Genesis 11 (BOATCB)
1 Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ. 2 Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam. 4 Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.” 5 AWURADE siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. 6 Afei, AWURADE kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. 7 Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.” 8 Ɛnam yei so maa AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. 9 Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na AWURADE totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa. 10 Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11 Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 12 Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela. 13 Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 14 Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber. 15 Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 16 Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg. 17 Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 18 Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu. 19 Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 20 Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 22 Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 24 Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera. 25 Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 26 Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. 27 Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28 Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no. 29 Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska. 30 Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba. 31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32 Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.
In Other Versions
Genesis 11 in the ANGEFD
Genesis 11 in the ANTPNG2D
Genesis 11 in the AS21
Genesis 11 in the BAGH
Genesis 11 in the BBPNG
Genesis 11 in the BBT1E
Genesis 11 in the BDS
Genesis 11 in the BEV
Genesis 11 in the BHAD
Genesis 11 in the BIB
Genesis 11 in the BLPT
Genesis 11 in the BNT
Genesis 11 in the BNTABOOT
Genesis 11 in the BNTLV
Genesis 11 in the BOATCB2
Genesis 11 in the BOBCV
Genesis 11 in the BOCNT
Genesis 11 in the BOECS
Genesis 11 in the BOGWICC
Genesis 11 in the BOHCB
Genesis 11 in the BOHCV
Genesis 11 in the BOHLNT
Genesis 11 in the BOHNTLTAL
Genesis 11 in the BOICB
Genesis 11 in the BOILNTAP
Genesis 11 in the BOITCV
Genesis 11 in the BOKCV
Genesis 11 in the BOKCV2
Genesis 11 in the BOKHWOG
Genesis 11 in the BOKSSV
Genesis 11 in the BOLCB
Genesis 11 in the BOLCB2
Genesis 11 in the BOMCV
Genesis 11 in the BONAV
Genesis 11 in the BONCB
Genesis 11 in the BONLT
Genesis 11 in the BONUT2
Genesis 11 in the BOPLNT
Genesis 11 in the BOSCB
Genesis 11 in the BOSNC
Genesis 11 in the BOTLNT
Genesis 11 in the BOVCB
Genesis 11 in the BOYCB
Genesis 11 in the BPBB
Genesis 11 in the BPH
Genesis 11 in the BSB
Genesis 11 in the CCB
Genesis 11 in the CUV
Genesis 11 in the CUVS
Genesis 11 in the DBT
Genesis 11 in the DGDNT
Genesis 11 in the DHNT
Genesis 11 in the DNT
Genesis 11 in the ELBE
Genesis 11 in the EMTV
Genesis 11 in the ESV
Genesis 11 in the FBV
Genesis 11 in the FEB
Genesis 11 in the GGMNT
Genesis 11 in the GNT
Genesis 11 in the HARY
Genesis 11 in the HNT
Genesis 11 in the IRVA
Genesis 11 in the IRVB
Genesis 11 in the IRVG
Genesis 11 in the IRVH
Genesis 11 in the IRVK
Genesis 11 in the IRVM
Genesis 11 in the IRVM2
Genesis 11 in the IRVO
Genesis 11 in the IRVP
Genesis 11 in the IRVT
Genesis 11 in the IRVT2
Genesis 11 in the IRVU
Genesis 11 in the ISVN
Genesis 11 in the JSNT
Genesis 11 in the KAPI
Genesis 11 in the KBT1ETNIK
Genesis 11 in the KBV
Genesis 11 in the KJV
Genesis 11 in the KNFD
Genesis 11 in the LBA
Genesis 11 in the LBLA
Genesis 11 in the LNT
Genesis 11 in the LSV
Genesis 11 in the MAAL
Genesis 11 in the MBV
Genesis 11 in the MBV2
Genesis 11 in the MHNT
Genesis 11 in the MKNFD
Genesis 11 in the MNG
Genesis 11 in the MNT
Genesis 11 in the MNT2
Genesis 11 in the MRS1T
Genesis 11 in the NAA
Genesis 11 in the NASB
Genesis 11 in the NBLA
Genesis 11 in the NBS
Genesis 11 in the NBVTP
Genesis 11 in the NET2
Genesis 11 in the NIV11
Genesis 11 in the NNT
Genesis 11 in the NNT2
Genesis 11 in the NNT3
Genesis 11 in the PDDPT
Genesis 11 in the PFNT
Genesis 11 in the RMNT
Genesis 11 in the SBIAS
Genesis 11 in the SBIBS
Genesis 11 in the SBIBS2
Genesis 11 in the SBICS
Genesis 11 in the SBIDS
Genesis 11 in the SBIGS
Genesis 11 in the SBIHS
Genesis 11 in the SBIIS
Genesis 11 in the SBIIS2
Genesis 11 in the SBIIS3
Genesis 11 in the SBIKS
Genesis 11 in the SBIKS2
Genesis 11 in the SBIMS
Genesis 11 in the SBIOS
Genesis 11 in the SBIPS
Genesis 11 in the SBISS
Genesis 11 in the SBITS
Genesis 11 in the SBITS2
Genesis 11 in the SBITS3
Genesis 11 in the SBITS4
Genesis 11 in the SBIUS
Genesis 11 in the SBIVS
Genesis 11 in the SBT
Genesis 11 in the SBT1E
Genesis 11 in the SCHL
Genesis 11 in the SNT
Genesis 11 in the SUSU
Genesis 11 in the SUSU2
Genesis 11 in the SYNO
Genesis 11 in the TBIAOTANT
Genesis 11 in the TBT1E
Genesis 11 in the TBT1E2
Genesis 11 in the TFTIP
Genesis 11 in the TFTU
Genesis 11 in the TGNTATF3T
Genesis 11 in the THAI
Genesis 11 in the TNFD
Genesis 11 in the TNT
Genesis 11 in the TNTIK
Genesis 11 in the TNTIL
Genesis 11 in the TNTIN
Genesis 11 in the TNTIP
Genesis 11 in the TNTIZ
Genesis 11 in the TOMA
Genesis 11 in the TTENT
Genesis 11 in the UBG
Genesis 11 in the UGV
Genesis 11 in the UGV2
Genesis 11 in the UGV3
Genesis 11 in the VBL
Genesis 11 in the VDCC
Genesis 11 in the YALU
Genesis 11 in the YAPE
Genesis 11 in the YBVTP
Genesis 11 in the ZBP