Isaiah 19 (BOATCB)
1 Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:Monhwɛ! AWURADE nam ahoɔherɛ omununkum muna ɔreba Misraim.Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu. 2 “Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,onua bɛko atia onua,ɔyɔnko atia ɔyɔnko,kuropɔn atia kuropɔn,ahennie atia ahennie. 3 Misraimfoɔ no renya abodwo,na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn. 4 Mede Misraim bɛhyɛowura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,”sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie. 5 Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee. 6 Nsuka bɛyi hwa;na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.Demmire ne ɛserɛ bɛdwan, 7 Nil nsunoa nnua nso,deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.Nil nsunoa so mfuo nyinaabɛwo wesee na awu koraa. 8 Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no sobɛdi awerɛhoɔ. 9 Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa. 10 Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔna wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto. 11 Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,tete ahemfo no kyidifoɔ?” 12 Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei?Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunudeɛ Asafo AWURADEahyehyɛ atia Misraim. 13 Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔne nnipa no ntuanofoɔama Misraim afom ɛkwan. 14 AWURADE ahwieanisobirie honhom agu wɔn mu;wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho. 15 Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire. 16 Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo AWURADE nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo AWURADE rehyehyɛ atia wɔn enti. 18 Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo AWURADE ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn. 19 Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama AWURADE, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama AWURADE. 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo AWURADE wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ AWURADE a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn. 21 Enti AWURADE bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu AWURADE. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ AWURADE bɔ, na wɔadi so. 22 AWURADE de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ AWURADE nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ. 23 Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. 24 Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so. 25 Na Asafo AWURADE bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”
In Other Versions
Isaiah 19 in the ANGEFD
Isaiah 19 in the ANTPNG2D
Isaiah 19 in the AS21
Isaiah 19 in the BAGH
Isaiah 19 in the BBPNG
Isaiah 19 in the BBT1E
Isaiah 19 in the BDS
Isaiah 19 in the BEV
Isaiah 19 in the BHAD
Isaiah 19 in the BIB
Isaiah 19 in the BLPT
Isaiah 19 in the BNT
Isaiah 19 in the BNTABOOT
Isaiah 19 in the BNTLV
Isaiah 19 in the BOATCB2
Isaiah 19 in the BOBCV
Isaiah 19 in the BOCNT
Isaiah 19 in the BOECS
Isaiah 19 in the BOGWICC
Isaiah 19 in the BOHCB
Isaiah 19 in the BOHCV
Isaiah 19 in the BOHLNT
Isaiah 19 in the BOHNTLTAL
Isaiah 19 in the BOICB
Isaiah 19 in the BOILNTAP
Isaiah 19 in the BOITCV
Isaiah 19 in the BOKCV
Isaiah 19 in the BOKCV2
Isaiah 19 in the BOKHWOG
Isaiah 19 in the BOKSSV
Isaiah 19 in the BOLCB
Isaiah 19 in the BOLCB2
Isaiah 19 in the BOMCV
Isaiah 19 in the BONAV
Isaiah 19 in the BONCB
Isaiah 19 in the BONLT
Isaiah 19 in the BONUT2
Isaiah 19 in the BOPLNT
Isaiah 19 in the BOSCB
Isaiah 19 in the BOSNC
Isaiah 19 in the BOTLNT
Isaiah 19 in the BOVCB
Isaiah 19 in the BOYCB
Isaiah 19 in the BPBB
Isaiah 19 in the BPH
Isaiah 19 in the BSB
Isaiah 19 in the CCB
Isaiah 19 in the CUV
Isaiah 19 in the CUVS
Isaiah 19 in the DBT
Isaiah 19 in the DGDNT
Isaiah 19 in the DHNT
Isaiah 19 in the DNT
Isaiah 19 in the ELBE
Isaiah 19 in the EMTV
Isaiah 19 in the ESV
Isaiah 19 in the FBV
Isaiah 19 in the FEB
Isaiah 19 in the GGMNT
Isaiah 19 in the GNT
Isaiah 19 in the HARY
Isaiah 19 in the HNT
Isaiah 19 in the IRVA
Isaiah 19 in the IRVB
Isaiah 19 in the IRVG
Isaiah 19 in the IRVH
Isaiah 19 in the IRVK
Isaiah 19 in the IRVM
Isaiah 19 in the IRVM2
Isaiah 19 in the IRVO
Isaiah 19 in the IRVP
Isaiah 19 in the IRVT
Isaiah 19 in the IRVT2
Isaiah 19 in the IRVU
Isaiah 19 in the ISVN
Isaiah 19 in the JSNT
Isaiah 19 in the KAPI
Isaiah 19 in the KBT1ETNIK
Isaiah 19 in the KBV
Isaiah 19 in the KJV
Isaiah 19 in the KNFD
Isaiah 19 in the LBA
Isaiah 19 in the LBLA
Isaiah 19 in the LNT
Isaiah 19 in the LSV
Isaiah 19 in the MAAL
Isaiah 19 in the MBV
Isaiah 19 in the MBV2
Isaiah 19 in the MHNT
Isaiah 19 in the MKNFD
Isaiah 19 in the MNG
Isaiah 19 in the MNT
Isaiah 19 in the MNT2
Isaiah 19 in the MRS1T
Isaiah 19 in the NAA
Isaiah 19 in the NASB
Isaiah 19 in the NBLA
Isaiah 19 in the NBS
Isaiah 19 in the NBVTP
Isaiah 19 in the NET2
Isaiah 19 in the NIV11
Isaiah 19 in the NNT
Isaiah 19 in the NNT2
Isaiah 19 in the NNT3
Isaiah 19 in the PDDPT
Isaiah 19 in the PFNT
Isaiah 19 in the RMNT
Isaiah 19 in the SBIAS
Isaiah 19 in the SBIBS
Isaiah 19 in the SBIBS2
Isaiah 19 in the SBICS
Isaiah 19 in the SBIDS
Isaiah 19 in the SBIGS
Isaiah 19 in the SBIHS
Isaiah 19 in the SBIIS
Isaiah 19 in the SBIIS2
Isaiah 19 in the SBIIS3
Isaiah 19 in the SBIKS
Isaiah 19 in the SBIKS2
Isaiah 19 in the SBIMS
Isaiah 19 in the SBIOS
Isaiah 19 in the SBIPS
Isaiah 19 in the SBISS
Isaiah 19 in the SBITS
Isaiah 19 in the SBITS2
Isaiah 19 in the SBITS3
Isaiah 19 in the SBITS4
Isaiah 19 in the SBIUS
Isaiah 19 in the SBIVS
Isaiah 19 in the SBT
Isaiah 19 in the SBT1E
Isaiah 19 in the SCHL
Isaiah 19 in the SNT
Isaiah 19 in the SUSU
Isaiah 19 in the SUSU2
Isaiah 19 in the SYNO
Isaiah 19 in the TBIAOTANT
Isaiah 19 in the TBT1E
Isaiah 19 in the TBT1E2
Isaiah 19 in the TFTIP
Isaiah 19 in the TFTU
Isaiah 19 in the TGNTATF3T
Isaiah 19 in the THAI
Isaiah 19 in the TNFD
Isaiah 19 in the TNT
Isaiah 19 in the TNTIK
Isaiah 19 in the TNTIL
Isaiah 19 in the TNTIN
Isaiah 19 in the TNTIP
Isaiah 19 in the TNTIZ
Isaiah 19 in the TOMA
Isaiah 19 in the TTENT
Isaiah 19 in the UBG
Isaiah 19 in the UGV
Isaiah 19 in the UGV2
Isaiah 19 in the UGV3
Isaiah 19 in the VBL
Isaiah 19 in the VDCC
Isaiah 19 in the YALU
Isaiah 19 in the YAPE
Isaiah 19 in the YBVTP
Isaiah 19 in the ZBP