Hebrews 3 (BOATCB)
1 Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho. 2 Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no. 3 Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa. 4 Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5 Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6 Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ. 7 Enti Honhom Kronkron no ka sɛ,“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, 8 monnyɛ asoɔdente sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no. 9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ,nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu. 10 Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ,‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,na wɔanhunu mʼakwan.’ 11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ” 12 Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. 13 Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. 15 Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,monnyɛ asoɔdente sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.” 16 Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no. 18 Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19 Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.
In Other Versions
Hebrews 3 in the ANGEFD
Hebrews 3 in the ANTPNG2D
Hebrews 3 in the AS21
Hebrews 3 in the BAGH
Hebrews 3 in the BBPNG
Hebrews 3 in the BBT1E
Hebrews 3 in the BDS
Hebrews 3 in the BEV
Hebrews 3 in the BHAD
Hebrews 3 in the BIB
Hebrews 3 in the BLPT
Hebrews 3 in the BNT
Hebrews 3 in the BNTABOOT
Hebrews 3 in the BNTLV
Hebrews 3 in the BOATCB2
Hebrews 3 in the BOBCV
Hebrews 3 in the BOCNT
Hebrews 3 in the BOECS
Hebrews 3 in the BOGWICC
Hebrews 3 in the BOHCB
Hebrews 3 in the BOHCV
Hebrews 3 in the BOHLNT
Hebrews 3 in the BOHNTLTAL
Hebrews 3 in the BOICB
Hebrews 3 in the BOILNTAP
Hebrews 3 in the BOITCV
Hebrews 3 in the BOKCV
Hebrews 3 in the BOKCV2
Hebrews 3 in the BOKHWOG
Hebrews 3 in the BOKSSV
Hebrews 3 in the BOLCB
Hebrews 3 in the BOLCB2
Hebrews 3 in the BOMCV
Hebrews 3 in the BONAV
Hebrews 3 in the BONCB
Hebrews 3 in the BONLT
Hebrews 3 in the BONUT2
Hebrews 3 in the BOPLNT
Hebrews 3 in the BOSCB
Hebrews 3 in the BOSNC
Hebrews 3 in the BOTLNT
Hebrews 3 in the BOVCB
Hebrews 3 in the BOYCB
Hebrews 3 in the BPBB
Hebrews 3 in the BPH
Hebrews 3 in the BSB
Hebrews 3 in the CCB
Hebrews 3 in the CUV
Hebrews 3 in the CUVS
Hebrews 3 in the DBT
Hebrews 3 in the DGDNT
Hebrews 3 in the DHNT
Hebrews 3 in the DNT
Hebrews 3 in the ELBE
Hebrews 3 in the EMTV
Hebrews 3 in the ESV
Hebrews 3 in the FBV
Hebrews 3 in the FEB
Hebrews 3 in the GGMNT
Hebrews 3 in the GNT
Hebrews 3 in the HARY
Hebrews 3 in the HNT
Hebrews 3 in the IRVA
Hebrews 3 in the IRVB
Hebrews 3 in the IRVG
Hebrews 3 in the IRVH
Hebrews 3 in the IRVK
Hebrews 3 in the IRVM
Hebrews 3 in the IRVM2
Hebrews 3 in the IRVO
Hebrews 3 in the IRVP
Hebrews 3 in the IRVT
Hebrews 3 in the IRVT2
Hebrews 3 in the IRVU
Hebrews 3 in the ISVN
Hebrews 3 in the JSNT
Hebrews 3 in the KAPI
Hebrews 3 in the KBT1ETNIK
Hebrews 3 in the KBV
Hebrews 3 in the KJV
Hebrews 3 in the KNFD
Hebrews 3 in the LBA
Hebrews 3 in the LBLA
Hebrews 3 in the LNT
Hebrews 3 in the LSV
Hebrews 3 in the MAAL
Hebrews 3 in the MBV
Hebrews 3 in the MBV2
Hebrews 3 in the MHNT
Hebrews 3 in the MKNFD
Hebrews 3 in the MNG
Hebrews 3 in the MNT
Hebrews 3 in the MNT2
Hebrews 3 in the MRS1T
Hebrews 3 in the NAA
Hebrews 3 in the NASB
Hebrews 3 in the NBLA
Hebrews 3 in the NBS
Hebrews 3 in the NBVTP
Hebrews 3 in the NET2
Hebrews 3 in the NIV11
Hebrews 3 in the NNT
Hebrews 3 in the NNT2
Hebrews 3 in the NNT3
Hebrews 3 in the PDDPT
Hebrews 3 in the PFNT
Hebrews 3 in the RMNT
Hebrews 3 in the SBIAS
Hebrews 3 in the SBIBS
Hebrews 3 in the SBIBS2
Hebrews 3 in the SBICS
Hebrews 3 in the SBIDS
Hebrews 3 in the SBIGS
Hebrews 3 in the SBIHS
Hebrews 3 in the SBIIS
Hebrews 3 in the SBIIS2
Hebrews 3 in the SBIIS3
Hebrews 3 in the SBIKS
Hebrews 3 in the SBIKS2
Hebrews 3 in the SBIMS
Hebrews 3 in the SBIOS
Hebrews 3 in the SBIPS
Hebrews 3 in the SBISS
Hebrews 3 in the SBITS
Hebrews 3 in the SBITS2
Hebrews 3 in the SBITS3
Hebrews 3 in the SBITS4
Hebrews 3 in the SBIUS
Hebrews 3 in the SBIVS
Hebrews 3 in the SBT
Hebrews 3 in the SBT1E
Hebrews 3 in the SCHL
Hebrews 3 in the SNT
Hebrews 3 in the SUSU
Hebrews 3 in the SUSU2
Hebrews 3 in the SYNO
Hebrews 3 in the TBIAOTANT
Hebrews 3 in the TBT1E
Hebrews 3 in the TBT1E2
Hebrews 3 in the TFTIP
Hebrews 3 in the TFTU
Hebrews 3 in the TGNTATF3T
Hebrews 3 in the THAI
Hebrews 3 in the TNFD
Hebrews 3 in the TNT
Hebrews 3 in the TNTIK
Hebrews 3 in the TNTIL
Hebrews 3 in the TNTIN
Hebrews 3 in the TNTIP
Hebrews 3 in the TNTIZ
Hebrews 3 in the TOMA
Hebrews 3 in the TTENT
Hebrews 3 in the UBG
Hebrews 3 in the UGV
Hebrews 3 in the UGV2
Hebrews 3 in the UGV3
Hebrews 3 in the VBL
Hebrews 3 in the VDCC
Hebrews 3 in the YALU
Hebrews 3 in the YAPE
Hebrews 3 in the YBVTP
Hebrews 3 in the ZBP