ano,wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu.Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaana ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo. 13 Mɛkunkum nʼanantwie nyinaaafiri nsuo bebree no hona nnipa nan rentiatia mu biona anantwie nan nso renhono no. 14 Afei mɛma ne nsuo ani atena mama ne asutene atene sɛ ngo,Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 15 Sɛ mema Misraim da mpanna meyi biribiara firi asase no so,sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a,afei na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE no.’ 16 “Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.” 17 Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 “Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho. 19 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’ 20 Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ. 21 Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’ 22 “Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. 23 Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. 24 “Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho. 25 Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu. 26 “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so. 27 Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so. 28 “Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no. 29 “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no. 30 “Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ. 31 “Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 32 Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.”

In Other Versions

Ezekiel 32 in the ANGEFD

Ezekiel 32 in the ANTPNG2D

Ezekiel 32 in the AS21

Ezekiel 32 in the BAGH

Ezekiel 32 in the BBPNG

Ezekiel 32 in the BBT1E

Ezekiel 32 in the BDS

Ezekiel 32 in the BEV

Ezekiel 32 in the BHAD

Ezekiel 32 in the BIB

Ezekiel 32 in the BLPT

Ezekiel 32 in the BNT

Ezekiel 32 in the BNTABOOT

Ezekiel 32 in the BNTLV

Ezekiel 32 in the BOATCB2

Ezekiel 32 in the BOBCV

Ezekiel 32 in the BOCNT

Ezekiel 32 in the BOECS

Ezekiel 32 in the BOGWICC

Ezekiel 32 in the BOHCB

Ezekiel 32 in the BOHCV

Ezekiel 32 in the BOHLNT

Ezekiel 32 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 32 in the BOICB

Ezekiel 32 in the BOILNTAP

Ezekiel 32 in the BOITCV

Ezekiel 32 in the BOKCV

Ezekiel 32 in the BOKCV2

Ezekiel 32 in the BOKHWOG

Ezekiel 32 in the BOKSSV

Ezekiel 32 in the BOLCB

Ezekiel 32 in the BOLCB2

Ezekiel 32 in the BOMCV

Ezekiel 32 in the BONAV

Ezekiel 32 in the BONCB

Ezekiel 32 in the BONLT

Ezekiel 32 in the BONUT2

Ezekiel 32 in the BOPLNT

Ezekiel 32 in the BOSCB

Ezekiel 32 in the BOSNC

Ezekiel 32 in the BOTLNT

Ezekiel 32 in the BOVCB

Ezekiel 32 in the BOYCB

Ezekiel 32 in the BPBB

Ezekiel 32 in the BPH

Ezekiel 32 in the BSB

Ezekiel 32 in the CCB

Ezekiel 32 in the CUV

Ezekiel 32 in the CUVS

Ezekiel 32 in the DBT

Ezekiel 32 in the DGDNT

Ezekiel 32 in the DHNT

Ezekiel 32 in the DNT

Ezekiel 32 in the ELBE

Ezekiel 32 in the EMTV

Ezekiel 32 in the ESV

Ezekiel 32 in the FBV

Ezekiel 32 in the FEB

Ezekiel 32 in the GGMNT

Ezekiel 32 in the GNT

Ezekiel 32 in the HARY

Ezekiel 32 in the HNT

Ezekiel 32 in the IRVA

Ezekiel 32 in the IRVB

Ezekiel 32 in the IRVG

Ezekiel 32 in the IRVH

Ezekiel 32 in the IRVK

Ezekiel 32 in the IRVM

Ezekiel 32 in the IRVM2

Ezekiel 32 in the IRVO

Ezekiel 32 in the IRVP

Ezekiel 32 in the IRVT

Ezekiel 32 in the IRVT2

Ezekiel 32 in the IRVU

Ezekiel 32 in the ISVN

Ezekiel 32 in the JSNT

Ezekiel 32 in the KAPI

Ezekiel 32 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 32 in the KBV

Ezekiel 32 in the KJV

Ezekiel 32 in the KNFD

Ezekiel 32 in the LBA

Ezekiel 32 in the LBLA

Ezekiel 32 in the LNT

Ezekiel 32 in the LSV

Ezekiel 32 in the MAAL

Ezekiel 32 in the MBV

Ezekiel 32 in the MBV2

Ezekiel 32 in the MHNT

Ezekiel 32 in the MKNFD

Ezekiel 32 in the MNG

Ezekiel 32 in the MNT

Ezekiel 32 in the MNT2

Ezekiel 32 in the MRS1T

Ezekiel 32 in the NAA

Ezekiel 32 in the NASB

Ezekiel 32 in the NBLA

Ezekiel 32 in the NBS

Ezekiel 32 in the NBVTP

Ezekiel 32 in the NET2

Ezekiel 32 in the NIV11

Ezekiel 32 in the NNT

Ezekiel 32 in the NNT2

Ezekiel 32 in the NNT3

Ezekiel 32 in the PDDPT

Ezekiel 32 in the PFNT

Ezekiel 32 in the RMNT

Ezekiel 32 in the SBIAS

Ezekiel 32 in the SBIBS

Ezekiel 32 in the SBIBS2

Ezekiel 32 in the SBICS

Ezekiel 32 in the SBIDS

Ezekiel 32 in the SBIGS

Ezekiel 32 in the SBIHS

Ezekiel 32 in the SBIIS

Ezekiel 32 in the SBIIS2

Ezekiel 32 in the SBIIS3

Ezekiel 32 in the SBIKS

Ezekiel 32 in the SBIKS2

Ezekiel 32 in the SBIMS

Ezekiel 32 in the SBIOS

Ezekiel 32 in the SBIPS

Ezekiel 32 in the SBISS

Ezekiel 32 in the SBITS

Ezekiel 32 in the SBITS2

Ezekiel 32 in the SBITS3

Ezekiel 32 in the SBITS4

Ezekiel 32 in the SBIUS

Ezekiel 32 in the SBIVS

Ezekiel 32 in the SBT

Ezekiel 32 in the SBT1E

Ezekiel 32 in the SCHL

Ezekiel 32 in the SNT

Ezekiel 32 in the SUSU

Ezekiel 32 in the SUSU2

Ezekiel 32 in the SYNO

Ezekiel 32 in the TBIAOTANT

Ezekiel 32 in the TBT1E

Ezekiel 32 in the TBT1E2

Ezekiel 32 in the TFTIP

Ezekiel 32 in the TFTU

Ezekiel 32 in the TGNTATF3T

Ezekiel 32 in the THAI

Ezekiel 32 in the TNFD

Ezekiel 32 in the TNT

Ezekiel 32 in the TNTIK

Ezekiel 32 in the TNTIL

Ezekiel 32 in the TNTIN

Ezekiel 32 in the TNTIP

Ezekiel 32 in the TNTIZ

Ezekiel 32 in the TOMA

Ezekiel 32 in the TTENT

Ezekiel 32 in the UBG

Ezekiel 32 in the UGV

Ezekiel 32 in the UGV2

Ezekiel 32 in the UGV3

Ezekiel 32 in the VBL

Ezekiel 32 in the VDCC

Ezekiel 32 in the YALU

Ezekiel 32 in the YAPE

Ezekiel 32 in the YBVTP

Ezekiel 32 in the ZBP