Isaiah 44 (BOATCB2)

1 “Na afei tie, Yakob me somfo,Israel, nea mapaw no. 2 Sɛɛ na AWURADE se,nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,ɔno na ɔbɛboa wo:Nsuro Yakob, me somfo,Yeshurun, a mapaw no. 3 Na mehwie nsu agu asase a awo no so,ne nsuten wɔ asase kesee so;mehwie me Honhom agu wo mma so,ne me nhyira agu wʼasefo so. 4 Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea,te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho. 5 Obi bɛka se, ‘Meyɛ AWURADE de’;ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob;afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘AWURADE de,’na wɔafa din Israel. 6 “Sɛɛ na AWURADEIsraelhene ne Ogyefo, Asafo AWURADE se:Mene odikanfo ne okyikafo;Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me. 7 Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanimnea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ,ne nea ɛrebɛba.Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm. 8 Mommma mo ho mpopo, munnsuro.Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana?Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana?Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.” 9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso.Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura;wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee. 10 Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni,a ne so mma no mfaso biara? 11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase;adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa.Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn. 12 Ɔtomfo fa nʼatonnadeɔde hyehyɛ nnyansramma mu;ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni,ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ;ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw;ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw. 13 Duadwumfo de hama susuwna ɔde kyerɛwdua sensan;na ɔde pɛe yiyi hoafei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae.Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu,sɛ wɔde besi abosonnan mu. 14 Otwitwaa sida,anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum.Ɔma enyinii wɔ kwae mu,anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii. 15 Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya;ɔde bi ka ne ho hyew,ɔde bi sɔ ogya to brodo.Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no;ɔyɛ ohoni na ɔkotow no. 16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;so na ɔnoa nʼaduan,ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se,Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew. 17 Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni;ɔkotow no na ɔsɔre no.Ɔbɔ no mpae se,“Gye me; wo ne me nyame.” 18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade,wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase. 19 Obiara nna nnwen ho,obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se,“Mede fa sɔɔ ogya;na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so;metotoo nam wɔ so wee.Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana?Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?” 20 Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan;ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se,“Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?” 21 “Kae saa nneɛma yi, Yakob,efisɛ, woyɛ me somfo, Israel.Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo;Ao Israel, me werɛ remfi wo. 22 Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkumne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu.San bra me nkyɛn,efisɛ magye wo.” 23 Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro,na AWURADE na wayɛ eyi.Mommɔ ose, asase ase.Momma nnwonto so, mo mmepɔw,mo kwae ne emu nnua nyinaa,na AWURADE agye Yakob,wada nʼanuonyam adi wɔ Israel. 24 “Sɛɛ na AWURADE se,wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no: “Mene AWURADE,nea wayɛ nneɛma nyinaa,nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro munea ɔno nko ara twee asase mu, 25 nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnnena ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo,nea otutu anyansafo adenim guna ɔdan no nkwaseasɛm, 26 nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba munea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma, “nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’ 27 nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow,na mɛma wo nsuwa ayoyow,’ 28 nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfona obewie nea mepɛ nyinaa yɛ;ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,”na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”

In Other Versions

Isaiah 44 in the ANGEFD

Isaiah 44 in the ANTPNG2D

Isaiah 44 in the AS21

Isaiah 44 in the BAGH

Isaiah 44 in the BBPNG

Isaiah 44 in the BBT1E

Isaiah 44 in the BDS

Isaiah 44 in the BEV

Isaiah 44 in the BHAD

Isaiah 44 in the BIB

Isaiah 44 in the BLPT

Isaiah 44 in the BNT

Isaiah 44 in the BNTABOOT

Isaiah 44 in the BNTLV

Isaiah 44 in the BOATCB

Isaiah 44 in the BOBCV

Isaiah 44 in the BOCNT

Isaiah 44 in the BOECS

Isaiah 44 in the BOGWICC

Isaiah 44 in the BOHCB

Isaiah 44 in the BOHCV

Isaiah 44 in the BOHLNT

Isaiah 44 in the BOHNTLTAL

Isaiah 44 in the BOICB

Isaiah 44 in the BOILNTAP

Isaiah 44 in the BOITCV

Isaiah 44 in the BOKCV

Isaiah 44 in the BOKCV2

Isaiah 44 in the BOKHWOG

Isaiah 44 in the BOKSSV

Isaiah 44 in the BOLCB

Isaiah 44 in the BOLCB2

Isaiah 44 in the BOMCV

Isaiah 44 in the BONAV

Isaiah 44 in the BONCB

Isaiah 44 in the BONLT

Isaiah 44 in the BONUT2

Isaiah 44 in the BOPLNT

Isaiah 44 in the BOSCB

Isaiah 44 in the BOSNC

Isaiah 44 in the BOTLNT

Isaiah 44 in the BOVCB

Isaiah 44 in the BOYCB

Isaiah 44 in the BPBB

Isaiah 44 in the BPH

Isaiah 44 in the BSB

Isaiah 44 in the CCB

Isaiah 44 in the CUV

Isaiah 44 in the CUVS

Isaiah 44 in the DBT

Isaiah 44 in the DGDNT

Isaiah 44 in the DHNT

Isaiah 44 in the DNT

Isaiah 44 in the ELBE

Isaiah 44 in the EMTV

Isaiah 44 in the ESV

Isaiah 44 in the FBV

Isaiah 44 in the FEB

Isaiah 44 in the GGMNT

Isaiah 44 in the GNT

Isaiah 44 in the HARY

Isaiah 44 in the HNT

Isaiah 44 in the IRVA

Isaiah 44 in the IRVB

Isaiah 44 in the IRVG

Isaiah 44 in the IRVH

Isaiah 44 in the IRVK

Isaiah 44 in the IRVM

Isaiah 44 in the IRVM2

Isaiah 44 in the IRVO

Isaiah 44 in the IRVP

Isaiah 44 in the IRVT

Isaiah 44 in the IRVT2

Isaiah 44 in the IRVU

Isaiah 44 in the ISVN

Isaiah 44 in the JSNT

Isaiah 44 in the KAPI

Isaiah 44 in the KBT1ETNIK

Isaiah 44 in the KBV

Isaiah 44 in the KJV

Isaiah 44 in the KNFD

Isaiah 44 in the LBA

Isaiah 44 in the LBLA

Isaiah 44 in the LNT

Isaiah 44 in the LSV

Isaiah 44 in the MAAL

Isaiah 44 in the MBV

Isaiah 44 in the MBV2

Isaiah 44 in the MHNT

Isaiah 44 in the MKNFD

Isaiah 44 in the MNG

Isaiah 44 in the MNT

Isaiah 44 in the MNT2

Isaiah 44 in the MRS1T

Isaiah 44 in the NAA

Isaiah 44 in the NASB

Isaiah 44 in the NBLA

Isaiah 44 in the NBS

Isaiah 44 in the NBVTP

Isaiah 44 in the NET2

Isaiah 44 in the NIV11

Isaiah 44 in the NNT

Isaiah 44 in the NNT2

Isaiah 44 in the NNT3

Isaiah 44 in the PDDPT

Isaiah 44 in the PFNT

Isaiah 44 in the RMNT

Isaiah 44 in the SBIAS

Isaiah 44 in the SBIBS

Isaiah 44 in the SBIBS2

Isaiah 44 in the SBICS

Isaiah 44 in the SBIDS

Isaiah 44 in the SBIGS

Isaiah 44 in the SBIHS

Isaiah 44 in the SBIIS

Isaiah 44 in the SBIIS2

Isaiah 44 in the SBIIS3

Isaiah 44 in the SBIKS

Isaiah 44 in the SBIKS2

Isaiah 44 in the SBIMS

Isaiah 44 in the SBIOS

Isaiah 44 in the SBIPS

Isaiah 44 in the SBISS

Isaiah 44 in the SBITS

Isaiah 44 in the SBITS2

Isaiah 44 in the SBITS3

Isaiah 44 in the SBITS4

Isaiah 44 in the SBIUS

Isaiah 44 in the SBIVS

Isaiah 44 in the SBT

Isaiah 44 in the SBT1E

Isaiah 44 in the SCHL

Isaiah 44 in the SNT

Isaiah 44 in the SUSU

Isaiah 44 in the SUSU2

Isaiah 44 in the SYNO

Isaiah 44 in the TBIAOTANT

Isaiah 44 in the TBT1E

Isaiah 44 in the TBT1E2

Isaiah 44 in the TFTIP

Isaiah 44 in the TFTU

Isaiah 44 in the TGNTATF3T

Isaiah 44 in the THAI

Isaiah 44 in the TNFD

Isaiah 44 in the TNT

Isaiah 44 in the TNTIK

Isaiah 44 in the TNTIL

Isaiah 44 in the TNTIN

Isaiah 44 in the TNTIP

Isaiah 44 in the TNTIZ

Isaiah 44 in the TOMA

Isaiah 44 in the TTENT

Isaiah 44 in the UBG

Isaiah 44 in the UGV

Isaiah 44 in the UGV2

Isaiah 44 in the UGV3

Isaiah 44 in the VBL

Isaiah 44 in the VDCC

Isaiah 44 in the YALU

Isaiah 44 in the YAPE

Isaiah 44 in the YBVTP

Isaiah 44 in the ZBP