Isaiah 44 (BOATCB)

1 “Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ,Israel, deɛ mapa no. 2 Sei na AWURADE seɛ,deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,ɔno na ɔbɛboa wo:Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ,Yeshurun, a mapa noɔ. 3 Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,ne asutene wɔ asase kesee so;mɛhwie me Honhom agu wo mma so,ne me nhyira agu wʼasefoɔ so. 4 Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea,te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho. 5 Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ AWURADE dea’;ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob;bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘AWURADE dea,’na wafa edin Israel. 6 “Sei na AWURADEIsraelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo AWURADE seɛ:Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ;Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me. 7 Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanimdeɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ,ne deɛ ɛrebɛba,aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm. 8 Mommma mo ho mpopo, monnsuro.Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa?Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa?Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.” 9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee. 10 Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,a ne ho mma no mfasoɔ biara? 11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase;adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa.Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn. 12 Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛɔde hyehyɛ egyasramma mu;ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni,ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ;ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ;ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha. 13 Duadwumfoɔ de ahoma susuna ɔde twerɛdua sensane;na ɔde fitiɛ yiyi hoafei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ.Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu,sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu. 14 Ɔtwitwaa ntweneduro,anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum.Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu,anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ. 15 Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya;ɔde ebi ka ne ho hye,ɔde bi sɔ ogya to burodo.Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no;ɔyɛ ohoni na ɔkoto no. 16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;ɛso na ɔnoa nʼaduane,ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ,Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye. 17 Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi;ɔkoto no na ɔsɔre no.Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ,“Gye me; wone me nyame.” 18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase. 19 Obiara nna nnwene ho,obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ,“Mede ɛfa sɔɔ ogya;na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so;metotoo nam wɔ so weeɛ.Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa?Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?” 20 Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ,“Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?” 21 “Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob,ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel.Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ;Ao Israel, me werɛ remfiri wo. 22 Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo.Sane bra me nkyɛn,ɛfiri sɛ magye wo.” 23 Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro,na AWURADE na wayɛ yei.Mommɔ ose, Ao, asase ase.Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ,mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa,na AWURADE agye Yakob,wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel. 24 “Sei na AWURADE seɛ,wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene AWURADE,deɛ wayɛ nneɛma nyinaa,deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mudeɛ ɔno nko ara twee asase mu, 25 deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛna ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guona ɔdane no nkwaseasɛm, 26 deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mudeɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’ 27 deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We,na mɛma wo asutene awewe,’ 28 deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔna ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ;ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,”na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”

In Other Versions

Isaiah 44 in the ANGEFD

Isaiah 44 in the ANTPNG2D

Isaiah 44 in the AS21

Isaiah 44 in the BAGH

Isaiah 44 in the BBPNG

Isaiah 44 in the BBT1E

Isaiah 44 in the BDS

Isaiah 44 in the BEV

Isaiah 44 in the BHAD

Isaiah 44 in the BIB

Isaiah 44 in the BLPT

Isaiah 44 in the BNT

Isaiah 44 in the BNTABOOT

Isaiah 44 in the BNTLV

Isaiah 44 in the BOATCB2

Isaiah 44 in the BOBCV

Isaiah 44 in the BOCNT

Isaiah 44 in the BOECS

Isaiah 44 in the BOGWICC

Isaiah 44 in the BOHCB

Isaiah 44 in the BOHCV

Isaiah 44 in the BOHLNT

Isaiah 44 in the BOHNTLTAL

Isaiah 44 in the BOICB

Isaiah 44 in the BOILNTAP

Isaiah 44 in the BOITCV

Isaiah 44 in the BOKCV

Isaiah 44 in the BOKCV2

Isaiah 44 in the BOKHWOG

Isaiah 44 in the BOKSSV

Isaiah 44 in the BOLCB

Isaiah 44 in the BOLCB2

Isaiah 44 in the BOMCV

Isaiah 44 in the BONAV

Isaiah 44 in the BONCB

Isaiah 44 in the BONLT

Isaiah 44 in the BONUT2

Isaiah 44 in the BOPLNT

Isaiah 44 in the BOSCB

Isaiah 44 in the BOSNC

Isaiah 44 in the BOTLNT

Isaiah 44 in the BOVCB

Isaiah 44 in the BOYCB

Isaiah 44 in the BPBB

Isaiah 44 in the BPH

Isaiah 44 in the BSB

Isaiah 44 in the CCB

Isaiah 44 in the CUV

Isaiah 44 in the CUVS

Isaiah 44 in the DBT

Isaiah 44 in the DGDNT

Isaiah 44 in the DHNT

Isaiah 44 in the DNT

Isaiah 44 in the ELBE

Isaiah 44 in the EMTV

Isaiah 44 in the ESV

Isaiah 44 in the FBV

Isaiah 44 in the FEB

Isaiah 44 in the GGMNT

Isaiah 44 in the GNT

Isaiah 44 in the HARY

Isaiah 44 in the HNT

Isaiah 44 in the IRVA

Isaiah 44 in the IRVB

Isaiah 44 in the IRVG

Isaiah 44 in the IRVH

Isaiah 44 in the IRVK

Isaiah 44 in the IRVM

Isaiah 44 in the IRVM2

Isaiah 44 in the IRVO

Isaiah 44 in the IRVP

Isaiah 44 in the IRVT

Isaiah 44 in the IRVT2

Isaiah 44 in the IRVU

Isaiah 44 in the ISVN

Isaiah 44 in the JSNT

Isaiah 44 in the KAPI

Isaiah 44 in the KBT1ETNIK

Isaiah 44 in the KBV

Isaiah 44 in the KJV

Isaiah 44 in the KNFD

Isaiah 44 in the LBA

Isaiah 44 in the LBLA

Isaiah 44 in the LNT

Isaiah 44 in the LSV

Isaiah 44 in the MAAL

Isaiah 44 in the MBV

Isaiah 44 in the MBV2

Isaiah 44 in the MHNT

Isaiah 44 in the MKNFD

Isaiah 44 in the MNG

Isaiah 44 in the MNT

Isaiah 44 in the MNT2

Isaiah 44 in the MRS1T

Isaiah 44 in the NAA

Isaiah 44 in the NASB

Isaiah 44 in the NBLA

Isaiah 44 in the NBS

Isaiah 44 in the NBVTP

Isaiah 44 in the NET2

Isaiah 44 in the NIV11

Isaiah 44 in the NNT

Isaiah 44 in the NNT2

Isaiah 44 in the NNT3

Isaiah 44 in the PDDPT

Isaiah 44 in the PFNT

Isaiah 44 in the RMNT

Isaiah 44 in the SBIAS

Isaiah 44 in the SBIBS

Isaiah 44 in the SBIBS2

Isaiah 44 in the SBICS

Isaiah 44 in the SBIDS

Isaiah 44 in the SBIGS

Isaiah 44 in the SBIHS

Isaiah 44 in the SBIIS

Isaiah 44 in the SBIIS2

Isaiah 44 in the SBIIS3

Isaiah 44 in the SBIKS

Isaiah 44 in the SBIKS2

Isaiah 44 in the SBIMS

Isaiah 44 in the SBIOS

Isaiah 44 in the SBIPS

Isaiah 44 in the SBISS

Isaiah 44 in the SBITS

Isaiah 44 in the SBITS2

Isaiah 44 in the SBITS3

Isaiah 44 in the SBITS4

Isaiah 44 in the SBIUS

Isaiah 44 in the SBIVS

Isaiah 44 in the SBT

Isaiah 44 in the SBT1E

Isaiah 44 in the SCHL

Isaiah 44 in the SNT

Isaiah 44 in the SUSU

Isaiah 44 in the SUSU2

Isaiah 44 in the SYNO

Isaiah 44 in the TBIAOTANT

Isaiah 44 in the TBT1E

Isaiah 44 in the TBT1E2

Isaiah 44 in the TFTIP

Isaiah 44 in the TFTU

Isaiah 44 in the TGNTATF3T

Isaiah 44 in the THAI

Isaiah 44 in the TNFD

Isaiah 44 in the TNT

Isaiah 44 in the TNTIK

Isaiah 44 in the TNTIL

Isaiah 44 in the TNTIN

Isaiah 44 in the TNTIP

Isaiah 44 in the TNTIZ

Isaiah 44 in the TOMA

Isaiah 44 in the TTENT

Isaiah 44 in the UBG

Isaiah 44 in the UGV

Isaiah 44 in the UGV2

Isaiah 44 in the UGV3

Isaiah 44 in the VBL

Isaiah 44 in the VDCC

Isaiah 44 in the YALU

Isaiah 44 in the YAPE

Isaiah 44 in the YBVTP

Isaiah 44 in the ZBP