Genesis 11 (BOATCB2)

1 Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro. 2 Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan. 4 Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.” 5 AWURADE sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. 6 AWURADE kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. 7 Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.” 8 Ɛnam eyi so maa AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere. 9 Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na AWURADE totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa. 10 Eyi ne Sem asefo ho asɛm. Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11 Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 12 Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela. 13 Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 14 Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber. 15 Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 16 Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. 17 Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 18 Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. 19 Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 20 Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 22 Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 24 Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera. 25 Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho. 26 Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. 27 Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28 Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. 29 Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. 30 Na Sarai yɛ obonin; na onni ba. 31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32 Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.

In Other Versions

Genesis 11 in the ANGEFD

Genesis 11 in the ANTPNG2D

Genesis 11 in the AS21

Genesis 11 in the BAGH

Genesis 11 in the BBPNG

Genesis 11 in the BBT1E

Genesis 11 in the BDS

Genesis 11 in the BEV

Genesis 11 in the BHAD

Genesis 11 in the BIB

Genesis 11 in the BLPT

Genesis 11 in the BNT

Genesis 11 in the BNTABOOT

Genesis 11 in the BNTLV

Genesis 11 in the BOATCB

Genesis 11 in the BOBCV

Genesis 11 in the BOCNT

Genesis 11 in the BOECS

Genesis 11 in the BOGWICC

Genesis 11 in the BOHCB

Genesis 11 in the BOHCV

Genesis 11 in the BOHLNT

Genesis 11 in the BOHNTLTAL

Genesis 11 in the BOICB

Genesis 11 in the BOILNTAP

Genesis 11 in the BOITCV

Genesis 11 in the BOKCV

Genesis 11 in the BOKCV2

Genesis 11 in the BOKHWOG

Genesis 11 in the BOKSSV

Genesis 11 in the BOLCB

Genesis 11 in the BOLCB2

Genesis 11 in the BOMCV

Genesis 11 in the BONAV

Genesis 11 in the BONCB

Genesis 11 in the BONLT

Genesis 11 in the BONUT2

Genesis 11 in the BOPLNT

Genesis 11 in the BOSCB

Genesis 11 in the BOSNC

Genesis 11 in the BOTLNT

Genesis 11 in the BOVCB

Genesis 11 in the BOYCB

Genesis 11 in the BPBB

Genesis 11 in the BPH

Genesis 11 in the BSB

Genesis 11 in the CCB

Genesis 11 in the CUV

Genesis 11 in the CUVS

Genesis 11 in the DBT

Genesis 11 in the DGDNT

Genesis 11 in the DHNT

Genesis 11 in the DNT

Genesis 11 in the ELBE

Genesis 11 in the EMTV

Genesis 11 in the ESV

Genesis 11 in the FBV

Genesis 11 in the FEB

Genesis 11 in the GGMNT

Genesis 11 in the GNT

Genesis 11 in the HARY

Genesis 11 in the HNT

Genesis 11 in the IRVA

Genesis 11 in the IRVB

Genesis 11 in the IRVG

Genesis 11 in the IRVH

Genesis 11 in the IRVK

Genesis 11 in the IRVM

Genesis 11 in the IRVM2

Genesis 11 in the IRVO

Genesis 11 in the IRVP

Genesis 11 in the IRVT

Genesis 11 in the IRVT2

Genesis 11 in the IRVU

Genesis 11 in the ISVN

Genesis 11 in the JSNT

Genesis 11 in the KAPI

Genesis 11 in the KBT1ETNIK

Genesis 11 in the KBV

Genesis 11 in the KJV

Genesis 11 in the KNFD

Genesis 11 in the LBA

Genesis 11 in the LBLA

Genesis 11 in the LNT

Genesis 11 in the LSV

Genesis 11 in the MAAL

Genesis 11 in the MBV

Genesis 11 in the MBV2

Genesis 11 in the MHNT

Genesis 11 in the MKNFD

Genesis 11 in the MNG

Genesis 11 in the MNT

Genesis 11 in the MNT2

Genesis 11 in the MRS1T

Genesis 11 in the NAA

Genesis 11 in the NASB

Genesis 11 in the NBLA

Genesis 11 in the NBS

Genesis 11 in the NBVTP

Genesis 11 in the NET2

Genesis 11 in the NIV11

Genesis 11 in the NNT

Genesis 11 in the NNT2

Genesis 11 in the NNT3

Genesis 11 in the PDDPT

Genesis 11 in the PFNT

Genesis 11 in the RMNT

Genesis 11 in the SBIAS

Genesis 11 in the SBIBS

Genesis 11 in the SBIBS2

Genesis 11 in the SBICS

Genesis 11 in the SBIDS

Genesis 11 in the SBIGS

Genesis 11 in the SBIHS

Genesis 11 in the SBIIS

Genesis 11 in the SBIIS2

Genesis 11 in the SBIIS3

Genesis 11 in the SBIKS

Genesis 11 in the SBIKS2

Genesis 11 in the SBIMS

Genesis 11 in the SBIOS

Genesis 11 in the SBIPS

Genesis 11 in the SBISS

Genesis 11 in the SBITS

Genesis 11 in the SBITS2

Genesis 11 in the SBITS3

Genesis 11 in the SBITS4

Genesis 11 in the SBIUS

Genesis 11 in the SBIVS

Genesis 11 in the SBT

Genesis 11 in the SBT1E

Genesis 11 in the SCHL

Genesis 11 in the SNT

Genesis 11 in the SUSU

Genesis 11 in the SUSU2

Genesis 11 in the SYNO

Genesis 11 in the TBIAOTANT

Genesis 11 in the TBT1E

Genesis 11 in the TBT1E2

Genesis 11 in the TFTIP

Genesis 11 in the TFTU

Genesis 11 in the TGNTATF3T

Genesis 11 in the THAI

Genesis 11 in the TNFD

Genesis 11 in the TNT

Genesis 11 in the TNTIK

Genesis 11 in the TNTIL

Genesis 11 in the TNTIN

Genesis 11 in the TNTIP

Genesis 11 in the TNTIZ

Genesis 11 in the TOMA

Genesis 11 in the TTENT

Genesis 11 in the UBG

Genesis 11 in the UGV

Genesis 11 in the UGV2

Genesis 11 in the UGV3

Genesis 11 in the VBL

Genesis 11 in the VDCC

Genesis 11 in the YALU

Genesis 11 in the YAPE

Genesis 11 in the YBVTP

Genesis 11 in the ZBP